Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 3 2021 | Sɛ Wopɛ Sɛ Esi Wo Yiye Daakye a, Dɛn Na Wobɛyɛ?

Dɛn na wobɛyɛ na asi wo yiye daakye? Nneɛma bɛn na ebinom yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi wɔn yiye? Sɛ yɛpɛ sɛ esi yɛn yiye daakye a, hena nko ara na obetumi aboa yɛn? Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

 

Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye

Biribi betumi asi prɛko pɛ ama biribiara adan abutuw. Ɛba saa a, ɛhefa na yebenya akwankyerɛ pa na asi yɛn yiye?

Sɛ Ebesi Wo Yiye Daakye a, Egyina Dɛn So?

Nnipa pii gye di sɛ, tumi bi wɔ hɔ a wɔmfa wɔn ani nhu, na ɛno na ɛkyerɛ nea ɛbɛto wɔn daakye. Ɛno nti wɔhwɛ nsoromma mu, wɔkɔ abisa, anaa wɔsom wɔn nananom a wɔawuwu.

Sɛ Wusua Nhoma Kɔ Akyiri Anaa Wunya Sika a, Ɛno Na Ɛbɛma Asi Wo Yiye Anaa?

Ebinom akɔ sukuu akɔ akyiri, na ebinom nso aboaboa sika pii ano. Nanso nea na wosusuw sɛ wobenya afi saa nneɛma yi mu no, wɔn nsa anka.

Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?

Onipa de, eye sɛ wobɛyɛ nneɛma pa. Nanso ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ebesi wo yiye wɔ abrabɔ mu.

Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ɛyɛ a yɛkɔ wɔn a wɔn ani afi na wonim nyansa sen yɛn hɔ kobisa wɔn adwenkyerɛ. Yɛn nso sɛ yɛpɛ sɛ esi yɛn yiye daakye a, obi a wanyin na ɔwɔ nyansa koraa sen yɛn wɔ hɔ a yebetumi akɔhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ pa.

Wo Daakye Wɔ Wo Nsam

Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si?

Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye Daakye

Wohwɛ a, dɛn na ebetumi aboa ama asi obi yiye daakye?