Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛboa Wo Mma Na Sɛ Wodi Nkogu a Wɔahu Nea Wɔbɛyɛ

Sɛnea Wobɛboa Wo Mma Na Sɛ Wodi Nkogu a Wɔahu Nea Wɔbɛyɛ

 Ɛnyɛ da biara na wo mma betumi ayɛ ne biribiara yiye. Ɛtɔ da a, wobedi nkogu. Ɛba saa a, wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔasan agyina wɔn nan so?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Abrabɔ mu deɛ, ɛtɔ da a obiara di nkogu. Bible ka sɛ, “yɛn nyinaa di mfomso.” (Yakobo 3:2) Mmofra nso di mfomso anaa wodi nkogu. Nanso sɛ mmofra di nkogu a, biribi pa betumi afi mu aba, efisɛ ɛbɛboa mmofra no, na sɛ wohyia ɔhaw a, wɔampa aba na wɔako akɔ wɔn anim. Mmofra nnim sɛ ɔhaw ba a yɛko kɔ yɛn anim, nanso wobetumi asua. Maame bi a wɔfrɛ no Laura ka sɛ: “Me ne me kunu ahu sɛ, sɛ mmofra yɛ biribi na wodi nkogu a, ɛyɛ sɛ wobegye atom ahu nea wɔbɛyɛ sen sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho te sɛ nea biribiara nsii. Enti sɛ nneɛma ankɔ sɛnea wɔpɛ a, enni sɛ wɔpa abaw, mmom wobetumi asua sɛ wɔbɛko akɔ wɔn anim.”

 Mmofra pii wɔ hɔ a, sɛ wodi nkogu a, wonhu nea wɔnyɛ. Nea enti a mmofra bi di nkogu a wonhu nea wɔnyɛ ne sɛ, ɛyɛ a wɔn awofo ma wɔte nka sɛ nea asi no nyɛ mmofra no mfomso. Yɛmfa no sɛ abofra bi ayɛ nsɔhwɛ na wammɔ mmɔden. Ɛba saa a, nea awofo bi ka ne sɛ, tikyani no na wanyɛ n’adwuma yiye. Afei nso, sɛ abofra bi ne n’adamfo ko a, wobɛhwɛ na awofo no akogyina wɔn ba no akyi.

 Nanso asɛm no ne sɛ, sɛ da biara abofra no yɛ nea ɛnyɛ na n’awofo kogyina n’akyi a, ɛbɛyɛ dɛn na abofra no ahu sɛ nea ɔreyɛ no nyɛ?

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Kyerɛ wo mma mma wonhu sɛ, nea wɔbɛyɛ biara wɔ nsunsuanso.

     Bible ka sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.”—Galatifo 6:7.

     Nea wobɛyɛ biara, wubetwa so aba. Sɛ wosɛe biribi a, ɛkɔfa ka brɛ wo. Wudi mfomso a, ɛwɔ ne nsunsuanso. Ɛsɛ sɛ awofo ma mmofra hu sɛ, biribi ankɔka papa a, ɛrennye kyerɛdɛ, na wɔma wohu sɛ nea esii no, mmofra no ka ho bi na ɛbaa saa. Enti sɛ wo ba di mfomso a, mprɛ asɛm no nto obi so anaa nnye ne ti. Hwɛ mfe a abofra no adi ho na ma no asotwe a ɛfata. Afei nso, ɛsɛ sɛ abofra no hu sɛ, mfomso a odii na ɛkɔfaa saa nsunsuanso no bae.

  •   Boa wo mma mma wonhu nea wɔbɛyɛ.

     Bible mu afotusɛm: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsan asɔre.”—Mmebusɛm 24:16.

     Nkogu yɛ yaw. Nanso sɛ wudi nkogu a, ɛnkyerɛ sɛ wo wiase nyinaa aba awiei. Kae sɛ, kyea na akyea na emmui. Boa wo mma mma wonhu nea wɔbɛyɛ a wɔrenni nkogu bere foforo. Ɛno yɛ kyɛn sɛ wɔde nea asi no ho sobo bɛbɔ obi. Fa no sɛ wo ba barima ayɛ nsɔhwɛ wɔ sukuu, ɛnna wammɔ mmɔden. Boa no ma ɔnyere ne ho nsua adeɛ yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a bere foforo ɔbɛbɔ mmɔden wɔ nsɔhwɛ mu. (Mmebusɛm 20:4) Sɛ wo babea ne n’adamfo bi nya akasakasa na sɛ wo ba no asɛm yɛ dɛ mpo a, boa no ma onhu sɛnea ɔbɛpa n’adamfo no kyɛw ama asomdwoe aba.—Romafo 12:18; 2 Timoteo 2:24.

  •   Kyerɛkyerɛ wo mma mma wonhu sɛ, ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ.

     Bible mu afotusɛm: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ.—Romafo 12:3.

     Sɛ woka kyerɛ wo ba sɛ ɔyɛ ade wɔ biribiara mu “sen obiara” a, na woredaadaa no, na ɛremmoa no. Mmofra a wonim ade paa mpo, ɛnyɛ daa na wotwa wɔn nsɔhwɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ. Mmofra a wonim mmirikatu paa sei, ɛnyɛ daa na wodi nkonim. Mmofra a wogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ no, sɛ wodi nkogu a wɔmma wɔn abam mmu, mmom wotumi hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

     Bible ka sɛ, sɛ yehyia ɔhaw a, ebetumi ahyɛ yɛn den na sɛ ɔhaw foforo ba a yɛde animia agyina mu. (Yakobo 1:2-4) Ɛwom sɛ nneɛma ankɔ yiye a ɛhaw adwene de, nanso wubetumi aboa wo mma ama wɔahu sɛ saa na abrabɔ te.

     Sɛ worekyerɛ abofra sɛ odi nkogu a ɔnko nkɔ n’anim a, ɛte sɛ nea worekyerɛ adwuma. Egye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso sɛ wutumi kyerɛ wo ba no a, onyin du ne mmabunbere mu a, ɛbɛboa no paa wɔ abrabɔ mu. Nhoma bi a wɔato din Letting Go With Love and Confidence ka sɛ: “Mmabun bi wɔ hɔ a sɛ biribi si wɔn akwan mu a, wonim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Enti sɛ biribi ma wɔn aba mu bu a, wɔmpere wɔn ho nyɛ biribiara a ɛbɛsɛe asɛm no anaa biribi a ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu. Ɛba saa a, sɛ biribi foforo a wɔnhwɛ kwan si a, wotumi di ho dwuma yiye.” Nea ɛwom ne sɛ, sɛ mmofra di nkogu na sɛ wɔampa aba na wɔpem kɔ wɔn anim a, wonyin a ɛbɛboa wɔn.

 Nyansahyɛ: Yɛ nhwɛso pa. Kae sɛ, sɛ biribi ankɔ yiye a, nea woyɛ wɔ ho no, wo mma nso besua.