Ɔde Kɔmaa Efesofo 6:1-24

  • Afotu a ɛkɔ ma mma ne awofo (1-4)

  • Afotu a ɛkɔ ma nkoa ne wɔn wuranom (5-9)

  • Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko (10-20)

  • Nsɛm a etwa to (21-24)

6  Mma, muntie mo awofo asɛm+ sɛnea Awurade pɛ, na eyi na ɛteɛ.  “Di wo papa ne wo maame ni”;+ eyi ne mmara a edi kan a bɔhyɛ yi ka ho:  “Ebesi wo yiye,* na woatena ase akyɛ wɔ asaase so.”  Agyanom nso, monnhyɛ mo mma abufuw,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa* nteɛso+ ne ne kasakyerɛ*+ mu.  Nkoa, momfa osuro ne ahopopo a efi koma nyinaa mu ntie mo wuranom a wɔwɔ asaase so,*+ sɛnea moreyɛ ama Kristo,  ɛnyɛ bere a nnipa rehwɛ mo nko, na ankɔyɛ sɛ nea moresɔ nnipa ani,*+ na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔde wɔn kra* nyinaa yɛ Onyankopɔn apɛde.+  Monyɛ nkoa a mode suban pa som te sɛ nea moreyɛ ama Yehowa,*+ na ɛnyɛ nnipa,  na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, ɔyɛ akoa oo, ɔdehye oo, obenya so akatua afi Yehowa* hɔ.+  Mo awuranom, mo nso monkɔ so nyɛ wɔn saa ara, na munnhunahuna wɔn, efisɛ munim sɛ wɔne mo nyinaa Wura wɔ soro,+ na ɔnyɛ animhwɛ. 10  Afei, momma Awurade mfa n’ahoɔden kɛse no nhyɛ mo den.+ 11  Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe; 12  efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi,*+ na mmom yɛne aban ahorow, atumfo, wiase yi sum mu mpanyimfo, ne ahonhommɔne dɔm+ a wɔwɔ soro. 13  Eyi nti nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɔko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na sɛ da bɔne no ba a, moatumi ako, na mototo biribiara wie a, moagyina hɔ pintinn. 14  Enti munnyina hɔ pintinn na momfa nokware nyɛ abɔso* mmɔ mo asen,+ na momfa trenee nyɛ nkatabo,+ 15  na monhyɛ mpaboa na ama moayɛ krado akɔka asomdwoe asɛmpa no.+ 16  Ne nyinaa da nkyɛn a, momfa gyidi kyɛm kɛse no;+ ɛno na mubetumi de adum ɔbɔnefo no agyan* a ɛredɛw no nyinaa.+ 17  Afei nso, monhyɛ nkwagye dade kyɛw+ na momfa honhom no sekan a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no, 18  na momfa mpaebɔ+ ne nkotosrɛ nyinaa bi mmɔ mpae bere nyinaa wɔ honhom no tumi so.+ Ne saa nti, monwɛn daa na monkɔ so nsrɛ mma akronkronfo nyinaa. 19  Me nso mommɔ mpae mma me, na sɛ mibue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotoso aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfo;+ 20  saa asɛmpa yi, meyɛ ho ɔnanmusini*+ a meda afiase. Mepɛ sɛ mitumi de akokoduru ka ho asɛm sɛnea ɛsɛ sɛ meka no. 21  Afei nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm ahu nea ɛrekɔ so no, onua dɔfo Tikiko+ a ɔyɛ ɔsomfo nokwafo Awurade mu no bɛka biribiara akyerɛ mo.+ 22  Eyi ara nti na meresoma no mo nkyɛn, na moate yɛn nka na wama mo koma atɔ mo yam. 23  Asomdwoe nka anuanom na wonnya ɔdɔ ne gyidi mfi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ. 24  Wɔn a yɛn Awurade Yesu Kristo ho dɔ a wɔwɔ nsa da no, adom nka wɔn nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ebewie wo yiye.”
Anaa “nkyerɛkyerɛ; akwankyerɛ.”
Nt., “honam fam wuranom.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra/Kra.”
Nt., “na ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani.”
Nt., “aperepere.”
Anaa “bɛlt.”
Anaa “mmɛmma.”
Anaa “ɔhemmɔfo.”