Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma a Wɔadrɔdrɔ Ayɛ No Video

Nsɛm a ɛho hia na wɔayɛ ho video ntiantiaa yi. Sɛ wohwɛ a, wobɛsua nneɛma pii. Ɛsan yɛ anika!

 

Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni

Nsɛm a wote ne nea wokan no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛsɛ sɛ wugye di. Hwɛ video yi, na ɛbɛma woahu sɛnea wobɛhwehwɛ nsɛm no mu ahu nea ɛyɛ nokware ne nea ɛnyɛ nokware.

Hwɛ Wo Sika Yiye

Hwɛ wo sika yiye nnɛ, na ɔkyena wo ho kyere wo a, woanya bi ahwɛ wo ho!

Video Game Reyɛ Agye Wo Bere Nyinaa Anaa?

Video game betumi ama w’ani agye nanso ebetumi nso de wo ato asiane mu. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na woanya so mfaso bere a wontɔ asiane mu?

Wo Werɛ How a, Dɛn Na Ɛbɛma W’ani Agye?

Sɛ awerɛhow kyekyere wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Agodi Ho

Agodi betumi ama woanya suban pa bi te sɛ, sɛnea wo ne afoforo bɛbom ayɛ ade ne sɛnea wo ne afoforo bedi nkitaho. Nneɛma a ehia wo pa ara wɔ asetena mu no, ɛsɛ sɛ agodi ka ho anaa?

Wobɛnom Nsa a Dwen Ho Yiye

Nnipa pii nom nsa a, wɔka nsɛm bi anaa wɔyɛ nneɛma bi nu wɔn ho akyiri yi. Wobɛyɛ dɛn akwati ɔhaw ahorow a asanom bebrebe de ba no?

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?

Sɛ wompɛ sɛ wokasa mpo a, wobɛyɛ dɛn atumi ne w’awofo abɔ nkɔmmɔ?

Ɛlɛtrɔnik Mfiri De Wo Ayɛ Akoa Anaa?

Ɛwom, wiase a yɛte mu no, ɛlɛtrɔnik mfiri abu so de, nanso ɛnsɛ sɛ woma ɛde wo yɛ akoa. Wobɛyɛ adɛn ahu sɛ ɛlɛtrɔnik mfiri gye wo bere nyinaa? Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, wobɛyɛ dɛn adi so?

Mɛyɛ Dɛn Anya Ahofadi Pii?

Ebia wote nka sɛ woanyin, enti ɛsɛ sɛ wɔde nidi a ɛsɛ ɔpanyin ma wo, nanso w’awofo ne wo nyɛ adwene. Nneɛma bɛn na wobɛyɛ na w’awofo anya wo mu ahotoso?

Mɛyɛ Dɛn Agyae Nsekuro No?

Sɛ morebɔ nkɔmmɔ na ɛdane nsekuro a, kae na yɛ ho biribi ntɛm!

Ɛyɛ Ɔdɔ Kann Anaa Akɔnnɔ Kɛkɛ?

Hwɛ nea akɔnnɔ ne ɔdɔ kann kyerɛ.

Nni Wo Nnamfo Akyi Nkɔyɛ Bɔne!

Dɛn na ɛbɛboa wo na woanni wo nnamfo akyi ankɔyɛ bɔne? Nneɛma nnan bi wɔ hɔ a ɛbɛboa wo.

Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie

Wobɛtumi ne wo nnamfo adi nkitaho wɔ sohyial nɛtwɛk so ama w’ani agye. Nanso ɛyɛ a ma w’ani nna hɔ.

Yɛka Adamfo Paa a, Ɔne Hena?

Nnamfo pa ho yɛ nã. Wobɛyɛ dɛn anya bi?

Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre

Hwɛ video yi, na wubehu nea enti a ebinom sisi nkurɔfo. Afei wubehu nea wobɛyɛ de agyina ano.