Deuteronomium 25:1-19

  • Mmaa dodow a wobetumi abɔ obi (1-3)

  • Anantwi reporow hwiit a, nkyekyere wɔn ano (4)

  • Obi nua yere a ɔbɛware no (5-10)

  • Sɛ ntɔkwaw ba na obi koso obi mu ɔkwammɔne so a, nea wɔbɛyɛ no (11, 12)

  • Nkaribo ne susude a ɛyɛ papa (13-16)

  • Popa Amalekfo fi hɔ (17-19)

25  “Sɛ nnipa baanu nya asɛm a, wɔmfa mmra atemmufo no anim,+ na wommu atɛn; wommu nea n’asɛm yɛ dɛ no bem na wommu nea n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+  Sɛ ɛfata sɛ wɔhwe nea odi fɔ no a,+ ɔtemmufo no mma ɔnna hɔ, na wɔmmɔ no mmaa dodow a ɛne ne bɔne no sɛ wɔ ɔtemmufo no anim.  Obetumi abɔ mmaa no akodu 40;+ ɛnsɛ sɛ ɛboro so. Anyɛ saa na ɔhwe no boro saa a, wo nua no anim begu ase wɔ w’anim.  “Sɛ nantwi reporow hwiit a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.+  “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛde na ɔnware no.+  Abofra a ɔbea no bedi kan awo no no, wɔmfa ne nua a wawu no din nto no,+ na ne nua no din anyera amfi Israel.+  “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua a wawu no yere a, ɛnde okunafo no nkɔ mpanyimfo no nkyɛn wɔ kurow no pon ano na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔyɛ n’asɛde na ɔware me.’  Afei ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no. Na sɛ ne nyinaa akyi ɔka sɛ, ‘Mempɛ sɛ meware ɔbea no’ a,  ɛnde ɔbea no nyi ne kunu nua no nan ase mpaboa+ wɔ mpanyimfo no anim, na ɔntew ntasu ngu n’anim nka nkyerɛ no sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔkyekye ne nua fi.’ 10  Efi saa bere no rekɔ, edin a wɔde bɛfrɛ ne fi* wɔ Israel ni: ‘Nea woyii ne mpaboa no fi.’ 11  “Sɛ mmarima baanu reko na ɔbaako yere ba sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔreboro no no nsam, na oso ne barima mu a, 12  twa ɔbea no nsa fi so. Nhu no mmɔbɔ. 13  “Mfa nkaribo ahorow abien, kɛse baako ne ketewa baako nhyɛ wo kotoku mu.+ 14  Mfa susude ahorow abien,+ kɛse baako ne ketewa baako* mma wo fi. 15  Fa nkaribo a edi mu na ɛyɛ papa kari biribiara, na fa susude a edi mu na ɛyɛ papa susuw biribiara, na woanyin akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 16  Yehowa wo Nyankopɔn kyi osisifo biara a ɔyɛ saa nneɛma no.+ 17  “Kae nea Amalekfo de yɛɛ mo bere a mufi Egypt reba no.+ 18  Kae sɛ bere a wonam kwan so a woabrɛ na woahodwow no, wɔbɛtow hyɛɛ wɔn a ɔbrɛ nti wɔaka akyi no so; wɔansuro Onyankopɔn. 19  Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapade+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, popa Amalekfo fi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “n’abusua.” Nt., “ne din.”
Nt., “Mfa efa susude ne efa susude.” Hwɛ Nkh. B14.