Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Asumansɛm

Asumansɛm

Enti ɛyɛ bɔne sɛ yɛne obi a wawu bɛkasa?

“Monnkɔ adebisafo . . . nkyɛn mmfa wɔn nngu mo ho fĩ.”Leviticus 19:31.

NEA NKURƆFO KA

Onipa biara pɛ sɛ ohu sɛ ne ho nipa bi a wawu nni amanehunu mu, na ntease wom. Enti ɛyɛ a wɔka sɛ: “Mɛkɔ osumanni bi hɔ akɔhwɛ sɛ ɔrehu amane anaa. Ebia mɛte ne ho asɛm ama me koma atɔ me yam.”

NEA BIBLE KA

Bible wae asɛm no anim ma yehu sɛ nkurɔfo fi bisaa awufo ase nyɛ nnɛ. Wo deɛ, hwɛ mmara bi a Yehowa Nyankopɔn de maa Israelfo no. Ɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔkɔ abisa . . . anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.” (Deuteronomium 18:10-12) Bio nso, Bible ka sɛ obiara a odi asumansɛm biara “rennya Onyankopɔn ahenni.”Galatifo 5:19-21.

 Enti awufo betumi ayɛ ateasefo biribi?

“Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnkafo 9:5.

NEA NKURƆFO KA

Nnipa pii ka sɛ, sɛ obi wu a, ɔdan biribi foforo. Enti ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔne awufo kasa na wɔte biribi fi wɔn hɔ. Ɛtɔ da nso a, wɔyɛ biribi ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ wɔn bɔne bi.

NEA BIBLE KA

“Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dedaw.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 6) Kae sɛ ateasefo na wotumi dɔ obi, tan obi na wɔtwe ninkunu. Enti nea Bible ka ara ne sɛ, onipa wu a, na wawu. Obi wu a n’adwene nyɛ adwuma bio, ontumi nkeka ne ho mpo na wasom Onyankopɔn. Dwom 115:17 ka sɛ: “Ɛnyɛ awufo na woyi [Onyankopɔn] ayɛ, anaa wɔn a wɔkɔhyɛ fam komm no.”

Ɛtɔ da a asumanfo tumi ka nsɛm bi a ɛyɛ nokware; ɛno nso ɛ?

“Awufo nkyɛn na mokɔ abisa ma ateasefo?”—Yesaia 8:19.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom ka sɛ asumanfo tumi ka nea wawu no abusua mu nsɛm bi a ɛhyɛ toa mu anaa asɛm bi a ne nnamfo nko ara na wonim.

NEA BIBLE KA

Bible ma yehu wɔ 1 Samuel ti 28 sɛ Ɔhene Saul de Onyankopɔn mmara too nkyɛn kɔɔ abisa. Ɔkɔɔ ɔbea sumanni bi nkyɛn. Ɔbea no yɛɛ ne ho sɛnea ɔne Onyankopɔn akoa Samuel a wawu no na ɛrekasa. Nanso ɛyɛ ampa ara sɛ ɔne Samuel kasae? Ɛrentumi mma saa da! Mmom obi na ɔyɛɛ ne ho dua-buroni de Samuel anim duraa n’anim ne ɔbea no kasae.

Satan a ɔyɛ “atoro agya” no, n’abɔfo no bi na ɔyɛɛ ne ho saa dua-buroni no. (Yohane 8:44) Adɛn nti na adaemone anaa abɔfo bɔne no pɛ sɛ nkurɔfo gye di sɛ, sɛ nnipa wu a na wonwui? Wɔpɛ sɛ wɔsɛe Onyankopɔn din na wɔma nkurɔfo ka sɛ N’Asɛm Bible nka nokware.2 Timoteo 3:16.

Enti nea yɛreka yi kyerɛ sɛ nnipa wu a, na asa? Ɛnyɛ saa koraa na ɛkyerɛ! Bible hyɛ bɔ sɛ daakye wɔn a ‘wɔadeda’ wɔ adamena mu no bɛsɔre. * (Yohane 11:11-13; Asomafo Nnwuma 24:15) Seesei deɛ, yegye di paa sɛ yɛn ho nnipa a wɔawuwu nni amanehunu biara mu. ▪

^ nky. 16 Hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 7. N’asɛmti ne “Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No.”