Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | CÉLINE GRANOLLERAS

Asaabo Ho Ɔbenfo Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Asaabo Ho Ɔbenfo Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Dɔkota Céline Granolleras, yɛ dɔkota a ɔhwɛ asaabo mu yare wɔ France. Ɔbɛyɛɛ dɔkota bɛyɛ mfe 20 akyi no, ogye toom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a odwen yɛn ho. Nyan! kyerɛwfo bisabisaa n’adwuma, ne ne gyidi ho asɛm.

Ka wo mmofraberem ho asɛm kyerɛ yɛn.

Midii mfe akron no, m’abusuafo tu fii Spain kɔɔ France. Ná m’awofo yɛ Katolekfo, nanso bere a midii mfe 16 no, na minnye Onyankopɔn nni bio. Me fam no, na ɛho nhia sɛ obi de ne ho bɛhyɛ nyamesom mu. Sɛ ɛyɛ na sɛ obi bisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na nkwa fii ase bere a Onyankopɔn biara nni hɔ a, nea na meka ara ne sɛ, “Seesei de, nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛ mu, nanso da bi bɛba a wobehu.”

Dɛn na ɛma wusuaa asaabo mu ɔyare ho ade?

Mekɔɔ dɔkotafo sukuu wɔ Montpellier, France. Ɔbenfo bi a na ɔwɔ hɔ ka kyerɛɛ me sɛ minsua asaabo ho ade. Ná adwuma no hwehwɛ sɛ meyɛ nhwehwɛmu na mesan hwɛ ayarefo. Ná m’ani gye adwuma no ho paa. Wɔ afe 1990 mu no, mekɔkaa wɔn a na wɔreyɛ aduru a ɛboa ma mogya nkwammoaa kɔkɔɔ tumi dɔɔso ntɛmntɛm (EPO) wɔ yɛn nnompe mu no ho. Saa bere no, na ɛyɛ ade foforo koraa a wɔreyɛ mu nhwehwɛmu.

Dɛn na ɛma wufii ase dwennwen Onyankopɔn ho?

Wɔ afe 1979 mu no, Yehowa Adansefo fii ase ne me kunu Floréal, suaa Bible no. Nanso na m’ani nnye ho. Nyamesom fonoo me wɔ me mmofraberem. Nanso me kunu ne mmofra no nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo, na anni nna ahe koraa na yɛn nnamfo nyinaa bɛyɛɛ Adansefo. Wɔn mu biako a wɔfrɛ no Patricia no hyɛɛ me nkuran  sɛ, ɛyɛ a memmɔ mpae. Ɔkae sɛ, “Sɛ obi nni soro hɔ a, merenhwere hwee, nanso sɛ obi wɔwɔ hɔ nso a, mehu nea ebesi.” Mfe bi akyi no, mifii ase dwennwen asetena ho, na mekaee Patricia nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Mifii ase bɔɔ mpae hwehwɛɛ ntease.

Dɛn na ɛma wudwennwen asetena ho?

Amumɔyɛfo ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe so wɔ New York no ma mifii ase dwennwen nea enti a bɔne ahyɛ asase so ma saa no ho. Mekae sɛ: ‘Ɔsom mu basabasayɛ ama yɛn anidaso asa. Nanso me de, na minni haw, efisɛ na nnipa a wɔatwa me ho ahyia nyinaa yɛ Yehowa Adansefo, nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Wɔnyɛ basabasa. Wodi Bible akwankyerɛ akyi. Misusuw ho sɛ, dɛn nti na menhwehwɛ nea Bible ka no mu?’ Enti, mifii ase kenkan Bible no.

Sɛ́ Dɔkota no, so na ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Dabi. Ná mewɔ obu kɛse ma sɛnea wɔayɛ yɛn nipadua ma ɛyɛ nwonwa no. Sɛ mfato ho no, sɛnea asaabo no tumi di nkwammoaa dodow a ɛwɔ yɛn mogya mu ho dwuma no yɛ nwonwa ankasa.

Dɛn nti na woka saa?

Ɛkaa me ma mibehui sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ ade a ɛyɛ nwonwa sɛɛ

Sɛnea ebia wunim no, nkwammoaa kɔkɔɔ na ɛde mframa pa (oxygen) fa yɛn nipadua mu. Sɛ mogya tu wo pii anaa woforo kɔ sorosoro a, mframa pa a ɛwɔ wo nipadua mu no so bɛtew. Biribi wɔ yɛn asaabo mu a etumi hu mframa pa dodow a ɛwɔ yɛn mogya mu. Sɛ asaabo no hu sɛ mframa pa a ɛwɔ yɛn mogya mu no so atew a, ɛkanyan EPO no ma yɛn mogya no dɔɔso ntɛmntɛm. EPO no kanyan dompe mu hon no ma ɛma mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ pii ba nipadua no mu, na ɛde mframa pa akɔma akwaa no nyinaa. Ɛyɛ nwonwa paa! Wubegye adi sɛ, mede mfe du na esuaa eyi ho ade ansa na ɛreka me ma mabehu sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ ade a ɛyɛ nwonwa sɛɛ!

Ná wubu Bible no dɛn?

Ná makenkan abakɔsɛm ne ayɛsɛm nhoma ahorow a agye din bebree, nanso bere a mifii ase sɛ merekenkan Bible no ara pɛ na mihui sɛ ɛyɛ soronko. Wotumi de emu afotu di dwuma ma enti wuhu sɛ obi a ɔkorɔn sen onipa na ɔkyerɛwee. Onipa a ɔmaa me ho dwiriw me paa ne Yesu. Mihui sɛ ɔyɛ onipa a watena ase pɛn ankasa. Ná otumi da ne nkate adi na na ɔwɔ nnamfo nso. Esiane sɛ na mempɛ sɛ mede Yehowa Adansefo nhoma yɛ nhwehwɛmu nti, bere biara a nsɛmmisa bi bɛsɔre no, mede nsɛm asekyerɛ nhoma akɛse na na edi dwuma.

Dɛn ho nhwehwɛmu na woyɛe?

Meyɛɛ abakɔsɛm nhoma ahorow mu nhwehwɛmu . . . Awiei koraa no, mibehui sɛ Bible nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ

Ade biako a ɛno nso maa me ho dwiriw me ne sɛnea Bible hyɛɛ afe a na wɔbɛbɔ Yesu asu ho nkɔm no. Ɛkyerɛ mmere dodow a ebegye fi Persia hene Artasasta nniso afe a ɛto so 20 so besi afe a Yesu de ne ho mae sɛ Mesia no mu pɛpɛɛpɛ. * Nneɛma mu nhwehwɛmu a mɛyɛ no nyɛ me den—ɛka m’adwuma ho. Enti meyɛɛ abakɔsɛm nhoma ahorow mu nhwehwɛmu de hwehwɛɛ bere a Artasasta dii ade ne bere a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no mu. Awiei koraa no, mibehui sɛ Bible nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ, na Onyankopɔn honhom na ɔma wɔde kyerɛwee.

^ nky. 19 Hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu wɔ kratafa 197-199.