Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Bere a Mo Adwene Nhyia

Bere a Mo Adwene Nhyia

 Nea ɛde ɔhaw ba aware mu no dɔɔso. Ebia wobɛhwɛ na ɛsono nea awarefo no mu biara ani gye ho anaa ɛsono wɔn mu biara suban. Nanso ɔhaw no bi wɔ hɔ a ne ka yɛ ka na. Ebi na edidi so yi:

  •   Bere dodow a ɛsɛ sɛ munya ma mo abusuafo

  •   Sɛnea mobɛtoto mo sikasɛm

  •   Mobɛwo anaa morenwo?

 Sɛ wo ne wo hokafo adwene nhyia a, dɛn na wubetumi ayɛ?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Mofata mo ho a, ɛnkyerɛ sɛ mo adwene behyia wɔ biribiara ho. Awarefo a wɔfata wɔn ho paa mpo, sɛ wɔresusuw nsɛm a ɛho hia paa ho a, ɛnyɛ daa na wɔn adwene behyia.

 “Abusua a wɔtetee me wom no, na yɛyɛ biribiara bom. Edu nnawɔtwe awiei a, na yɛkɔsra me nana, me wɔfanom, me sewaanom ne wɔn mma. Abusua a me kunu fi mu de, na wɔntaa nyɛ saa. Enti bere dodow a ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusuafo a wɔwɔ akyirikyiri bɔ anaa yɛne wɔn di nkitaho no, me ne me kunu adwene nhyia wɔ ho.”—Tamara.

 “Esiane sɛ ɛsono sɛnea wɔtetee me ne me yere nti, sɛ yɛresi gyinae afa nea yɛde yɛn sika bɛyɛ ho a, ɛyɛ a yɛn adwene nhyia. Yɛn aware akyi abosome kakraa bi no, na yegye akyinnye wɔ yɛn sikasɛm ho. Yɛkaa ɔhaw yi ho asɛm mpɛn pii ansa na yɛrenya ano aduru.”—Tyler.

Ɛtɔ da na nnipa mmienu rehwɛ biribi a, ɛsono sɛnea obiara behu sɛnea dekode no te. Saa pɛpɛɛpɛ na nsɛm bi a awarefo adwene nhyia wɔ ho no te

 Ɔhaw bi wɔ hɔ na moresusuw ho, na obiara gye nea ne hokafo reka no tom kɛkɛ a, ɛmmoa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo yere anaa wo kunu awofo yare na ɛsɛ sɛ mohwɛ wɔn nso ɛ? Na sɛ mo mu baako pɛ sɛ mowo na ɔfoforo no mpene so ɛ? a

 “Me ne me yere ahyɛ da atena ase abɔ nkɔmmɔ afa awo ho. Yɛaka ho asɛm mpɛn dodow bi. Me yere da so ara dwen ho paa, nanso yɛn adwene ntumi nhyiae. Minhu nea menyɛ wɔ asɛm yi ho.”—Alex.

 Sɛ mo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ɛnsɛ sɛ moma ɛsɛe mo aware no. Abenfo binom ka sɛ, sɛ wo ne wo hokafo resusuw asɛm bi a ɛho hia ho, na sɛ mo adwene nhyia a, ntie nea wo hokafo no reka koraa. Sɛ wante wo ase a, wubetumi agyae aware mpo. Nanso sɛ obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ho. Afei nso ɛkyerɛ sɛ ɛbɔ a ɔhyɛɛ Onyankopɔn sɛ nsu mu oo, owia mu oo, ɔbɛbata ne hokafo ho no, ɛho nhia no.

 Nea wubetumi ayɛ

 Si wo bo sɛ ɛbɔ a wohyɛe bere a moreware no, wubedi so. Sɛ woma saa bɔhyɛ no ho hia wo a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wo ne wo hokafo bɛbom adi mo haw ho dwuma.

 Bible mu afotusɛm: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mateo 19:6.

 Dwen ho ansa. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ awarefo no mu baako pɛ sɛ mowo nanso ɔfoforo no mpene so. Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mususuw ho. Ebi na edidi so yi:

  •   Wo ne wo yere anaa wo kunu ntam te sɛn?

     Sɛnea wo ne wo hokafo ntam te no, sɛ mufi ase tete mmofra a, mo aware no betumi agyina anaa?

  •   Asɛde a abatete de ba.

     Sɛ moma mmofra no aduan, dabere, ne ntaade a, na munwiei.

  •   Mo sikasɛm.

     W’adwuma, w’abusua, ne nea ɛkeka ho nyinaa, wubetumi atoto biribiara pɛpɛɛpɛ?

 Bible mu afotusɛm: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?”—Luka 14:28.

 Hu asɛm no nyinaa ani so. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, mubetumi asiesie. Ɛho nhwɛso ni: Ebia awo na mo adwene nhyia wɔ ho. Sɛ saa a, nea ɔmpɛ sɛ mowo no betumi abisa ne ho sɛ:

  •   ‘Sɛ meka sɛ mempɛ sɛ yɛwo a, nea merepɛ akyerɛ ne sɛ mempɛ sɛ yɛwo koraa, anaa mempɛ sɛ yɛwo seesei?’

  •   ‘Mehwɛ a, nea enti a mempɛ sɛ yɛwo ne sɛ minnye me ho nni sɛ metumi atete mmofra anaa?’

  •   ‘Misuro sɛ abofra ba yɛn ntam a, me hokafo rennya me ho bere bio anaa?’

 Afei nso, nea ɔpɛ sɛ mowo no betumi abisa ne ho sɛ:

  •   ‘Asɛde a abatete de ba no, yebetumi adi ho dwuma anaa?’

  •   ‘Yɛwɔ sika a yebetumi de ahwɛ abofra no anaa?’

 Bible mu afotusɛm: “Nyansa a efi soro no de . . .ɛwɔ ntease.”—Yakobo 3:17.

 Hu mfaso a ɛwɔ nea wo hokafo no reka no so. Ɛtɔ da na nnipa mmienu rehwɛ biribi a, ɛsono sɛnea obiara behu sɛnea dekode no te. Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ nsɛm bi sɔre wɔ aware mu a, wobɛhwɛ na ɛsono sɛnea awarefo no mu biara bɛpɛ sɛ mudi ho dwuma. Ebi ne sɛnea mobɛtoto mo sikasɛm. Sɛ mo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho na mopɛ sɛ moka ho asɛm a, munni kan nhwɛ sɛ, dɛn na ɛwɔ asɛm no ho a mo mmienu nyinaa adwene hyia wɔ ho.

  •   Botae bɛn na mo mmienu nyinaa pɛ sɛ mudu ho?

  •   Mfaso bɛn na ɛwɔ mo mu biara adwenkyerɛ no so?

  •   Nea ɛbɛyɛ na mo aware no agyina no, mo mu baako betumi agye ɔfoforo no adwenkyerɛ atom anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”—1 Korintofo 10:24.

a Nsɛm a ɛho hia paa no, ɛsɛ sɛ mususuw ho ansa na moaware. Nanso sɛ moware a, biribi a monhwɛ kwan betumi asi a ɛsɛ sɛ musi ho gyinae, anaa biribi a moasi ho gyinae dedaw no, mo mu baako adwene betumi asesa wɔ ho.—Ɔsɛnkafo 9:11.