Yeremia 33:1-26

  • Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba (1-13)

  • Wɔbɛtena ase dwoodwoo wɔ ‘trenee dua a ɛbɛfefɛw’ no ase (14-16)

  • Apam a ɔne Dawid ne asɔfo yɛe (17-26)

    • Apam a ɛfa adekyee ne adesae ho (20)

33  Yehowa ne Yeremia kasae ne mprenu so. Saa bere no, na ɔda so da Awɛmfo Aban no mu hɔ.+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ:  “Yehowa a ɔyɛɛ asaase, Yehowa a ɔnwenee asaase na ɔde tim hɔ pintinn a ne din ne Yehowa no, nea waka ni,  ‘Frɛ me, na megye wo so, na mayɛ krado sɛ mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.’”+  “Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afi a ɛwɔ kurow yi mu ne Yuda ahemfo afi a akoban* ne sekan nti, wɔadwiriw agu no ho asɛm.+  Wasan aka wɔn a wɔreba ne Kaldeafo abɛko no nso ho asɛm, na waka sɛ ɔde nnipa a obekunkum wɔn wɔ n’abufuw ne n’abufuhyew mu no afunu bɛhyɛ kurow no ma. Bɔne a kurow yi mu nnipa ayɛ nti, wayi n’ani afi kurow yi so. Nea waka ni:  ‘Hwɛ, mɛma ne ho atɔ no, na wanya apɔwmuden.+ Mɛsa wɔn yare, na mɛma asomdwoe ne nokware abu so ama wɔn.+  Na mɛsan de Yudafo a wɔakyere wɔn kɔ ne Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no aba bio,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛnea meyɛɛ no kan no.+  Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me, ne wɔn mmarato a etia me nyinaa bɛkyɛ wɔn.+  Na kurow yi din bɛma madi ahurusi, na ama wɔayi me ayɛ, na wɔahyɛ me anuonyam* wɔ aman a wɔbɛte papa a mayɛ wɔn no nyinaa anim.+ Na papa a mɛyɛ kurow no ne asomdwoe a mɛma anya nti,+ aman no besuro na wɔn ho apopo.’”+ 10  “Nea Yehowa aka ni: ‘Kurow yi a mobɛka sɛ asɛe a onipa ne nyɛmmoa nni hɔ bio, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn a adeda mpan a nnipa nni hɔ na obi nte hɔ na nyɛmmoa nni hɔ no, 11  wɔbɛsan ate ahurusi nnyigyei ne osebɔ nnyigyei,+ ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, ne nkurɔfo nne a ɛbɛka sɛ: “Monna asafo Yehowa ase, efisɛ Yehowa ye,+ na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa!”’+ “‘Wɔde aseda afɔre bɛba Yehowa fi,+ efisɛ mɛsan de asaase no sofo a wɔakyere wɔn kɔ no aba sɛ kan no,’ Yehowa asɛm ni.” 12  “Nea asafo Yehowa aka ni: ‘Asaase a asɛe a nnipa ne nyɛmmoa nni so yi ne ne nkurow nyinaa mu no, nguanhwɛfo bɛsan anya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+ 13  “‘Mmepɔw so nkurow ne nkurow a ɛdeda fam ne anaafo nkurow ne Benyamin asaase ne Yerusalem ho nkurow+ ne Yuda nkurow mu no,+ nguan bɛsan afa nea ɔkan wɔn no nsa ase bio,’ Yehowa na waka.” 14  “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na ɛbɔ a mahyɛ Israel fi ne Yuda fi sɛ mɛyɛ adepa ama wɔn no, mɛma aba mu.+ 15  Saa nna no mu ne saa bere no, mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid,+ na obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+ 16  Saa nna no mu no, wobegye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Trenee.’”+ 17  “Na nea Yehowa aka ni, ‘Daa Dawid aseni na ɔbɛtena Israel fi ahengua so.+ 18  Na Lewifo asɔfo no nso, daa wobenya onipa a obegyina m’anim abɔ ɔhyew afɔre, na wahyew aduan afɔre, na wabɔ afɔre.’” 19  Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20  “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ mubetumi asɛe m’apam a ɛfa adekyee ho, ne m’apam a ɛfa adesae ho, na adekyee ne adesae amma bere a ɛsɛ sɛ ɛba a,+ 21  ɛnde me nso mebu me ne m’akoa Dawid apam no so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennya ɔbabarima a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na anka mebu me ne Lewifo asɔfo a wɔsom me no apam no so.+ 22  Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo, na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo* ne Lewifo a wɔsom me no ayɛ bebree.’” 23  Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24  “Wontee sɛ nkurɔfo yi reka sɛ, ‘Mmusua abien a Yehowa apaw wɔn no, ɔbɛpo wɔn’ anaa? Nkurɔfo no abu me ara me man animtiaa, na wommu wɔn sɛ ɔman bio. 25  “Nea Yehowa aka ni: ‘Sɛnea m’apam a ɛfa adekyee ne adesae ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26  saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefo* da. Na sɛnea ɛte biara, mɛfa n’asefo* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefo* so. Efisɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+ na mehu wɔn mmɔbɔ.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “ama me ho ayɛ fɛ.”
Anaa “mɛma ɔdedifo bi asɔre.”
Nt., “aba.”
Anaa “m’ahyɛde.”
Nt., “aba.”
Nt., “n’aba.”
Nt., “aba.”