Asomafo Nnwuma 17:1-34

  • Paul ne Silas kɔɔ Tesalonika (1-9)

  • Paul ne Silas kɔɔ Beroia (10-15)

  • Paul kɔɔ Atene (16-22a)

  • Ɔkasa a Paul mae wɔ Areopago (22b-34)

17  Afei wɔkɔfaa Amfipoli ne Apolonia, na wɔbaa Tesalonika;+ ɛhɔ na na Yudafo hyiadan wɔ.  Na sɛnea na Paul taa yɛ no,+ ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ hɔ, na ɔde homeda abiɛsa ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho,+  na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo no hu amane+ na ɔsɔre fi awufo mu.+ Ɔkae sɛ: “Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi, ɔno ne Kristo no.”  Ɛno nti, wɔn mu binom bɛyɛɛ gyidifo, na wɔde wɔn ho bataa Paul ne Silas ho.+ Na Greecefo dɔm kɛse bi a wɔsom Onyankopɔn, ne mmea atitiriw bi a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa ara.  Na ahoɔyaw nti,+ Yudafo no boaboaa mmarima bi ano, nsɛmmɔnedifo a wɔnenam gua so kwa. Na wɔkaa wɔn ho boom yɛɛ basabasa, na wɔmaa kurow no mu yɛɛ bagyabagya. Wɔbɔ wuraa Yason fi kɔhwɛe sɛ wobenya Paul ne Silas, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɛbrɛ basabasayɛfo no.  Bere a wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfo, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Mmarima a wɔadan wiase abutuw* no aba ha nso,+  na Yason agye wɔn aba ne fi. Saa mmarima yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde,* na wɔka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.”+  Bere a nnipadɔm no ne kurow no mu atumfo tee eyinom no, wɔn koma tui.  Na wɔmaa Yason ne wɔn a aka no tuaa biribi de dii agyinam, ɛnna wogyaa wɔn ma wɔkɔe. 10  Anadwo no ara, anuanom no maa Paul ne Silas kɔɔ Beroia. Bere a woduu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. 11  Ná eyinom wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara, na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa. 12  Enti wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo, na Greecefo mmea ne mmarima atitiriw pii nso yɛɛ saa ara. 13  Na Yudafo a wofi Tesalonika no tee sɛ Paul reka Onyankopɔn asɛm wɔ Beroia nso, enti wɔbaa hɔ betutu guu ɔmanfo no asom ma wɔyɛɛ basabasa.+ 14  Ntɛm ara na anuanom no gyaa Paul kwan ma ɔkɔɔ mpoano.+ Silas ne Timoteo de, wɔkɔɔ so tenaa hɔ. 15  Nanso, wɔn a wokogyaa Paul kwan no de no kɔe ara koduu Atene. Na Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo+ sɛ wɔmmra ne nkyɛn ntɛm. Ɛno akyi no, wɔsan kɔe. 16  Bere a na Paul retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no ma, na ɛyɛɛ no* ahometew. 17  Enti ɔne Yudafo ne nnipa a aka a wɔsom Onyankopɔn no susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu. Na da biara, na ɔne wɔn a wɔba gua so no nso susuw nsɛm ho. 18  Nanso Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo bi fii ase ne no gyee akyinnye. Ebinom kae sɛ: “Dɛn koraa na kasatenten wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ?” Ɛnna ebinom nso kae sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforo ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na Paul reka Yesu ne owusɔre ho asɛmpa no.+ 19  Enti wɔfaa no de no kɔɔ Areopago, na wɔkae sɛ: “Nkyerɛkyerɛ foforo a woreka ho asɛm no, kyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn. 20  Efisɛ woreka nsɛm bi a ɛyɛ foforo koraa wɔ yɛn asom. Enti yɛpɛ sɛ yehu nea nsɛm yi kyerɛ.” 21  Nea ɛwom ne sɛ, Atenefo ne ahɔho a wɔabɛtena hɔ nyinaa, sɛ wonni hwee yɛ a, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔka nsɛm foforo anaa wotie nsɛm foforo. 22  Ɛnna Paul sɔre gyinaa Areopago+ no mfinimfini, na ɔkae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ ade nyinaa mu, ayɛ sɛ mopɛ nyamesom* sen afoforo.+ 23  Efisɛ bere bi a meretwam a metɔɔ me bo ase hwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi mpo a wɔakyerɛw ho sɛ ‘Onyame a Yennim No No Dea.’ Enti nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi. 24  Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura.+ Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.+ 25  Onhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, efisɛ biribiara nhia no.+ Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa. 26  Na ɔmaa aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu+ sɛ wɔntena asaase nyinaa so.+ Na ɔhyɛɛ mmere too hɔ, ɛnna ɔde ahye nso totoo baabi a nnipa bɛtena,+ 27  sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn, na wɔapɛ n’akyi kwan denneennen akosi sɛ wobehu no,+ nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware. 28  Na ɛnam no so na yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ. Mo ara mo nkurɔfo a wɔkyerɛw anwensɛm no, ebinom mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso, yɛyɛ ne mma.’ 29  “Enti esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma+ nti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, Tweaduampɔn no te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa adwini bi a onipa adi anaa biribi a onipa abɔ ne tirim ayɛ.+ 30  Ampa, Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na nnipa nnim hwee no so.+ Nanso afei de, ɔreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ baabiara sɛ obiara nsakra n’adwene. 31  Efisɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bebu asaase atɛn+ wɔ trenee mu. Na wanyan saa ɔbarima no afi awufo mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.”+ 32  Na bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no, ebinom fii ase dii fɛw,+ na ebinom nso kae sɛ: “Yɛbɛsan atie wo bio wɔ asɛm yi ho.” 33  Enti Paul gyaw wɔn hɔ kɔe, 34  nanso mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Wɔn mu bi ne Dionisio a ɔyɛ Areopago bagua no temmufo, ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforo bi.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔama basabasa aba wiase.”
Anaa “mmara.”
Nt., “ne honhom.”
Anaa “musuro anyame no.”