Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU

Ɛmmoa Wɔ Hɔ

Ɛmmoa Wɔ Hɔ

“Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”—1 PETRO 5:7.

Sɛ wuhyia ɔhaw bi a ɛboro wo so a, anhwɛ a nea ɛbɛba wo tirim ara ne sɛ ɔbrɛ twa wuo. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo.

Mpaebɔ. Mpae nyɛ biribi a yɛde te yɛn haw so kɛkɛ anaa biribi a yɛyɛ bere a anidaso nyinaa asa no. Mmom ɛyɛ nkɔmmɔ a yefi yɛn komam ne Yehowa Nyankopɔn bɔ. Yehowa dwene yɛn ho, na ɔpɛ sɛ yɛka yɛn haw nyinaa kyerɛ no. Bible tu yɛn fo sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.”—Dwom 55:22.

Adɛn na ɛnnɛ wommɔ Onyankopɔn mpae? Bɔ ne din Yehowa no, na ka wo komam asɛm kyerɛ no. (Dwom 62:8) Yehowa pɛ sɛ yɛfa no adamfo. (Yesaia 55:6; Yakobo 2:23) Wubetumi abɔ Onyankopɔn mpae bere biara ne baabiara a wowɔ.

Amerika asoɛe a ɛboa nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho ahu sɛ “nnipa pii a wokum wɔn ho no, wuyi ɔha biara a, na emu 90 anaa nea ɛboro saa wɔ adwenemhaw. Wobɛhwɛ mu no, na ne nkurɔfo nnim anaa adɔkotafo anhu, na wohui mpo a wɔansa no yiye”

Ebinom Dwene Wo Ho. Nkurɔfo dwene wo ho paa. W’abusuafo ne wo nnamfo dwene wo ho. Ebi mpo a, wɔayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wo. Nnipa bi nso wɔ hɔ a wunhyiaa wɔn da, nanso wɔpɛ w’asɛm paa. Wɔn mu bi ne Yehowa Adansefo. Sɛ wɔkɔ asɛnka a, wotumi hyia nkurɔfo a abrabɔ ama wɔn ani atan. Ɛyɛ a ebinom mpo ka kyerɛ wɔn sɛ wɔabrɛ enti wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho. Afie ne afie a Yehowa Adansefo kɔ nti, wotumi boa nnipa a wɔte saa. Yehowa Adansefo suasua Yesu, enti wɔdwene wɔn yɔnko nnipa ho; wɔdwene wo ho paa.—Yohane 13:35.

Adɔkotafo tumi boa. Sɛ obi nya adwene sɛ obekum ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wanya adwenemhaw. Adwenemhaw te sɛ yare biara, enti sɛ wowɔ bi a, ɛnsɛ sɛ wofɛre ho. Ebinom kyerɛ sɛ adwenemhaw te sɛ “papu”; etumi yɛ obiara na wosa nso a, ɛyɛ yiye. *

KAE SAA ASƐM YI: Sɛ wunya adwenemhaw a, wo nko ara wuntumi nsa yare no. Sɛ woma obi sɔ wo mu a, ebetumi ayɛ yiye.

NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Hwehwɛ dɔkota bi a waben a otumi sa adwenemyare.

^ nky. 8 Sɛ esisi wo so sɛ kum wo ho a, hwehwɛ mmoa. Wubetumi akɔ ayaresabea; animdefo wɔ hɔ a wɔbɛboa wo.