Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu

Bible mu nsɛm a nkurɔfo pii nim no, wubenya emu nkyerɛkyerɛmu a edi mu wɔ ha. Wofa emu biara na wokan na wohwɛ ɛho nsɛm foforo a, wubehu nea enti a wɔkyerɛwee. Wubenya ase hɔ nsɛm ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho a ɛbɛboa wo ama woanya emu ntease a ɛkɔ akyiri.

Genesis 1:1 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mfiase No Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase”

Nokwasɛm mmienu a ɛho hia paa bɛn na Bible mu asɛm a edi kan yi ka ho asɛm?

Exodus 20:12 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

Bɔhyɛ a Onyankopɔn de kaa saa mmara no ho nti, na ɛbɛma nkurɔfo ayere wɔn ho adi so.

Yosua 1:9 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”

Sɛ worefa ɔhaw akɛse mu anaa nneɛma bi rehunahuna wo a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woanya akokoduru na wo ho ayɛ den?

Dwom 23:4 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Menam Esum Kabii Bon No Mu A”

Sɛ nneɛma mu yɛ den ma Onyankopɔn asomfo na wogye wɔn ho a ennye a, dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ odwen wɔn ho?

Dwom 37:4 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Ma W’ani Nka Awurade Ho”

Sɛn na dwom yi boa yɛn ma yenya nyansa a yɛde bɛbɔ bra, na ama Onyankopɔn agye yɛn atom?

Dwom 46:10 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Monyɛ Komm Na Munhu Sɛ Mene Nyankopɔn”

Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, wokɔ asɔre a yɛ dinn anaa?

Mmebusɛm 3:5, 6 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”

Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ womfa wo ho nto wo ho so, na mmom wode wo ho to Onyankopɔn so?

Yesaia 40:31 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Wɔn a Wɔn Ani Da Yehowa So No Bɛsan Anya Ahoɔden”

Adɛn na Bible de onipa a onya ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ no toto ɔkɔre a ɔnam wim ho?

Yesaia 41:10 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Nsuro, Na Me Ne Wo Wɔ Hɔ”

Yehowa kaa asɛm koro no ara wɔ akwan mmiɛnsa so. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ, nsu mu oo, awia mu oo, ɔbɛboa n’asomfo anokwafo.

Yesaia 42:8 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mene Awurade”

Edin bɛn na Onyankopɔn de too ne ho?

Mika 6:8 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—‘Fa Ahobrɛase Ne Wo Nyankopɔn Nnantew’

Kyerɛwsɛm yi ma yehu nneɛma mmiɛnsa bi a Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ.

Mateo 6:33 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—‘Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan’

Yesu asɛm no kyerɛ sɛ enhia sɛ Kristofo yɛ adwuma hwɛ wɔn ho anaa?

Mateo 6:34—“Munnnwinnwen Ɔkyena Ho”

Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛtoto nneɛma ma daakye.

Mateo 11:28-30 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ahome”

Nea na Yesu reka ne sɛ ɔbɛma n’atiefo haw nyinaa atu ayera prɛko pɛ anaa?

Marko 1:15 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Onyankopɔn Ahenni No Abɛn”

Nea Yesu kae no, na ɔrekyerɛ sɛ Ahenni no afi ase redi tumi anaa?

Yohane 1:1 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mfiase No, Na Asɛm No Wɔ Hɔ”

Kyerɛwsɛm yi ma yehu onii kõ a na Yesu Kristo yɛ ansa na wɔrewo no aba asaase so.

Yohane 3:16 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Sɛnea Onyankopɔn Dɔ Wiase Ni”

Dɛn na Yehowa Nyankopɔn yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn mu biara na ɔpɛ sɛ yɛtena ase daa?

Yohane 14:6 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Mene Kwan Ne Nokware Ne Nkwa”

Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom Yehowa a, dwuma titiriw a Yesu di no, ɛsɛ sɛ ogye tom. Adɛn ntia?

Yohane 16:33 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Me Na Madi Wiase So Nkonim”

Dɛn na ɛwɔ Yesu nsɛm no mu a ɛma n’akyidifo nya awerɛhyem sɛ wobetumi akɔ so ayɛ nea Onyankopɔn pɛ?

Romafo 5:8 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Yɛda So Yɛ Nnebɔneyɛfo No, Kristo Wu Maa Yɛn”

Nnipa yɛ abɔnefo, enti sɛnea yedwen nneɛma ho, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ne Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛno na ɛyɛ papa no nhyia. Yɛbɛyɛ dɛn ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama nnɛ, na daakye nso, yɛatumi atena ase daa?

Romafo 10:13 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Ɔbɛbɔ Awurade Din No”

Onyankopɔn ama nnipa nyinaa akwannya sɛ wobetumi anya nkwa na wɔatena ase daa. Sɛ wufi ɔman bɛn so oo, woyɛ oburoni oo, woyɛ bibini oo, woyɛ sikani oo, woyɛ ohiani oo, saa akwannya no wɔ hɔ ma wo.

Romafo 15:13—‘Anidaso Nyankopɔn No Mfa Anigye Ne Asomdwoe Nhyɛ Mo Ma’

Ɔkwan bɛn so na anidaso ne honhom kronkron ma yetumi nya anigye ne asomdwoe?

Filipifo 4:6, 7 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Monnna Nnnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho”

Mpae ahorow ahorow bɛn na Onyankopɔn asomfo betumi abɔ na nneɛma anhyɛ wɔn so, na mmom wɔn asom adwo wɔn?

Filipifo 4:13 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Ahoɔden a Kristo De Ma Me No Nti Mitumi Gyina Tebea Biara Ano”

Bere a Paul kyerɛw sɛ onya ahoɔden wɔ “biribiara mu” no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

2 Timoteo 1:7 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Onyankopɔn Amma Yɛn Ehu Honhom”

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn betumi aboa obi ama wadi ehu so na ɔde akokoduru ayɛ nea ɛteɛ?

Hebrifo 11:1 a Wɔakyerɛkyerɛ Mu—“Gyidi Ne Ade a Yɛn Ani Da So Ho Ahotoso”

Sɛ obi wɔ gyidi amapa a, ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛho hia?