Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Nnua Kyekyɛ Bere Mu

Sɛnea Nnua Kyekyɛ Bere Mu

NNUA nam kwan bi so twe biribi fi awia mu de yɛ aduane. Nanso nwomanimfoɔ ahu sɛ ɛnyɛ ɛno nko ara na nnua yɛ. Mmom nnua tumi sese bere a ɛsɛ sɛ ɛdi aduane no ansa na adeɛ akye.

Susu ho: Ɛduru awiabere a, nnua twe mframa (carbon dioxide) de fra nneɛma yɛ aduane. Ɛduru anadwo a, nnua pii di aduane a ayɛ no. Wei ma ɛnya ahoɔden de nyini na ɛsow aba. Nanso anikasɛm ne sɛ, nnua yi wɔ bere pɔtee a ɛsɛ sɛ ɛdi aduane no ansa na adeɛ akye. Ɛnni ne nyinaa prɛko pɛ, na saa ara na ɛntena ho nkyɛ dodo. Ɛkyekyɛ bere no mu pɛpɛɛpɛ, enti adeɛ nkye no, na adi awie ara ne sa; afei na afi ase reyɛ aduane foforo.

Animdefo de nhwiren bi a ɛde Arabidopsis thaliana na ɛyɛɛ nhwehwɛmu. Wɔhuu sɛ saa nhwiren yi kyekyɛ aduane a ɛdi no mu pɛpɛɛpɛ ansa na adeɛ akye. Sɛ anadwo no tenten yɛ dɔnhwere 8, 12, anaa 16 oo, ɛbɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ. Ɛhwɛ aduane dodow a ɛwɔ na akyekyɛ bere a ɛde bɛdi no mu.

Dua yɛ dɛn hu nnuane dodow a ɛwɔ? Ɛyɛ dɛn kyekyɛ bere mu anaa ɛbu bere? Ebia daakye na yɛbɛhu.

Wosusu ho sɛn? Ɛyɛ dɛn na nnua tumi yɛ wei nyinaa? Ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?