Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛhyɛ W’abufuw So

Sɛnea Wobɛhyɛ W’abufuw So

 Hwɛ sɛ wo hokafo aka asɛm bi anaa wayɛ biribi ama wo bo afuw; wompɛ sɛ ohu sɛ wo bo afuw. Nanso wo hokafo no hu sɛ biribi nkɔ yiye, enti obisa wo nea ɛrekɔ so. Ɛno koraa na ɛbere wo kuru no. Biribi saa si a, wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so na woanyɛ ade antra so?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Sɛ wo bo taa fuw a, ebetumi ama woayare. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wo bo fuw na woanhyɛ wo ho so a, etumi ma wunya mogya mmoroso, komayare ne adwenemhaw. Afei sɛ wodidi mpo a, aduan no ntumi nyam yiye. Abufuw nso tumi de kɔdaanna, adwinnwen, honam ani nyarewa ne nipadua a edwudwo (stroke) ba. Edi sɛ Bible ka sɛ: “Ma abufuw ntwa . . . , na woanyɛ bɔne.”—Dwom 37:8.

  •   Sɛ woka w’abufuw hyɛ nso a, ebetumi asɛe wo suban. Wo bo fuw, na woma abufuw no kyɛ a, ebetumi ayɛ te sɛ yare bi a ahintaw wɔ wo nipadua mu a ɛredi wo nya. Sɛ nhwɛso no, su a ɛte saa betumi ama woanya afoforo ho adwemmɔne. Saa su no nso betumi ama ayɛ den sɛ afoforo ne wo bɛtena, na ebetumi asɛe w’aware mpo.

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Hwehwɛ su pa a ɛwɔ wo hokafo ho. Kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a w’ani gye ho wɔ wo hokafo ho. Bere foforo a ne nneyɛe bi bɛma wo bo afuw no, dwinnwen nneɛma a wokyerɛwee no ho. Wei betumi aboa wo ma woahyɛ w’abufuw so.

     Bible mu afotusɛm: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—Kolosefo 3:15.

  •    Fa bɔne kyɛ. Nea edi kan, bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma sɛnea wo hokafo hu no no. Eyi bɛma woanya ayamhyehye. (1 Petro 3:8) Afei bisa wo ho sɛ, ‘Nea ama me bo afuw no yɛ asɛm kɛse pa ara a mede kyɛ a ɛrenyɛ yiye anaa?’

     Bible mu afotusɛm: ‘Ɛyɛ fɛ sɛ wubebu w’ani agu bɔne so.’—Mmebusɛm 19:11.

  •    Sɛnea wote nka no, fa obu ka ho asɛm na da anifere adi. Wo ne wo hokafo rekasa a, ɛyɛ a ma onhu sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka wobɛka sɛ, “Wunnwen me ho; womfrɛ me nkyerɛ baabi a wowɔ” no, ka sɛ, “Sɛ bere kɔ na minhu baabi a wowɔ a, ɛma meyɛ basaa.” Sɛ woda sɛnea wote nka adi wɔ odwo kwan so a, ebetumi aboa wo ama woahyɛ wo ho so.

     Bible mu afotusɛm: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.”—Kolosefo 4:6.

  •    Tie asɛm yiye. Wokasa wie a, ma wo hokafo nso nkyerɛ n’adwene. Sɛ ɔrekasa a, ntwa n’ano. Ɔkasa wie a, nea ɔkae no, ka no wɔ ɔkwan foforo so hwɛ sɛ wotee ase yiye anaa. Sɛ woyɛ otiefo pa a, ebetumi aboa wo pa ara ma woahyɛ w’abufuw so.

     Bible mu afotusɛm: ‘Yɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19.