Kɔ emu nsɛm afã hɔ

OCTOBER 29, 2018
FRANCE

Nsu Ayiri Wɔ France Anafo Fam

Nsu Ayiri Wɔ France Anafo Fam

October 14 ne 15, 2018 no, osubran bi tɔe wɔ France anafo fam. Wei nti nsu yirii pa ara ma ekunkum nnipa bɛyɛ 10.

France Betel bɔɔ amanneɛ sɛ, yɛn nuanom a wɔtete mmeae a nsu yiri fae no, wɔmaa wɔn nyinaa tu fii wɔn afie, nanso wɔn mu biara anhwere ne nkwa. Adansefo dodow no ara afie ho kae kakra nanso afie mmiɛnsa de, ɛsɛee pa ara. Dwumadibea a Wɔde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu a ɛwɔ Betel no reboa anuanom ma wɔn nsa aka nea wohia.

Yɛwɔ ahotoso sɛ, yɛn nuanom a wɔkɔ so de wɔn ho to yɛn Nyankopɔn Yehowa so wɔ saa ahohia bere yi mu no, ɔde ne nsa a emu yɛ den no ‘bekura wɔn mu denneennen.’—Dwom 63:8.