Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Asetena Afono Wo

Bere a Asetena Afono Wo

SƐ NNEƐMA kɔ yiye ma wo a, asetena yɛ dɛ pa ara. Nanso sɛ nneɛma kõ tia wo ma asetena fono wo nso ɛ?

Yɛmfa Sally * a ɔwɔ United States sɛ nhwɛso. Mframa kɛse bi a ɛbɔe ma ɔhweree ne nneɛma pii. Ɔkaa n’asɛm sɛ: “Eduu baabi no, na mihu sɛ anidaso nyinaa asa. Afei de, na meyɛ me ho hwee a ɛnyɛ yiye.”

Na sɛ obi a ɔbɛn wo pa ara wu nso ɛ? Janice a ɔte Australia kaa sɛ: “Bere a me mma mmarima baanu no nyinaa wui no, ebubuu me koraa. Mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛkyekye me werɛ. Mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ: ‘Afei de mabrɛ! Minnyae a anka owu de me kɔ.’”

Daniel nso, bere a ne yere faa n’akyi no, ɛhaw no pa ara. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a me yere kaa sɛ wafa m’akyi no, ɛyɛɛ me sɛ nea wɔde sekan awɔ me komam. Asɛm no hyee me, na midii yaw nna pii.”

Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛahu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw bere a nneɛma a edidi so yi mu bi ato yɛn:

Nea edi kan no, sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

^ nky. 3 Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.