Samuel Nhoma a Edi Kan 17:1-58

  • Dawid dii Goliat so nkonim (1-58)

    • Goliat kaa nsɛm de buu Israel animtiaa (8-10)

    • Dawid kae sɛ ɔbɛkɔ akɔko (32-37)

    • Dawid de Yehowa din na ɛkoe (45-47)

17  Bere bi, Filistifo+ boaboaa wɔn asraafo* ano sɛ wɔrekɔ ɔko. Wɔboaboaa wɔn ano wɔ Soko,+ na na ɛhɔ yɛ Yudafo asaase. Wɔkɔsoɛe wɔ Efes-Damim+ a ɛwɔ Soko ne Aseka+ ntam no.  Saul ne Israel mmarima nso kɔsoɛɛ Ela Bon mu,*+ na wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekohyia Filistifo no.  Ná Filistifo no gyinagyina bepɔw so wɔ ɔfã ha, ɛnna Israelfo no nso gyinagyina bepɔw so wɔ ɔfã noho, na na subon da wɔn ntam.  Ɛnna ɔkatakyi bi fi Filistifo asoɛe hɔ bae; ne din de Goliat,+ na na ofi Gat.+ Ná ne tenten yɛ basafa asia ne nsayam abiɛsa.*  Ná ɔhyɛ kɔbere kyɛw ne dade ataade;* kɔbere a wɔde yɛɛ dade ataade+ a ɛhyɛ no no, na emu duru yɛ nnwetɛbona 5,000.*  Ɔde kɔbere akata ne nan anim, na kɔbere pɛmɛ+ hyɛ n’akyi.  Ne peaw dua te sɛ ntamanwemfo dua kɛse,+ na dade a ɛhyɛ ne peaw ano no, na emu duru yɛ nnwetɛbona 600;* ná obi kura kyɛm di n’anim.  Ɛnna obegyinaa hɔ teɛɛm frɛɛ Israelfo a wɔwɔ akono no+ sɛ: “Adɛn nti na moaboaboa mo ho aba sɛ morebɛko? Menyɛ Filistini? Mo nso monyɛ Saul nkoa? Munyi ɔbarima baako na ommehyia me.  Sɛ otumi ne me ko na okum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ me nso mitumi no na mikum no a, mo nso mobɛyɛ yɛn nkoa na moasom yɛn.” 10  Ɛnna Filistini no kae sɛ: “Sɛ Israel asraafo se wɔyɛ mmarima a, ɛnnɛ wɔmma minhu.*+ Momma me ɔbarima baako na me ne no nko!” 11  Bere a Saul ne Israel nyinaa tee nsɛm a Filistini no rekeka no, ehu kaa wɔn, na wosuroe paa. 12  Ná Dawid yɛ Efratani+ bi a ofi Yuda kurow Betlehem+ no ba. Ɔbarima no din de Yese,+ na na ɔwɔ mma mmarima baawɔtwe.+ Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akwakoraa. 13  Yese mma mmarima baasa a wɔyɛ mpanyimfo paa no ne Saul kɔɔ akono.+ Ne mma mmarima baasa a wɔkɔɔ ɔko no ne n’abakan Eliab,+ Abinadab+ a ɔto so abien, ne Samma+ a ɔto so abiɛsa no. 14  Dawid na na osua koraa,+ na mpanyimfo baasa no dii Saul akyi. 15  Bere a Dawid resom Saul nyinaa, na ɔsan hwɛ ne papa nguan+ wɔ Betlehem, enti na odi akɔneaba. 16  Anɔpa ne anwummere biara, na Filistini no begyina ne gyinabea; ɔyɛɛ saa nnafua 40. 17  Ɛnna Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: “Mesrɛ wo, fa nkyewe efa* susude baako ne paanoo du yi, na ka wo ho fa kɔma wo nuanom wɔ asoɛe hɔ. 18  Na fa kyiis* du yi kɔma apem so panyin no. Afei nso, hwɛ sɛnea wo nuanom no ho te, na gye nkra fi wɔn hɔ brɛ me.” 19  Saa bere no, na wɔne Saul ne Israel mmarima a aka no nyinaa wɔ Ela Bon mu*+ ne Filistifo no rekɔko.+ 20  Enti Dawid sɔree anɔpatutuutu de nguan no gyaw obi, na ɔboaboaa nneɛma no ano kɔe sɛnea Yese somaa no no. Bere a oduu asoɛe hɔ no, na asraafodɔm no rekɔ akono, na wɔmaa ɔko nteɛm so. 21  Israelfo ne Filistifo no behyiaa akono, enti na ɛdɔm abien no di nhwɛanim. 22  Ɛhɔ ara na Dawid de nneɛma a okura no hyɛɛ nea ɔhwɛ nneɛma so no nsa, na otuu mmirika kɔɔ akono hɔ. Oduu hɔ no, obisaa sɛnea ne nuanom no ho te.+ 23  Bere a ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistifo no katakyi a ne din de Goliat+ a ofi Gat no fi Filistifo asraafo no mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm a daa ɔka no,+ na Dawid tee. 24  Bere a Israel mmarima no huu ɔbarima no, ehu nti, wɔn nyinaa guanee.+ 25  Israel mmarima no kekae sɛ: “Moahu ɔbarima a ɔreba yi? Daa, ɔba ha bɛkeka nsɛm de bu Israel animtiaa.*+ Obiara a obetumi akum no no, ɔhene bɛma no ahonyade pii na ɔde ne babea nso ama no aware,+ na asɛde a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma ɔhene no, wobeyi no afi mu.” 26  Dawid bisaa mmarima a wogyina ne nkyɛn no sɛ: “Sɛ obi kum saa Filistini yi de yi animguase fi Israel so a, dɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima no? Hena koraa ne Filistini momonotoni* yi a ɔrebu Onyankopɔn teasefo no animtiaa* wɔ akono yi?”+ 27  Wɔn nso kaa asɛm dedaw no ara kyerɛɛ no sɛ: “Sɛɛ na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a obekum no no.” 28  Bere a ne nua panyin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa no, Eliab bo fuw Dawid denneennen na ɔkae sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hena na wode nguan kakra no agyaw no wɔ sare so hɔ?+ Minim sɛ woyɛ ahantan, na adwemmɔne na aba wo komam, efisɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɔko no bi.” 29  Na Dawid kae sɛ: “Mayɛ dɛn? Asɛm kɛkɛ na mibisae.” 30  Ɛnna ɔdan kɔɔ onipa foforo so kobisaa no asɛm koro no ara,+ na mmuae koro no ara na obiara de maa no.+ 31  Ebinom tee nsɛm a Dawid kae no, na wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ. Enti ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no bae. 32  Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mma obiara nnsuro saa Filistini yi.* W’akoa ne no bɛkɔ akɔko.”+ 33  Nanso Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi ne Filistini no nko, efisɛ woyɛ aberantewa,+ na ɔno de, wayɛ ɔsraani* fi ne mmofraase.” 34  Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nguan, na gyata+ bɛkyeree oguan ba fii nguankuw no mu, ɛnna da foforo nso, osisi bɛkyeree bi. 35  Mitiw wɔn kɔbɔɔ wɔn hwee hɔ, na miyii nguan no fii wɔn anom. Bere a wɔsɔre baa me so no, misoo wɔn nwi* mu bɔɔ wɔn hwee hɔ kum wɔn. 36  Gyata ne sisi no nyinaa, w’akoa tumi kum wɔn, na Filistini momonotoni yi bɛyɛ sɛ wɔn mu baako, efisɛ wabu Onyankopɔn teasefo no animtiaa* wɔ akono.”+ 37  Ɛnna Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ogyee me fii gyata ne sisi nsam no, ɔno na obegye me afi Filistini yi nsam.”+ Afei Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.” 38  Ɛnna Saul de ne ntaade hyehyɛɛ Dawid, na ɔhyɛɛ no kɔbere kyɛw, na ɔde dade ataade nso hyɛɛ no. 39  Na Dawid de ne sekan bɔɔ n’ataade no so, na ɔyɛe sɛ ɔrekɔ, nanso wantumi, efisɛ na ɔnhyɛɛ bi da. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Merentumi mfa eyinom nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi da.” Enti Dawid yiyi guu hɔ. 40  Ɛnna ɔfaa ne poma kurae, na ɔsesaw mmosea anum a ɛho yɛ toromtorom fii subon no mu de guu nguanhwɛfo kotoku a okura no mu. Ná okura n’ataabo*+ wɔ ne nsam, na otwiw bɛn Filistini no nkakrankakra. 41  Filistini no nso baa n’anim, na otwiw bɛn Dawid nkakrankakra; ná ɔbarima bi kura kyɛm di n’anim. 42  Bere a Filistini no maa n’ani so a ohuu Dawid no, obuu no animtiaa, efisɛ na ɔyɛ aberantewa a ɔbere na ne ho nso yɛ fɛ.+ 43  Enti Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Meyɛ ɔkraman+ na wode abaa aba me so?” Na Filistini no frɛɛ n’anyame domee Dawid. 44  Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo de bra m’anim, na mede wo nam bɛma wim nnomaa ne wuram mmoa.” 45  Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode sekan ne peaw ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me de, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtiaa*+ wɔ akono no din na ɛreba wo so.+ 46  Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mekum wo na matwa wo ti afi so, na nnɛ, mede Filistifo dɔm no afunu bɛma wim nnomaa ne asaase so mmoa, na asaase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ 47  Na nnipa a wɔahyia ha* yi nyinaa behu sɛ ɛnyɛ sekan ne peaw na Yehowa de gye nkwa,+ efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.”+ 48  Ɛnna Filistini no bae sɛ ɔrebehyia Dawid, na Dawid tuu mmirika kohyiaa Filistini no wɔ akono. 49  Na Dawid teɛɛ ne nsa hyɛɛ ne kotoku no mu yii ɔbo, na ɔde hyɛɛ ataabo no mu tow bɔɔ Filistini no moma so ma ewuraa mu, na ɔhwee ase maa n’anim butuw fam.+ 50  Enti Dawid de ataabo ne ɔbo dii Filistini no so nkonim, na okum Filistini no; nanso na Dawid nkura sekan wɔ ne nsam.+ 51  Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no nkyɛn, na oyii Filistini no sekan+ fii ne bɔha* mu de twaa ne ti fii so hwɛ hui sɛ wawu. Bere a Filistifo no hui sɛ wɔn katakyi no awu no, woguanee.+ 52  Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose, na wɔtaa Filistifo no fii obon no mu+ koduu Ekron+ kurow pon ano noho, na wokunkum Filistifo no. Ná Filistifo no afunu gugu kwan so fi Saaraim+ kosi Gat ne Ekron noho. 53  Bere a Israelfo no taa Filistifo no so denneennen ma woguanee no, wɔsan wɔn akyi baa Filistifo no asoɛe hɔ bɛfom wɔn nneɛma. 54  Ɛnna Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem, na Filistini no akode de, ɔde guu n’ankasa ntamadan mu.+ 55  Bere a Saul hui sɛ Dawid refi adi akohyia Filistini no, obisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hena ba ne aberantewa yi?”+ Abner buae sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wote ase yi,* minnim!” 56  Ɔhene kae sɛ: “Kobisa nea ne ba ne aberante no.” 57  Enti bere a Dawid kokum Filistini no wiei a ɔresan aba no, Abner de no baa Saul anim, na na okura Filistini no+ ti. 58  Ɛnna Saul bisaa no sɛ: “Aberante, hena ba ne wo?” na Dawid buae sɛ: “W’akoa Yese+ a ofi Betlehem+ no ba ne me.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “asoɛe.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Ne tenten bɛyɛ mita 2.9 (anm. 9 ne ntk. 5.75). Hwɛ Nkh. B14.
Wɔde ntama anaa aboa nhoma na ɛyɛɛ saa akotaade yi. Afei nso, na wɔde nnade atetare mu. Nnade no deda so te sɛ apataa akyi.
Bɛyɛ kilo. 57. Hwɛ Nkh. B14.
Bɛyɛ kilo. 6.84. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɛnnɛ, mitwa Israel asraafo mpoa.”
Bɛyɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “nufusu.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “de twa Israel mpoa.”
Anaa “ɔretwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.”
Anaa “obi a wontwaa ne dua.”
Anaa “Mma obiara koma ntu esiane saa Filistini yi nti.”
Anaa “ɔbarima kofoni.”
Anaa “wɔn abogye.” Nt., “wɔn abogyesɛ.”
Anaa “watwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “woatwa no mpoa.”
Nt., “bagua.”
Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nhoma na wɔtaa de yɛ.
Anaa “sɛ́ wo kra te ase yi.”