Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae

Hwehwɛ afotu a ɛbɛboa ama wo bra asi wo yiye.

ASƐMMISA 1

Meyɛ Nipa Bɛn?

Sɛ wunim nea wugye di, nea wobɔ mu mmɔden, nea wotɔ mu sin, ne wo botae a, wubetumi asi gyinae pa wɔ tebea biara mu.

ASƐMMISA 2

M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?

Wohwɛ wo ho wɔ ahwehwɛ mu a, ɛte sɛn? Ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ wo ho nyɛ fɛ? Ɛnde dɛn na wobɛyɛ ama wo ho ayɛ fɛ?

ASƐMMISA 3

Mɛyɛ Dɛn ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?

Wei betumi aboa ama woabɛn w’awofo.

ASƐMMISA 4

Midi Mfomso a Dɛn na Mɛyɛ?

Worentumi nkwati mfomso da, efisɛ obiara di mfomso. Ɛnde wudi mfomso a, wobɛyɛ dɛn?

ASƐMMISA 5

Sɛ Sukuuni Bi Teetee Me a Mɛyɛ Dɛn?

Biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo. Wubetumi adi osisifo so nkonim a wontow twɛre

ASƐMMISA 6

Me Mfɛfo Repiapia Me Akɔ Bɔne Mu a Dɛn na Mɛyɛ?

Ɛtɔ da a etumi yɛ den sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ wɔ wo mfɛfo anim.

ASƐMMISA 7

Obi Pɛ Sɛ Me ne No Da a Mɛyɛ Dɛn?

Mmaayewa ne mmarimaa bɔ papee a, ɛde nsɛm pii ba. Hwɛ emu bi.

ASƐMMISA 8

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mihu Fa Mmonnaato Ho?

Mmofra ne mmabun na wɔtaa yɛ wɔn saa. Ɛdɛn na wobɛyɛ wɔ ho?

ASƐMMISA 9

Ɛsɛ sɛ Migye Adannandi Di?

Nkyerɛkyerɛmu bɛn na ɛtɔ asom?

ASƐMMISA 10

Ɛbɛyɛ Dɛn na Bible Atumi Aboa Me?

Nnipa pii ka sɛ Bible deɛ, anansesɛm nko ara. Ebi nso se atwam anaa wokan a, wonte ase. Wɔka saa a, ɛnyɛ nokware koraa.