Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Romafo 12:2—“Momfa Adwenem Foforoyɛ Nsakra Mo Ho”

Romafo 12:2—“Momfa Adwenem Foforoyɛ Nsakra Mo Ho”

 “Munnyae sɛ moma wiase yi kyerɛ mo kwan; mmom monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.”—Romafo 12:2, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:2, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Romafo 12:2 Kyerɛ

 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, biribiara a ebetumi ama wɔayɛ bɔne no, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara; ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn suban nso. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ wɔn ma wɔsesa wɔn suban; mmom ɔdɔ a wɔdɔ no nti na wɔyɛ saa. Wohu sɛ Onyankopɔn renka sɛ wɔnyɛ biribi a ɛboro wɔn so, na sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, wonya so mfaso.—Yesaia 48:17.

 “Munnyae sɛ moma wiase yi kyerɛ mo kwan.” “Wiase,” kyerɛ sɛ, nnipa nhyehyɛe, wɔn nneyɛe ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra no ne Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’adwene nhyia. (1 Yohane 2:15-17) Wiase no hyɛ nkurɔfo so daa, na ɛkyerɛ wɔn kwan anaasɛ ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ ne sɛnea wɔmmɔ wɔn bra. Sɛ obi som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛnsɛ sɛ ɔma kwan ma wiase no hyɛ ne so, anyɛ saa a obenya suban bi a Onyankopɔn ani nnye ho, na ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw abrɛ no.—Efesofo 2:1-3; 4:17-19.

 “Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo.” Ade baako nso ne sɛ, nneɛma a obi dwen ho ne sɛnea ɔte nka wɔ ne komam no, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho sesa no. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘monyɛ mo ho foforo no’ ma yehu baabi a ɛsɛ sɛ onii no yɛ nsakrae no kodu. Asɛmfua no kyerɛ sɛnea ɔsã sesa bɛyɛ afofantɔ no. Wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ suban foforo.’—Efesofo 4:23, 24; Kolosefo 3:9, 10.

 “Sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.” Wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, ɔpɛ sɛ wɔn adwene si wɔn pi wɔ nneɛma a wogye di no ho. Nea ɛbɛboa wɔn ama wɔayɛ saa ne sɛ wobesua Onyankopɔn Asɛm, wɔde nea ɛka no bɛbɔ wɔn bra, na aboa wɔn ama wɔahu mfaso a ɛwɔ so sɛ obi de Onyankopɔn akwankyerɛ bɛyɛ adwuma. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔahu ampa sɛ Onyankopɔn akwankyerɛ na ɛyɛ papa.—Dwom 34:8.

Romafo 12:2 Ho Nsɛm

 Romafo ti 12 kyerɛ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama ne som asɔ Onyankopɔn ani. Sɛ obi som Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ ɔma ɛka biribiara a ɔyɛ. Afei nso, ɛnyɛ sɛ biribiara a na wagye adi, anaa sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho na ɔhwɛ ho som Nyankopɔn. Mmom ɛsɛ sɛ otumi de ‘n’adwene yɛ adwuma.’ (Romafo 12:1, 3) Romafo ti 12 no ma yɛn afotu a ɛbɛma yɛada suban papa adi, ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn yɔnko nnipa ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a obi ne yɛn anni no yiye.—Romafo 12:9-21.