Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanehunu Nyinaa Fi Ɔbonsam Anaa?

Amanehunu Nyinaa Fi Ɔbonsam Anaa?

Nea Bible ka

 Bible ka sɛ Satan Ɔbonsam yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Wayɛ sɛ otirimɔdenfo a ɔwɔ ahoɔden na ɔde yɛ “atoro nsɛnkyerɛnne” de ‘daadaa’ nkurɔfo ma wɔyɛ nea ɔpɛ. Bible ka sɛ, Ɔbonsam “kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.” (2 Tesalonikafo 2:9, 10; 2 Korintofo 11:14) Sɛ yɛhwɛ nneɛma bɔne a Ɔbonsam yɛ a, ɛma yɛhu sɛ ampa ɔwɔ hɔ.

 Nanso, ɛnyɛ amanehunu nyinaa na ɛfiri Ɔbonsam. Adɛn nti na yɛreka saa? Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ yɛn ankasa mpaw sɛ yɛbɛyɛ papa anaa bɔne. (Yosua 24:15) Sɛ yɛsi gyinae bɔne a, yɛnya so nsunsuanso bɔne.​—Galatifo 6:7, 8.