Hiob 38:1-41

  • Yehowa kaa nsɛm bi a ɛma yehu sɛ nnipa sua koraa (1-41)

    • ‘Bere a merebɔ asaase no, na wowɔ he?’ (4-6)

    • Onyankopɔn mma bɔɔ ose (7)

    • Obisaa no nneɛma bi te sɛ aprannaa, anyinam ne omununkum ho asɛm (7)

    • “Mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wim” (33)

38  Ɛnna Yehowa bisaa Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+   “Hena ni a ɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu m’afotu,Na ɔrekeka nsɛm a onni ho nimdeɛ yi?+   Yɛ krado sɛ ɔbarima;Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.   Bere a metoo asaase fapem no, na wowɔ he?+ Sɛ wunim a, ka kyerɛ me.   Hena na osusuw too hɔ; wunim anaa?Na hena na ɔde susuhama susuwii?   Ɛdɛn so na wɔde ne nnyinaso sisii,Na hena na ɔde ne ntwea so bo tim hɔ,+   Bere a adekyee nsoromma+ boom dii ahurusi,Na Onyankopɔn mma*+ nyinaa bɔɔ ose no?   Hena na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pon mu,+Bere a epue fii ɔyafunu mu,   Bere a mede omununkum kataa ho,Na mede esum kabii kyekyeree ho, 10  Bere a metoo ɔhye maa no,Na misisii apon ne ade a wɔde brambram akyi maa no,+ 11  Bere a mekae sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseakɛse no mmɛso’ no?+ 12  Woahyɛ mmara ama anɔpa pɛn?*Anaa wo na wokyerɛ adekyee baabi a empue mfi?+ 13  Wo na wokyerɛ no sɛ ensuso asaase anoano,Na ɛmporoporow abɔnefo mfi so ngu?+ 14  Ɛma asaase sesa te sɛ dɔte a wɔde biribi a ahyɛnsode wɔ ho refa so,Na ɛso biribiara da adi fɛfɛɛfɛ te sɛ ataade a wɔadi adwinni agu mu. 15  Eyi abɔnefo kanea fi wɔn so,Na wɔn basa a wɔama so no bubu. 16  Woasian akɔ baabi a ɛpo fi ba?Anaa woakyin ahwehwɛ subun mu?+ 17  Wɔama woahu owu apon?+Anaa woahu esum kabii* apon?+ 18  Woahu sɛnea asaase yɛ tɛtrɛtɛ fa?+ Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me. 19  Ɛhe na hann tenabea wɔ?+ Na ɛhe na esum nso te, 20  Sɛnea ɛbɛyɛ a wode no bɛkɔ ne fi,Na woate akwan a ɛkɔ ne fi no ase? 21  Wugye di sɛ saa bere no na wɔawo wo nti wunim anaa?Anaa wugye di sɛ woadi mfe* bebree nti wunim? 22  Woakɔ adan a wɔkora sukyerɛmma wom mu da,+Anaa woahu adan a wɔkora asukɔtweaa wom da,+ 23  Ade a mede asie ama amanehunu bereNe ɔko ne ɔsa da no?+ 24  Ɛhe na hann* fi trɛtrɛw kɔ baabiara,Na ɛhe na apuei mframa fi bɔ fa asaase so?+ 25  Hena na wayi kwan ama nsuyiri,Na wapae kwan ama omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,+ 26  Sɛnea ɛbɛyɛ a osu bɛtɔ wɔ baabi a onipa biara nte,Na atɔ agu sare so baabi a nnipa nni,+ 27  Sɛnea ɛbɛyɛ a asaase a asɛe pasaa bɛyɛ yiye,Na ama sare afifi?+ 28  Osu a ɛtɔ* wɔ agya anaa?+Na hena na ɔwoo obosu?+ 29  Hena yam na nsu a akyenkyen fi bae,Na hena na ɔwoo ɔsoro asukɔtweaa,+ 30  Bere a nsu ani akyenkyen sɛ ɔbo,Na subun ani akyen denneennen no?+ 31  Wubetumi akyekyere Kima nsorommakuw* nhama?Anaasɛ wubetumi asan Kesil nsorommakuw* nhama?+ 32  Sɛ nsorommakuw* bere so a, wubetumi adi n’anim de no apue?Na Ayis nsorommakuw* ne ne mma nso, wubetumi akyerɛ wɔn kwan? 33  Wunim mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wim?+Anaa wubetumi ama saa mmara* no ayɛ adwuma wɔ asaase so? 34  Wubetumi akasa akyerɛ omununkumAma atɔ osu pii abɛkata wo so anaa?+ 35  Wubetumi asoma anyinam ama akɔ? Na ɛbɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn ni!’ anaa? 36  Hena na ɔde nyansa hyɛɛ omununkum mu?*+Na hena na ɔde ntease maa wim nneɛma?*+ 37  Hena na onim nyansa a enti obetumi akan omununkum?Na hena na obetumi ahwie ɔsoro nhina mu nsu agu,+ 38  Bere a mfuturu dan atɛkyɛ na ehwie gu,Na dɔte a abɔ atɔwatɔw keka bom no? 39  Wubetumi akum aboa ama gyata?Anaa wubetumi ama agyata* aduan ama wɔamee,+ 40  Bere a wobutubutuw wɔn bon mu,Anaa wɔtetɛw wɔn bon mu kyere mmoa no? 41  Hena na ɔyɛ aduan ma kwaakwaadabi,+Bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn,Na aduan a wonnya nni nti, wɔnenam basabasa no?

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.
Nt., “Woahyɛ mmara ama anɔpa wɔ wo nna mu pɛn?”
Anaa “owu sunsuma.”
Nt., “nna.”
Ebetumi nso akyerɛ, “anyinam.”
Anaa “Nyankonsu.”
Anaa “Akokɔbaatan-ne-ne-mma.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Pleiades nsoromma a ɛwɔ Taurus nsorommakuw no mu no.
Anaa “Nyɛnkrɛnte.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Orion nsorommakuw no.
Nt., “Masarot.” Asɛm a ɛte saa dodow kabea wɔ 2Ahe 23:5, na ɛkyerɛ sodiak nsorommakuw.
Anaa “Nsorommasɔn.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Osisi Kɛse (Ursa Kɛse) nsorommakuw no.
Ebetumi nso akyerɛ, “Ne mmara.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nnipa mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “maa adwene.”
Anaa “agyata a wɔn ho yɛ den.”