Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Bere Bi Bɛba a Kɛtɛasehyɛ Ne Porɔwee a Ɛwɔ Aban Mu No To Betwa?

Enti Bere Bi Bɛba a Kɛtɛasehyɛ Ne Porɔwee a Ɛwɔ Aban Mu No To Betwa?

 Ɛnnɛ wokɔ wiase baabiara a, aban mpanyimfo bebree wɔ hɔ a, kɛtɛasehyɛ ne porɔwee adidi wɔn mu, na nea wɔyɛ no de ɔhaw bebree na aba. a Yɛbɛyɛ nhwɛso a, COVID-19 yare kodiawuo no yii ne ti no, wɔbɔɔ aban mpanyimfo bi a wɔwɔ ɔman baako bi mu kwaadu sɛ, sika a wɔde ama ɔman no sɛ anka wɔmfa nko yare no, wɔde wɔn nsa abɔ mu. Wei nti, sɛ ɔmanfo no yare a, wɔnnya ayaresa papa biara; na wei ama bebree ahu amane paa, na ebi nso afa mu awuwu.

 Ɔhaw a kɛtɛasehyɛ ne porɔwee de ba no, ɛnyɛ ɔman baako pɛ na wɔhyia. Kan United Kingdom man soafo panyin a wɔfrɛ no David Cameron kaa sɛ: “Kɛtɛasehyɛ ne porɔwee ayɛ sɛ ananse ntentan kɛse; na akyere aman bebree.”

 Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ koraa kɛtɛasehyɛ ne porɔwee a ɛwɔ aban mu no nyinaa bɛba awiei. Dɛn nti na yɛreka saa? Hwɛ nea Bible no ka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ.

Nea ɛma yehu sɛ Onyankopɔn beyi kɛtɛasehyɛ ne porɔwee afi hɔ

 Onyankopɔn kaa asɛm bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu. Ɔkaa sɛ: “Me, Yehowa, medɔ atɛntrenee; mikyi korɔn ne ade a ɛnteɛ.” b (Yesaia 61:8) Sɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔwee a ɛrekɔ so nti, ebinom hu amane a, Onyankopɔn hu. (Mmebusɛm 14:31) Wahyɛ bɔ sɛ: “Mmɔborɔwa a wɔhyɛ no so . . . nti, mɛsɔre akeka me ho.”—Dwom 12:5.

 Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ? Obeyi nnipa aban ahorow a ɛwɔ hɔ no nyinaa afi hɔ, na ɔde n’ankasa aban abesi ananmu. Saa aban a ɛwɔ soro no na yɛfrɛ no “Onyankopɔn Ahenni.” (Marko 1:14, 15; Mateo 6:10) Bible ka sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba . . . Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, ɛbɛma kɛtɛasehyɛ ne porɔwee a a yehu no nnɛ no to atwa.

Aban a kɛtɛasehyɛ ne porɔwee nnim

 Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn Ahenni no de, kɛtɛasehyɛ ne porɔwee remma mu? Ma yensusuw nea edidi so yi ho.

  1.  1. Tumi. Tumi a Ahenni no de bedi ade no fi ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn hɔ.—Adiyisɛm 11:15.

     Nea enti a wei ho hia: Nnipa amammuo mu no, mpɛn pii no wɔgyegye tow fi ɔmanfo hɔ ansa na wɔanya sika de abu ɔman no. Wɔn nsa ka sika no a, aban mpanyimfo binom de wɔn nsa bɔ mu. Ebinom nso gye braeb, na ebi nso yɛ kɔnɛhyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya mfaso bum. Nanso, Onyankopɔn Ahenni no de, tumi a ɛde bedi ade no fi ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no hɔ. Wei nti, nea Ahenni no manfo hia biara, wɔn nsa bɛka.—Dwom 145:16.

  2.  2. Ɛso Hene. Onyankopɔn ayi Yesu Kristo sɛ onni Ahenni no so Hene.—Daniel 7:13, 14.

     Nea enti a wei ho hia: Aman mpanyimfo a wɔyɛ ade paa mpo no, esiane sɛ bɔne wɔ wɔn ho nti, afoforo tumi daadaa wɔn ma wɔn abrabɔ sɛe. (Ɔsɛnkafo 7:20) Nanso Yesu de, obiara rentumi mma no braeb, efisɛ braeb kɛse paa mpo, ɔpowee. (Mateo 4:8-11) Ɛno da nkyɛn a, wɔn a obedi wɔn so no, ɔdɔ wɔn paa, ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye, na wɔn ani gye.—Dwom 72:12-14.

  3.  3. Mmara. Mmara a Onyankopɔn Ahenni ahyehyɛ no di mũ, na wɔn a wɔdi so no ho tɔ wɔn.—Dwom 19:7, 8.

     Nea enti a wei ho hia: Nnipa mmara de, mpɛn pii no ɛyɛ hwanyann, denneennen, anaa ɛnyɛ adwuma yiye. Wei nti, daa na kɛtɛasehyɛ ne porɔwee redi hene. Nanso Onyankopɔn mmara de, wode bɔ wo bra a, wunya so mfaso. (Yesaia 48:17, 18) Ɛno da nkyɛn a, mmara a Onyankopɔn hyehyɛ no, ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nko ara na ɛwɔ mu, mmom adwene a obi de yɛ biribi no nso, ɛka ho asɛm. (Mateo 22:37, 39) Nea ɛwom paa ne sɛ Onyankopɔn tumi hu komam, na ɔbɛhwɛ ahu sɛ wɔn a wɔbɛhwɛ ama wɔde mmara no ayɛ adwuma no, wɔbɛda ayamhyehye adi.—Yeremia 17:10.

 Bible ahyɛ bɔ sɛ, daakye ahenni bi bɛba a kɛtɛasehyɛ ne porɔwee biara remma mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua ho ade pii.

a Nhoma bi kyerɛ “kɛtɛasehyɛ ne porɔwee” ase sɛ obi de tumi a ɔwɔ repɛ mfaso ama n’ankasa ho.

b Onyankopɔn din ankasa ne Yehowa. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?