Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Yerusalem Foforo No?

Dɛn Ne Yerusalem Foforo No?

Nea Bible ka

 Asɛm “Yerusalem Foforo” pue wɔ Bible no mu mprenu. “Yerusalem Foforo” no nyɛ kurow ankasa, na mmom egyina hɔ ma Yesu akyidifo nyinaa a wɔbɛkɔ soro akɔka ne ho ne no adi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no. (Adiyisɛm 3:12; 21:2) Bible ma yehu sɛ wobetumi asan afrɛ saa kuw yi Kristo ayeforo.

Nneɛma a ebetumi aboa yɛn ama yɛahu Yerusalem Foforo No

  1.   Yerusalem Foforo no wɔ soro. Bere biara a Bible no bɛka Yerusalem Foforo ho asɛm no, ɛka sɛ efi soro resian, na abɔfo rebɔ n’apon ho ban. (Adiyisɛm 3:12; 21:2, 10, 12) Afei nso, esiane sɛnea kurow no so pa ara nti, ɛrentumi nyɛ kurow a ɛwɔ asase so. Kurow no tenten, ne tɛtrɛtɛ ne ne ntwemu nyinaa yɛ pɛ. Wutwa ho hyia susuw ne kɛse a, ebia ɛbɛyɛ kilomita 2,200. (Adiyisɛm 21:16) Enti ne sorokɔ bɛyɛ kilomita 560 (akwansin 350), kyerɛ sɛ ɛkɔ sorosoro kodu wim anaa ahunmu.

  2.   Yesu akyidifo no mu binom na wɔka bom yɛ Yerusalem Foforo no. Wɔn ne Kristo ayeforo no. Bible frɛ Yerusalem Foforo no ‘ayeforo no anaa Oguammaa no yere.’ (Adiyisɛm 21:9, 10) Oguammaa no gyina hɔ ma Yesu Kristo. (Yohane 1:29; Adiyisɛm 5:12) “Oguammaa no yere,” anaa Kristo ayeforo no gyina hɔ ma Kristofo a wɔne Yesu bɛbom adi ade wɔ soro. Bible de abusuabɔ a ɛwɔ Yesu ne saa Kristofo no ntam no toto okunu ne ɔyere ho. (2 Korintofo 11:2; Efesofo 5:23-25) Afei nso, wɔakyerɛw ‘edin dumien a ɛyɛ Oguammaa no asomafo dumien no din’ wɔ Yerusalem Foforo no fapem no so. (Adiyisɛm 21:14) Saa nsɛm yi boa ma yehu wɔn a wɔka bom yɛ Yerusalem Foforo no ankasa, efisɛ Kristofo a wobenya kwan akɔ soro no, ‘wɔbɛto wɔn asi asomafo ne adiyifo no fapem so.’​—Efesofo 2:20.

  3.   Yerusalem Foforo no yɛ aban bi fã. Ná tete Yerusalem yɛ Israel ahenkurow. Ɛhɔ na Ɔhene Dawid ne ne ba Solomon, ne wɔn asefo tenaa “Yehowa ahengua so” dii ade. (1 Beresosɛm 29:23) Ná Yerusalem a wɔfrɛ no “kurow kronkron” no gyina hɔ ma Onyankopɔn tumidi. Onyankopɔn nam Dawid asefo so na edii tumi. (Nehemia 11:1) Yerusalem Foforo a wɔsan frɛ no “kurow kronkron” no yɛ nnipa a wɔbɛkɔ akɔka Yesu ho ama ‘wɔadi asase so ahene.’​—Adiyisɛm 5:9, 10; 21:2.

  4.   Yerusalem Foforo no de nhyira bɛbrɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Bible ka Yerusalem Foforo no ho asɛm sɛ “efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro resian.” Wei ma yehu sɛ Onyankopɔn nam Yerusalem Foforo no so bɛyɛ nneɛma ama wɔn a wonni soro. (Adiyisɛm 21:2) Saa asɛm yi ma yehu sɛ Yerusalem Foforo ne Onyankopɔn Ahenni a ɔnam so bɛma ‘n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro’ no wɔ abusuabɔ. (Mateo 6:10) Nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ ma nnipa a wɔwɔ asase so no bi na edidi so yi:

    •   Obeyi bɔne afi hɔ. “Nkwa nsu asubɔnten” sen fi baabi a Yerusalem Foforo no wɔ no, na ɛboa “nkwa nnua” a ‘ɛsa amanaman no yare’ no. (Adiyisɛm 22:1, 2) Honam fam ne honhom fam ayaresa yi beyi bɔne afi hɔ na ɛbɛma nnipa anya nkwa a ɛyɛ pɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase no.​—Romafo 8:21.

    •   Ayɔnkofa papa bɛba nnipa ne Onyankopɔn ntam. Bɔne ama nnipa ne Onyankopɔn ntam atetew. (Yesaia 59:2) Sɛ Onyankopɔn yi bɔne fi hɔ korakora a, ɛbɛma saa nkɔmhyɛ a edi so yi abam: “Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.”​—Adiyisɛm 21:3.

    •   Amanehunu ne owu befi hɔ. Onyankopɔn nam n’Ahenni no so ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’​—Adiyisɛm 21:4.