Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | BRETT SCHENCK

“Migye Tom sɛ Onyankopɔn na Ɔbɔɔ Nkwa”

“Migye Tom sɛ Onyankopɔn na Ɔbɔɔ Nkwa”

Ná Brett Schenck yɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nhwehwɛmufo a waben wɔ United States. Osuaa sɛnea afifide, mmoa, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia dan wɔn ho wɔn ho no ho ade. Dɛn nti na ogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ? Nyan! kyerɛwfo bisabisaa no nyansahu ne ne gyidi ho asɛm.

Ka wo ho asɛm kyerɛ yɛn.

Ná me papa yɛ mfiridwumayɛfo. Na ɔtaa de anigye ka akontaabu ne nyansahu ho asɛm kyerɛ me. Bere a meyɛ abarimaa no, na m’ani gye afifide ne mmoa a wɔwɔ asuten ne atare a ɛbemmɛn yɛn fie wɔ New Paris, Ohio, U.S.A no ho. Enti bere a mekɔɔ Purdue sukuupɔn no, mepaw sɛ mesua abusuabɔ a ɛda abɔde ahorow ntam no ho ade.

Ná w’ani gye nyamesom ho?

Yiw, na m’ani gye ho. Me papa hyɛɛ me nkuran sɛ minsua yɛn Lutheran asɔre no ho ade. Misuaa Koine kasa (Hela kasa a na nnipa dodow no ara tumi ka). Ɛka kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no ho. Minyaa obu kɛse maa Bible no.

Ná wubu adannandi nkyerɛkyerɛ no dɛn?

Ná m’asɔre a mewom gye tom. M’ayɔnkofo gye toom. Enti me nso mefaa no saa ara. Ná migye Onyankopɔn nso di. Ná misusuw sɛ gyidi abien no nyinaa yɛ biako. Ɛwom sɛ na mewɔ obu ma Bible no de, nanso mansusuw sɛ efi Onyankopɔn hɔ.

Dɛn na ɛma wosesaa adwene a wowɔ wɔ Bible ho?

Yehowa Adansefo baanu, Steve ne Sandy, bɛsraa me ne me yere, Debbie. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛwom sɛ Bible no nyɛ nyansahu nhoma de, nanso nea ɛka fa nyansahu ho no yɛ nokware paa. Sɛ nhwɛso no, ɛka fa Onyankopɔn ho sɛ: “Obi wɔ hɔ a ɔte asase kurukuruwa so.” (Yesaia 40:22) Ɛka nso sɛ: “Ɔde . . . asase asɛn nea hwee nni.” (Hiob 26:7) Saa bere no, na mede mfonini a wɔatwa wɔ ahunmu resua abusuabɔ a ɛwɔ abɔde ntam ho ade. Enti saa kyerɛw nsɛm yi kaa me koma paa. Ná wɔakyerɛw nsɛm yi dedaadaw ansa na nnipa retumi atwa asase mfonini ahu sɛ ɛnsɛn  hwee so. Bere a me ne me yere ne Steve ne Sandy resua Bible no, mibehuu nkɔmhyɛ ahorow a aba mu, afotu ahorow a mfaso wɔ so, ne nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛtɔɔ m’asom. Nkakrankakra no, mibegye toom sɛ, Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm.

Bere bɛn na wosesaa w’adwene wɔ baabi a nkwa fi bae ho?

Akyiri yi, Steve de Bible mu asɛm a emu da hɔ pefee yi kyerɛɛ me: “Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa.” (Genesis 2:7) Wɔayɛ onipa a odi kan no abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ. Eyi maa asɛmmisa yi sɔree sɛ: So Bible no ne nyansahu hyia? Steve hyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu, enti meyɛe.

Dɛn na wusuae wɔ adannandi ho?

Nneɛma pii. Sɛ mɛka biako pɛ ho asɛm a, adannandi nkyerɛkyerɛ no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ sɛnea abɔde nyaa ne mfiase. Nneɛma a nkwa wom wɔ nkwaa te sɛ koma, ahurututu, ne aniwa a ɛyɛ adwuma yiye. Afei nso, yetumi de afiri hu ‘mfiri’ nketenkete bi a ɛyɛ nwonwa wɔ nkwammoaa mu. Ɛhefa na nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi fi? Wɔn a wogye adannandi di no ka sɛ abɔde no ankasa na ɛbae efisɛ nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ saa mfiri no bi no tumi tena ase kyɛ. Nanso adwene a ɛte saa no rentumi mma asɛmmisa a edi so yi ho mmuae: Wonyaa nneɛma ho adwene no fii he? Mibehui sɛ nyansahufo pii nnye nni sɛ adannandi bua saa asɛmmisa no. Ɔbenfo bi a wasua mmoa ho ade ka kyerɛɛ me kokoam sɛ, onnye adannandi ho nsusuwii biara nni. Nanso wanka amma obiara ante efisɛ na osuro sɛ ebetumi ama n’adwuma afi ne nsa.

So nimdeɛ a wowɔ wɔ abɔde ntam abusuabɔ ho no hyɛ wo gyidi den?

Yiw, ɛhyɛ me gyidi den. Misuaa sɛnea abɔde a nkwa wom dan wɔn ho wɔn ho ho ade. Abɔde a nkwa wom wɔ asase so nyinaa dan wɔn ho wɔn ho. Yɛmfa nhwiren ne nnowa sɛ nhwɛso. Wɔayɛ nhwiren kɔla, ne huam, emu nsu, ne ne yɛbea sɛ ɛntwetwe nnowa mmra so, na nhwiren mu aba no mpete ne ho. Wɔayɛ nnowa sɛ wɔntwe nhwiren mu nsu na wɔmfa nhwiren no aba no nkɔka afifide foforo ma ɛno nso ngu nhwiren. Ɛda adi pefee sɛ, wɔyɛɛ nhwiren ne nnowa sɛ wɔmfa nea wohia mma wɔn ho wɔn ho.

‘Sɛnea asase so abɔde ahorow tumi siesie ne ho no ma migye tom sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nkwa’

Yehu sɛ obiara dan ne yɔnko wɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia no mu. Na mmoa, afifide ahorow, ne mmoawammoawa mpempem pii na wɔka bom wom. Mmoa nyinaa nya wɔn aduan ne mframa fi afifide mu, na afifide dodow no ara nso nya wɔn aduan fi mmoa hɔ. Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm nyinaa ase, ɛnna nneɛma a ɛwom no nso nyɛ den, nanso wobetumi akɔ so atena nkwa mu mfirihyia mpempem pii. Sɛ mpo sɛ biribi ma asase no fã bi sɛe a, bere bi akyi no, asase no ankasa tumi yɛ ne ho yiye bio. Sɛ misusuw sɛnea asase so abɔde ahorow tumi siesie ne ho no ho a, ɛma migye tom sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nkwa.

Dɛn na ɛma wobɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo?

Ná sɛnea adesamma abusua no resɛe asase no ho asɛm haw me paa. Minim sɛ asase so nneɛma tumi siesie ne ho de, nanso etumi sɛe. Yehowa Adansefo ma mihui sɛ, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no, Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Ná saa nsɛm no ho hia me paa. Bere a migu so resua Bible no, nkakrankakra no, mibehui sɛ, anidaso a Bible ka ho asɛm no bɛbam ampa.

M’ani gye sɛ mɛka me gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo, na me ne nyansahufo binom asua Bible no. Bere a midii mfe 55 no, mekɔɔ pɛnhyen ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya bere pii aboa nkurɔfo ma wɔate Ɔbɔadeɛ no ne n’atirimpɔw ma yɛn asase a ɛyɛ fɛ yi ase.