Luka Asɛmpa 21:1-38

  • Okunafo hiani no nkaprɛ mma abien no (1-4)

  • NEA ƐBƐBA HO NSƐNKYERƐNNE (5-36)

    • Akokoakoko, asasewosow akɛse, nyarewa, ɔkɔm (10, 11)

    • Asraafodɔm betwa Yerusalem ho ahyia (20)

    • Mmere a wɔde ama amanaman no (24)

    • Onipa Ba no mmae no (27)

    • Borɔdɔma dua ho mfatoho no (29-33)

    • Monkɔ so nwɛn (34-36)

  • Yesu kyerɛkyerɛe wɔ asɔrefi hɔ (37, 38)

21  Na bere a ɔmaa n’ani so no, ohui sɛ asikafo de wɔn akyɛde regu sika nnaka no mu.+  Afei ohui sɛ ɔbea kunafo hiani bi de nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara abegu mu,+  na ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nea saa ɔbea kunafo hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sen nea wɔn a aka no nyinaa de abegu mu no.+  Efisɛ akyɛde a eyinom nyinaa de abegu mu no fi nea wɔanya ama aboro so mu, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa na abegu mu.”+  Akyiri yi, na ebinom redi asɔrefi no ho nkɔmmɔ. Ná wɔreka sɛnea wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira so* asiesie asɔrefi no ho asɛm.+  Ɛnna ɔkae sɛ: “Nneɛma a muhu no seesei yi, bere bi reba a wɔrennyaw ɔbo a ɛda ɔbo so; wobedwiriw ne nyinaa agu fam.”+  Na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, bere bɛn koraa na eyinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ nneɛma yi rebesisi?”+  Ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye na wɔannaadaa mo,+ efisɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Bere a wɔahyɛ no abɛn.’ Munnni wɔn akyi.+  Bio nso, sɛ mote ɔko ne basabasayɛ* ho nsɛm a, mommmɔ hu. Efisɛ ɛsɛ sɛ eyinom di kan sisi, nanso awiei no remma wɔ hɔ ara.”+ 10  Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman,+ na ahenni asɔre atia ahenni.+ 11  Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae;+ na nnipa behu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛse a efi soro. 12  “Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba no, nkurɔfo bɛkyere mo, na wɔbɛtan mo ani,+ na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofo anim.+ 13  Ɛbɛma moadi nkurɔfo adanse. 14  Enti, munsi pi wɔ mo koma mu sɛ morenni kan nnwinnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+ 15  na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsiw ano anaa wɔmmɔ ngu.+ 16  Bio nso, awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfonom mpo beyi mo ama, na wobekum mo mu binom,+ 17  na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18  Nanso mo ti nwi baako mpo renyera.+ 19  Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.*+ 20  “Afei nso, sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnde munhu sɛ ne sɛe abɛn.+ 21  Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so,+ na momma wɔn a wɔwɔ Yerusalem no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma kurow no mu, 22  efisɛ eyi yɛ bere a Onyankopɔn de bɛtwe nkurɔfo aso,* sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw nyinaa bɛba mu. 23  Saa bere no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue!+ Efisɛ amanehunu* kɛse bɛba asaase no so, na abufuw aba nkurɔfo yi so. 24  Na wɔde sekan bekunkum wɔn, na wɔakyere wɔn de wɔn akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no* betiatia Yerusalem so kosi sɛ mmere a wɔde ama* amanaman no* bɛso.+ 25  “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma so,+ na esiane ɛpo a ɛrehuru na ɛrebu fa so nti, amanaman ho bɛyeraw wɔn asaase so, na wɔrenhu nea wɔnyɛ. 26  Na ehu ne nneɛma a ɛreba asaase so no bɛma nnipa atwitwa ahwe, efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden. 27  Na afei wobehu sɛ onipa Ba+ no nam omununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.+ 28  Na sɛ nneɛma yi fi ase sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo nkwagye rebɛn.” 29  Ɛnna ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa.+ 30  Sɛ ɛfefɛw a mo ara muhu, na muhu sɛ ahohuru bere abɛn. 31  Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn. 32  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33  Ɔsoro ne asaase betwam, nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+ 34  “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom bebrebe*+ ne asetena mu dadwen+ anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim 35  te sɛ afiri.+ Efisɛ ɛbɛba obiara a ɔte asaase so baabiara so. 36  Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ bere nyinaa+ na ama moatumi aguan nneɛma a ɛsɛ sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+ 37  Enti sɛ edu anɔpa a, na Yesu kyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ, na edu anadwo a, na opue kɔda bepɔw a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔw* no so.* 38  Ná nkurɔfo no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefi hɔ anɔpatutuutu betie no.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “lepton abien.” Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “nneɛma a wɔde akyɛ Onyankopɔn.”
Anaa “sakasaka; aban so atuatew.”
Anaa “mubenya mo kra.”
Anaa “aweredi nna.”
Anaa “ahohia; ahoyeraw.”
Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafo.”
Anaa “wɔahyɛ ama.”
Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafo.”
Anaa “asanom ntraso.”
Anaa “Ngo Bepɔw.”
Kyerɛ sɛ, na ɔkɔda nkurow a na ɛwɔ bepɔw no so no baako mu.