Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Filipifo 4:6, 7—“Monnna Nnnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho”

Filipifo 4:6, 7—“Monnna Nnnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho”

 “Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.”—Filipifo 4:6, 7, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Filipifo 4:6, 7 Kyerɛ

 Wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, sɛ nneɛma hyɛ wɔn so na wɔbɔ no mpae a, ebetumi atew wɔn adwennwen so. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn asom adwo wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ɛreteetee wɔn no remmu mfa wɔn so. Ɛba saa a, nea wodwen ho ne sɛnea wɔte nka no renhyɛ wɔn so. Nkyekyɛm 6 kyerɛ mpae ahorow ahorow a wobetumi abɔ ama wɔanya saa asomdwoe no.

 Nkotosrɛ yɛ mpaebɔ a obi fi ne komam su frɛ Onyankopɔn. Bere a obi betumi de nkotosrɛ akɔ Onyankopɔn anim ne bere a ɔwɔ ahoyeraw mu anaa ne nkwa da asiane mu. Saa na Yesu nso yɛe. (Hebrifo 5:7) Mpae a ɛte saa no, wɔtaa bɔ no mpɛn pii.

 Adesrɛ yɛ abisade pɔtee a yɛde to Onyankopɔn anim. Wɔn a wɔsom Onyankopɔn no betumi de wɔn adesrɛ ato n’anim wɔ “ade nyinaa mu,” anaa tebea biara mu. Nanso mpae a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ ɛne Onyankopɔn apɛde hyia, na n’apɛde no, yebehu wɔ Bible mu.—1 Yohane 5:14.

 Aseda mpaebɔ yɛ mpae a yɛbɔ Onyankopɔn ka kyerɛ no sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye. Nneɛma a enti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase no, sɛ yɛde yɛn adwene si so a, ɛboa yɛn ma yɛn ani gye bere nyinaa.—1 Tesalonikafo 5:16-18.

 Sɛ Onyankopɔn asomfo bɔ saa mpae ahorow yi a, ɔma wɔn asomdwoe. “Onyankopɔn asomdwoe” no yɛ akomatɔyam a obi nya esiane ayɔnkofa papa a ɔne Onyankopɔn wɔ no nti. (Romafo 15:13; Filipifo 4:9) Saa asomdwoe no, “ɛboro ntease nyinaa so” efisɛ Onyankopɔn hɔ na efi, na ebetumi aboa yɛn asen sɛnea yɛhwɛ kwan mpo.

 Bible mu asɛm yi ka sɛ Onyankopɔn asomdwoe tumi bɔ yɛn koma ho ban. Greek asɛm a wɔakyerɛ ase ‘bɔ ho ban’ no, wɔtaa de ka asraafo ho asɛm, na ɛkyerɛ nea na asraafo yɛ de wɛn kurow a wɔagye ho ban. Saa ara na Onyankopɔn asomdwoe nso te. Ɛbɔ obi ho ban na sɛnea ɔte nka ne nneɛma a odwen ho no anhyɛ ne so. Ɛboa no sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ɔrefa mu no remmu mfa ne so.

 Onyankopɔn asomdwoe no “nam Kristo Yesu so” bɔ yɛn ho ban, efisɛ sɛ yebetumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo a, gye sɛ yɛnam Yesu so. Yesu na yɛn bɔne nti ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre sɛ agyede. Sɛ yenya ne mu gyidi a, yebetumi anya Onyankopɔn nhyira. (Hebrifo 11:6) Afei nso, ɛnam Yesu so na yetumi kɔ Onyankopɔn anim. Yesu kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6; 16:23.

Filipifo 4:6, 7 Ho Nsɛm

 Filipifo nhoma a ɛwɔ Bible mu no yɛ krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔte kurow bi a wɔfrɛ no Filipi. a Sɛ yɛhwɛ krataa no fã a ɛnnɛ ɛno ne Filipifo ti 4 no a, Paul hyɛɛ asafo no mufo nkuran sɛ wonni ahurusi. Afei nso ɔdaa wɔn ase, efisɛ woyii wɔn yam kyɛɛ no ade maa n’ani gyei. (Filipifo 4:4, 10, 18) Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea mpaebɔ bɛboa wɔn ama wɔanya Onyankopɔn asomdwoe. Afei nso ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma pa a sɛ wodwen ho anaa wɔyɛ a ɛbɛma “asomdwoe Nyankopɔn no” aboa wɔn.—Filipifo 4:8, 9.

a Baabi a seesei Greece wɔ no.