Ɔsɛnkafo 1:1-18

  • Ade nyinaa yɛ ahuhude! (1-11)

    • Asaase wɔ hɔ daa (4)

    • Owia, mframa, nsubɔnten; ne nyinaa di akɔneaba (5-7)

    • Ade foforo biara nni wiase (9)

  • Nnipa nyansa nnu baabiara (12-18)

    • Ɔbrɛgu (14)

1  Dawid ba, ɔsɛnkafo*+ a odii hene wɔ Yerusalem no,+ ne nsɛm ni.   “Ahuhude mu ahuhude!”* Ɔsɛnkafo no na waka,“Ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ ahuhude!”+   Dɛn na onipa nya fi n’adwumaden nyinaa mu,Adwuma a obiri ne mogya ani yɛ wɔ wiase nyinaa no?+   Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba,Na asaase de, ɛwɔ hɔ* daa.+   Owia pue,* na owia kɔtɔ;Afei ɛde mmirika san kɔ baabi a epue fii no, na ɛsan pue bio.+   Mframa kɔ anaafo, na etwa ne ho kɔ atifi;Etwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ; mframa kɔ so ara twa ne ho.   Nsubɔnten* nyinaa tene kogu po mu, nanso ɛpo nyɛ ma da.+ Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba bio.+   Ade nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara;Obiara ntumi nka ho asɛm mpo. Ani hwɛ ade a, ɛmmee,Na aso nso tie asɛm a, ɛnyɛ ma.   Nea aba pɛn no, ɛno ara na ɛbɛsan aba,Na nea wɔayɛ pɛn no, ɛno ara na wɔbɛsan ayɛ bio;Ade foforo biara nni wiase.+ 10  Ɛdɛn paa na ɛwɔ hɔ a obi betumi aka sɛ, “Hwɛ, ade yi yɛ ade foforo”? Ɛwɔ hɔ fi teteete;Ɛwɔ hɔ dedaadaw ansa na yɛreba. 11  Obiara nkae tetefo;Na nkyirimma nso, obiara renkae wɔn,Wɔn a wobedi wɔn akyi aba nso renkae wɔn.+ 12  Me ɔsɛnkafo no, midii Israel so hene wɔ Yerusalem.+ 13  Mede sii m’ani so sɛ biribiara a wɔyɛ wɔ ɔsoro ase,+ kyerɛ sɛ, adwumahunu a Onyankopɔn de ama nnipa a egye wɔn adwene no, mede nyansa+ besua ho ade na mahwehwɛ mu. 14  Na mihuu nnwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa,Na hwɛ! ade nyinaa yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*+ 15  Nea akyea no, wɔrentumi nteɛ no,Na nea enni hɔ nso, wɔrentumi nkan mma ɛnyɛ yiye. 16  Ɛnna mekae wɔ me komam sɛ: “Hwɛ! Mahu nyansa pii asen wɔn a wodii me kan wɔ Yerusalem nyinaa,+ na me koma anya nyansa ne nimdeɛ pii.”+ 17  Mede me koma hwehwɛɛ nyansa ne adammɔ* ne nkwaseasɛm.+ Na eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.* 18  Efisɛ nyansa bebrebe de ahometew bebree na ɛba. Ɛno nti, obiara a ɔma ne nimdeɛ dɔɔso no, ɔma ne yaw nso dɔɔso.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔnoboaboafo.” Anaa “nea ɔboaboa asafo ano.”
Anaa “Ade a mfaso biara nni so.”
Nt., “egyina hɔ.”
Anaa “hyerɛn.”
Anaa “Awɔw bere mu nsubɔnten.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “nkwaseasɛm a ɛboro so.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”