Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?

Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?

Nea Bible ka

 Aane. Bible mu afotu aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔn abusua ani agye. Ebi ni:

  1.   Fa w’aware hyɛ mmara ase. Sɛ awarefo de wɔn aware hyɛ mmara ase a, ɛma wɔn ani gye.​—Mateo 19:4-6.

  2.   Dɔ wo hokafo na bu no. Nea wopɛ sɛ wo kunu anaa wo yere yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma no.​—Mateo 7:12; Efesofo 5:25, 33.

  3.   Nkasa ntia wo hokafo. Sɛ wo kunu anaa wo yere ka biribi na anyɛ wo dɛ anaasɛ ɔyɛ biribi ma ɛhaw wo mpo a, nkasa ntia no. (Efesofo 4:31, 32) Bible ka wɔ Mmebusɛm 15:1 sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.”

  4.   Di nokware ma wo hokafo. Ɛnsɛ sɛ wunya obi foforo biara ho akɔnnɔ anaa wo ne no da, gye wo hokafo nko ara. (Mateo 5:28) Bible ka sɛ: “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ.”​—Hebrifo 13:4.

  5.   Tete wo mma wɔ ɔdɔ mu. Ɛnsɛ sɛ wohyɛ wo ba abahyɛbɔne. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wopoopoo no.​—Mmebusɛm 29:15; Kolosefo 3:21.