Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƐYƐƐ DƐN NA NKWA BAEƐ?

Nsɛmmisa Mmienu a Ɛsɛ sɛ Yɛsusu Ho

Nsɛmmisa Mmienu a Ɛsɛ sɛ Yɛsusu Ho

1 Ɛyɛɛ Dɛn na Nkwa Fii Aseɛ?

NEA EBINOM KA. Nkwa fi biribi a nkwa nnim mu na ɛbaa prɛko pɛ.

NEA ENTI A NNIPA BI NNYE MMUAEƐ NO NTOM. Seesei nyansahufoɔ akɔ wɔn anim paa; wɔnim nkwa ho nneɛma nketenkete pii sen kane no. Nanso sɛ wobisa wɔn sɛ, ‘Dɛn paa ne nkwa?’ a, na wɔretoto paapaa so. Sɛ wode ade ketewaa bi a nkwa wom toto biribi a nkwa nnim ho a, wohu sɛ nsonsonoeɛ kɛseɛ da ntam.

Wobisa nyansahufoɔ sɛnea na nneɛma te wɔ asase so mfe ɔpepe pii a atwam no a, nea wɔbɛtumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn tirim aka biribi. Sɛ wɔrekyerɛ baabi a nkwa fii aseɛ a, wohu sɛ wɔn adwene nhyia. Ebinom se bepɔ bi na ɛpaeɛ na nkwa fii mu baeɛ. Afoforɔ nso se nkwa fii aseɛ wɔ ɛpo ase. Nyansahufoɔ bi nso susu sɛ nneɛma a ɛka bom yɛ nkwa no fii aseɛ wɔ baabi na ɛnenam wiem ara bɛduu asase so. Nanso wei pia asɛm no to baabi kɛkɛ; ɛmma yɛnhu sɛnea nkwa fii aseɛ.

Nyansahufoɔ ka sɛ nneɛma nketenkete bi na ɛkeka boom bɛyɛɛ nkwammoaa a wɔnim no nnɛ no. Wɔkyerɛ a, nneɛma nketenkete a nkwa wom no fi nneɛma a nkwa nnim mu baa prɛko pɛ, na ɛtumi nya ne nsɛsoɔ pii. Nanso nyansahufoɔ nni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ na saa nneɛma nketenkete no wɔ hɔ, na wɔntumi nyɛɛ bi nso.

Abɔdeɛ a nkwa wom tumi kora nsɛm so de yɛ adwuma ma ɛyɛ nwanwa. Wɔahyehyɛ nkwaboaa biara ma ɛdi dwuma pɔtee bi, na ɛdi “akwankyerɛ” so pɛpɛɛpɛ. Nyansahufoɔ bi de awosu a ɛwɔ nkwammoaa mu no toto kɔmputa mu nsɛm ho, na wɔde sɛnea wɔahyehyɛ nkwammoaa no nso toto kɔmputa afidie no ankasa ho. Nanso nea ɛyɛeɛ a nkwammoaa nyaa awosu a ɛte saa deɛ, nyansahufoɔ ntumi mfa adannandie nkyerɛkyerɛ mu.

Nkwaboaa biara hia nneɛma nketenkete a wɔfrɛ no protein molecule na atumi ayɛ adwuma. Sɛ yɛfa protein molecule baako a, yɛhu sɛ wɔahyehyɛ amino acid pii wom. Bio nso, sɛ protein molecule bɛtumi ayɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɛdanedane kɔsi sɛ ɛbɛnya afa mmiɛnsa. Enti nyansahufoɔ bi si no pi sɛ yɛrentumi nka sɛ protein molecule baako mpo bi wɔ hɔ a ɛno ara na ɛbaeɛ. Nwomanimfoɔ bi a ɔde Paul Davies kaa sɛ: “Esiane sɛ nkwaboaa biara hia protein ahodoɔ ahodoɔ pii nti, yɛrentumi nka sɛ nkwaboaa no ara na ɛbaeɛ.”

DƐN NA YƐBƐKA? Nyansahufoɔ de mfie pii ayɛ nhwehwɛmu, na nea abɛda adi ara ne sɛ nkwa fi nkwa mu na ɛba.

2 Ɛyɛɛ Dɛn na Abɔdeɛ Ahodoɔ Baeɛ?

NEA EBINOM KA. Berɛ a adeɛ a ɛdi kan a nkwa wom baeɛ no, ɛdanedanee kɔsii sɛ nneɛma afoforɔ fii mu baeɛ. Ɛdidi mu ara na nnipa baeɛ. Yɛnim sɛ ɔkɔtɔ nwo anomaa, nanso ɔkwan bi so no, nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ɔkɔtɔ bɛtumi awo anomaa ma ayɛ yie.

NEA ENTI A NNIPA BI NNYE MMUAEƐ NO NTOM. Nkwammoaa bi ho nsɛm mu dɔ sen afoforɔ. Nwoma bi kyerɛ sɛ, sɛ woyi nea ɛyɛeɛ a nkwa baeɛ to nkyɛn a, ade foforɔ a ɛkyere nyansahufoɔ adwene ne ɔkwan a nkwaboaa bi nyini paapae nya afã ahodoɔ pii.

Nyansahufoɔ ahu sɛ nkwaboaa biara te sɛ ɛdan kɛse bi a mfidie ahodoɔ ahodoɔ wom a ebiara yɛ n’adwuma kama. Nnwuma a ɛyɛ no bi nie: Nkwaboaa no hwɛ ma nnuannuro dane ahoɔdennuro, ɛsiesie nkwaboaa no fã a atɔ kyima, na ɛhwɛ ma n’afã nyinaa yɛ adwuma yie. Sɛ yɛhwɛ asɛm yi a, hwan na ɔbɛtumi aka paa sɛ wei nyinaa baeɛ ara kwa? Nokwasɛm nie, nnipa pii dwene adannandie ho a, ɛnsene wɔn tirim.

Mmadwoa baako na ɛnyini bɛyɛ nnipa, na saa ara na mmoa nso teɛ. Nkwaboaa baako tumi paapae bɛyɛ nipadua akwaa ahodoɔ. Adannandifoɔ ntumi nkyerɛ nea ɛyɛeɛ a nkwaboaa biara “hu” sɛ ɛsɛ sɛ ɛkɔyɛ ani, ano, nsa, ne nea ɛkeka ho.

Seesei, nyansahufoɔ abɛhu sɛ ansa na aboa bi bɛtumi adane abɛyɛ aboa foforɔ no, gye sɛ nneɛma bi sesa wɔ nkwaboaa no mu fi mfiaseɛ pɛɛ. Nanso wobisa adannandifoɔ nea ɛyɛeɛ a nkwaboaa ketewaa baako mpo baeɛ a, wɔntumi nkyerɛ. Sɛ saa a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi aka sɛ ɛnam adannandie so na mmoa ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa baeɛ? Ɔbenfoɔ bi a ɔde Michael Behe kaa sɛ, “nhwehwɛmu ama nyansahufoɔ ahu nneɛma pii a ɛyɛ nwanwa wɔ mmoa ho. Nanso ɛbɛsi nnɛ, wɔnkaa biribiara a ɛtɔ asom a ɛkyerɛ sɛ saa mmoa yi nyinaa baeɛ ara kwa.”

Nnipa tumi dwene, na wotumi susu nsɛm ho hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔwɔ su bi te sɛ adɔeɛ, ahofama, na wɔnim nea ɛtene ne nea ɛntene. Adannandifoɔ ntumi nka sɛ saa su a ɛwɔ nnipa ho yi nyinaa baeɛ ara kwa.

DƐN NA YƐBƐKA? Nnipa pii susu sɛ ɛnam adannandie so na nkwa baeɛ, nanso ebinom ne wɔn nyɛ adwene. Nsɛm a adannandifoɔ ka fa nkwa ne nea ɛyɛeɛ a ɛbaeɛ ho no ntɔ nnipa pii asom.