Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A WOBISABISA | ELDAR NEBOLSIN

Sankubɔfo Bi Kyerɛkyerɛ ne Gyidi Mu

Sankubɔfo Bi Kyerɛkyerɛ ne Gyidi Mu

Eldar Nebolsin a ofi Uzbekistan no yɛ sankubɔfo a wagye din wɔ aman pii so. Sɛ́ obi a ne nkutoo bɔ sanku no, ɔne nnwontofo akuw abɔ nnwom wɔ London, Moscow, St. Petersburg, New York, Paris, Rome, Sydney, Tokyo, ne Vienna. Wɔtetee Eldar wɔ Soviet Union na onyin bɛyɛɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso akyiri yi obegye toom sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ na ɔbɔɔ nnipa. Nyan! kyerɛwfo bisabisaa ne nnwom ne ne gyidi ho asɛm.

Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ dwontofo?

M’awofo nyinaa yɛ sankubɔfo. Wofii ase kyerɛɛ me sɛnea wɔbɔ sanku bere a na madi mfe anum. Akyiri yi, mekɔɔ sukuu kosuaa nnwonto kɔɔ akyiri wɔ Tashkent.

Ka sɛnea ɛyɛ den sɛ wo ne nnwontofo kuw bɛbɔ nnwom ho asɛm kyerɛ yɛn.

Ɛsono sɛnea nnwontofo kuw biara yɛ wɔn ade. Wɔte sɛ nnwinnade akɛse a wɔde bɔ nnwom a nnwom akwankyerɛfo “bɔ.” Ɛkame ayɛ sɛ sankubɔfo haw kɛse ara ne ɔkwan a ɔbɛfa so adi ɔkwankyerɛfo no akyi pɛpɛɛpɛ. Ɛte sɛ nnamfo ntam nkɔmmɔbɔ—sɛ́ anka obiako begye nkɔmmɔ no abɔ so no, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ka bi. Mpɛn pii no, pɛnkoro anaa mprenu pɛ na mubetumi ahyia abobɔ so.

Bere dodow ahe na wode siesie wo ho?

Anyɛ yiye koraa no, da biara mede nnɔnhwerew abiɛsa—ɛnyɛ nnwom no afã a ɛyɛ den no nko na mede sua. Misua sɛnea wɔahyehyɛ nnwom a merebɛbɔ no—nanso memmɔ wɔ sanku so. Ade foforo nso a meyɛ ne sɛ metie nea ɔhyehyɛɛ nnwom no nnwom afoforo, na ɛno ma mete nnwom a merekɔbɔ no ase yiye.

Dɛn na ɛma wohu obi sɛ ɔyɛ sankubɔfo pa?

Sɛnea otumi de adakabɛn “to dwom” no. Ma menkyerɛkyerɛ mu. Adakabɛn yɛ nnwonto adwinnade a wɔde nsa bɔ. Sɛ wumia so a, sɛ́ anka ebegyigye akɔ soro no, ɛba fam mmom—ɛnte sɛ abɛn ahorow anaa onipa nne nnyigyei a etumi gyina so kyɛ anaa ɛkɔ soro no. Sankubɔfo haw kɛse ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ nnwom nnyigyei no renkɔ fam. Wɔde wɔn nsateaa, wɔn nsakɔn ne dade bi a wɔde wɔn nan nifa tiatia  so di dwuma ahokokwaw so ma ɛtwetwe nnyigyei no mu, na ɛsakra sakra mu. Sɛ sankubɔfo tɔ wɔn bo ase sua akwan a ɛyɛ den yi yiye a, wobetumi abɔ adakabɛn ma agyigye te sɛ atɛntɛbɛn, torobɛnto anaa nnwontofo kuw a wɔde wɔn nnwinnade regyigye nnwom ho mpo. Wobetumi abɔ ma agyigye te sɛ onipa nne—adwinnade a wɔde bɔ dwom a ɛsen biara no.

Ɛda adi sɛ wopɛ nnwom papaapa.

Me fam no, nnwom yɛ ɔkwan a wɔfa so da nea ɛwɔ obi komam a ontumi nka anaa ontumi mfa nsɛm nkyerɛ mu ankasa adi.

Dɛn na ɛmaa w’ani begyee Onyankopɔn som ho?

Ná nhoma ahorow a me papa de fii Moscow bae no ahyɛ yɛn fie ma. Nhoma biako a na m’ani gye ho paa no ka Bible mu nsɛm a ɛfa adebɔ mfiase ne Israelfo ho. Nhoma foforo a mihui ne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, a Yehowa Adansefo tintimii no. * M’ani gyee sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nneɛma mu pefee wom no ho. Bere a mitu kɔɔ Spain wɔ afe 1991 mu kosuaa dwonto no, mede saa nhoma no kɔe na mekenkan no mpɛn pii. Mihuu ɔsom mu gyidi bi a ennyina nkate kɛkɛ so na mmom egyina ntease pa ne adanse a edi mu so.

Nkyerɛkyerɛ a ɛmaa me ho dwiriw me koraa ne Bible mu bɔhyɛ a ɛka sɛ nnipa betumi atena ase daa wɔ asase so no. Saa asɛm no tɔ asom paa! Nanso saa bere yi nyinaa na minhyiaa Yehowa Adansefo. Enti mebɔɔ me tirim sɛ, me ne wɔn hyia a, mɛma wɔne me asua Bible.

Ɛyɛɛ dɛn na wuhyiaa Adansefo no?

Meyɛɛ m’adwene saa no, ankyɛ na mihuu mmabaa baanu bi a wɔn nyinaa kura Bible. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Nkurɔfo yi sɛ nnipa a mekenkan wɔn ho asɛm wɔ me nhoma no mu no. Wɔreka asɛmpa no sɛnea Kristofo yɛe tete no ara pɛ.’ Ankyɛ koraa na me ne Ɔdansefo bi fii Bible adesua ase. Ɛnnɛ, nea ɛma m’ani gye paa ne sɛ mereboa afoforo ma wɔasua yɛn Bɔfo no ho ade.

Dɛn na ɛmaa afei wubegyee Ɔbɔadeɛ no dii?

Ɛyɛ nnwom. Ɛkame ayɛ sɛ mmoa ne nnipa nyinaa pɛ nnwom, nanso mmoa nto nnipa koraa. Nnwom tumi ma yɛda anigye, ahotoso, ayamye ne nkate afoforo nyinaa bi adi. Nnwom nnyigyei tumi twetwe yɛn. Nanso, sɛ nnwom nni hɔ a, yɛrentumi ntena ase anaa? So ɛne nea adannandifo kyerɛ sɛ “nea ne ho yɛ den na ɔkɔ so tena ase” no wɔ abusuabɔ? Minsusuw saa. Wɔ me fam no, ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ sɛnea onipa amemene tumi ma yɛyɛ nnwom, na yɛn ani tumi gye nnwom a nnipa te sɛ Mozart ne Beethoven bɔe ho no, nam adannandi so na ɛbae. Nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ na ntease wom paa ne sɛ yɛbɛka sɛ, Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔwɔ ɔdɔ na ɔbɔe.

Bible no te sɛ nnwom a wɔahyɛ da ahyehyɛ no yiye a etumi kanyan nnipa nyinaa

Dɛn na ɛma wubegye dii sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ?

Bible no yɛ nhoma nketewa 66 a nnipa bɛyɛ 40 de mfe bɛboro 1,600 kyerɛwee. Mibisaa me ho sɛ, ‘Hena na ɔma wɔkyerɛw nhoma soronko a emu nsɛm hyia sɛɛ?’ Mmuae a ɛtɔ asom ara ne sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn. Me fam no, Bible no te sɛ nnwom a wɔahyɛ da ahyehyɛ no yiye a etumi kanyan nnipa nyinaa.

^ nky. 15 Seesei nhoma a Yehowa Adansefo ne afoforo sua ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Wubetumi ahu wɔ www.ps8318.com.