Mateo Asɛmpa 2:1-23

  • Nsoromma mu ahwɛfo bɛsraa no (1-12)

  • Wɔde no guan kɔɔ Egypt (13-15)

  • Herode kunkum mmarimaa (16-18)

  • Wɔsan baa Nasaret (19-23)

2  Bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode*+ nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfo bi fi Apuei fam baa Yerusalem,  na wobisae sɛ: “Ɛhe na nea wɔawo no a ɔbɛyɛ Yudafo hene+ no wɔ? Bere a yɛwɔ Apuei fam na yehuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.”  Bere a Ɔhene Herode tee eyi no, ne koma tui, ɔne Yerusalemfo nyinaa.  Na ɔfrɛfrɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nyinaa boaa ano, na obisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo* no.  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, efisɛ eyi ne nea wɔnam odiyifo no so akyerɛw:  ‘Na wo, Betlehem a wowɔ Yuda asaase so, wonyɛ kurow ketewa wɔ Yuda atitiriw mu, efisɛ wo mu na sodifo bi befi aba; ɔno na ɔbɛhwɛ me man Israel.’”+  Ɛnna Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kodɛɛ, na ɔtɔɔ ne bo ase bisaa wɔn bere a nsoromma no puei.  Na ɔsomaa wɔn kɔɔ Betlehem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na montɔ mo bo ase nhwehwɛ abofra kumaa no, na sɛ muhu no a, mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso menkɔ nkɔkotow no.”  Bere a wotiee ɔhene no asɛm wiei no, wosiim kɔe, na hwɛ! nsoromma a wohui bere a na wɔwɔ Apuei Fam+ no dii wɔn anim kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra kumaa no wɔ no atifi. 10  Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyei papaapa. 11  Na bere a wɔkɔɔ ofi no mu no, wohuu abofra kumaa no ne ne maame Maria, na wɔbɔɔ wɔn mu ase kotow no. Afei nso, wobuebuee wɔn nneɛma so kyɛɛ no ade—sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ* ne kurobow.* 12  Nanso, na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔdae mu+ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn. Enti wofii hɔ kɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom. 13  Bere a wofii hɔ kɔe no, hwɛ! Yehowa* bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ ɔdae mu,+ na ɔkae sɛ: “Sɔre, fa abofra kumaa no ne ne maame na guan kɔ Egypt, na tena hɔ kosi sɛ me ne wo bɛkasa, efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra kumaa no akum no.” 14  Enti Yosef sɔree, na ɔfaa abofra kumaa no ne ne maame anadwo, na wɔkɔɔ Egypt. 15  Ɔtenaa hɔ kosii sɛ Herode wui. Eyi maa nea Yehowa* nam ne diyifo so kae no baa mu sɛ: “Egypt na mefrɛɛ me ba fii.”+ 16  Afei bere a Herode hui sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adaadaa no no, ne bo fuwii denneennen. Enti ɔsoma ma wokokunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam hɔ nyinaa, efi wɔn a wɔawo wɔn foforo so kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea bere a ohu fii nsoromma mu ahwɛfo+ no hɔ te no. 17  Eyi maa nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu. Ɔkae sɛ: 18  “Wɔtee nne bi wɔ Rama, osu ne nteɛteɛm pii. Ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma, na sɛ wɔkyekye ne werɛ a ɔmpene, efisɛ wonni hɔ bio.”+ 19  Bere a Herode wui no, hwɛ! Yehowa* bɔfo yii ne ho adi wɔ ɔdae mu+ kyerɛɛ Yosef wɔ Egypt 20  na ɔkae sɛ: “Sɔre, fa abofra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asaase so, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra kumaa no akum no no* awuwu.” 21  Enti ɔsɔree, na ɔfaa abofra kumaa no ne ne maame kɔɔ Israel asaase so. 22  Nanso bere a ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode ananmu redi Yudea so hene no, na osuro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Afei nso, Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ wɔ ɔdae mu,+ enti ofii hɔ kɔɔ Galilea+ mantam mu. 23  Na ɔkɔtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret+ mu, na ama nea wɔnam adiyifo no so kae no aba mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasaretni.”*+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Mesia; Nea Wɔasra No.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “na wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra kumaa no kra no.”
Ɛbɛyɛ sɛ efi Hebri asɛmfua “fefɛw” mu.