Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Bonsu Wedeɛ a Ɛno Ara Tumi Siesie Ne Ho

Bonsu Wedeɛ a Ɛno Ara Tumi Siesie Ne Ho

Wɔn a wɔyɛ po so ahyɛn ho adwuma no, ade baako a ɛhaw wɔn pa ara ne sɛ, bere a hyɛn no nam po so no, nworaba ne mmoawammoawa nketenkete bi kɔfomfam hyɛn no ase. Ɛba saa a, hyɛn no ntumi ntu mmirika yiye, na ɛnom pɛtro pii. Afei nso, ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ wɔde hyɛn no kɔ na wɔkɔwerɛwerɛw mmoawammoawa no fi ase. Nyansahufo rehwɛ sɛnea abɔde mu nneɛma bi te na aboa wɔn ama wɔadi ɔhaw yi ho dwuma.

Susuw ho: Nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, bonsu bi (Globicephala melas) wɔ hɔ a, sɛ efĩ ba wɔn ho a wɔn wedeɛ no ankasa tumi yiyi. Nsensanee nketenkete bebree wɔ wɔn wedeɛ no ho, enti ɛma ɛyɛ den sɛ mmoawammoawa bɛfomfam wedeɛ no ho. Nsensanee no nso, amane tentann bi wɔ ne nyinaa mu, na ɛko tia apopobibiri ne mmoawammoawa. Sɛ bonsu no worɔw ne honam a, amane foforo puw fi nsensanee no mu ba.

Sɛnea bonsu wedeɛ no ankasa tumi siesie ne ho no, nyansahufo pɛ sɛ wɔyɛ biribi saa wɔ po so ahyɛn ase. Tete no, na wɔde aduru bi ka ɛhyɛn no ase nyinaa de bɔ ho ban fi mmoawammoawa yi ho. Nanso saa nnuru yi, nea wɔtaa de di dwuma pa ara no, wɔmma kwan mma wɔmfa nka po so ahyɛn ho bio nnansa yi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔabehu sɛ ekunkum abɔde ahorow a ɛwɔ po mu no. Wei nti, nhwehwɛmufo apɛ kwan foforo a wɔbɛfa so adi ɔhaw yi ho dwuma. Ɛne sɛ, wɔbɛyɛ ntokuru bi wɔ hyɛn no ase nyinaa. Saa ntokuru no, wɔbɛyɛ no ɔkwan bi so a aduru soronko bi befi mu aba. Aduru yi de, entumi nkum abɔde a ɛwɔ po mu no. Afei wɔde dade nkantankantan bedura hyɛn no ase nyinaa. Enti sɛ hyɛn no nam po so a, aduru no bepuw aba, na sɛ ɛka po nsu no a, na adan amane tentann akata hyɛn no ase nyinaa. Amane no pipiripi yɛ milimita 0.7 (nsateakwaa 0.03). Ɛwɔ hɔ ara a, saa amane tentann yi bɛwae afi hyɛn no ase, enti mmoawammoawa ne apopobibiri biara a wɔtetare ho no, ɛde wɔn bɛkɔ. Sɛ amane no wae a, aduru foforo bepuw afi ntokuru no mu aba, na asan akata hyɛn no ase nyinaa bio.

Nworaba tetare po so hyɛn ho a, entumi ntu mmirika yiye, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛwaawae

Nhwehwɛmu a wɔayɛ no ada no adi sɛ, sɛ wotumi yɛ biribi saa wɔ po so ahyɛn ase a, ɛbɛboa pa ara. Ɛbɛma mmoawammoawa a wɔmfomfam hyɛn no ase no so atew koraa. Wei bɛboa nnwumakuw a wɔde po so ahyɛn yɛ adwuma no yiye, efisɛ sɛ wɔrekɔwerɛwerɛw mmoawammoawa afi ahyɛn no ase a, wɔbɔ ka kɛse.

Wudwen ho sɛn? Wohwɛ sɛnea bonsu wedeɛ ankasa tumi siesie ne ho no a, ɛno ara na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?