Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aduan a Ɛne Wo Ho Nnye ne Nea Wo Yafunu Mpɛ—Nsonsonoe Bɛn na Ɛwom?

Aduan a Ɛne Wo Ho Nnye ne Nea Wo Yafunu Mpɛ—Nsonsonoe Bɛn na Ɛwom?

Emily: “Mede aduan no kɔɔ m’ano araa na mede atere no too hɔ. Afei na m’anom keka me, me tɛkrɛma ayɛ duduudu, mehome a ensi so; na m’ani so biri me. Ɛpɔ guu me nsa ne me kɔn ho nyinaa. Ná ɛyɛ me sɛ ɛnyɛ hwee, nanso mehwɛ a na ani sõsõ, enti ntɛm ara na mekɔɔ ayaresabea.

NNIPA bebree hu aduan a na wɔn ho tɛ wɔn. Nanso ebinom ani bɔ aduan bi so a, asɛ wɔahu “kakae.” Wɔn asɛm te sɛ Emily; aduan no ne wɔn ho nnye. Sɛ obi di aduan na ɛyɛ no sɛnea ɛyɛɛ Emily no a, Borɔfo mu wɔfrɛ no anaphylaxis; ɛyɛ biribi a ɛyɛ hu paa. Nanso anigyesɛm ne sɛ nnipa kakraa bi na nnuan tumi yɛ wɔn saa.

Nnansa yi nnipa pii ano da mu sɛ wodi nnuan bi a ɛhaw wɔn. Nanso animdefo ayɛ nhwehwɛmu abehu sɛ nnipa bebree de wɔn adwene na ebu sɛ nnuan bi nyɛ mma wɔn; dɔkota biara nkaa hwee nkyerɛɛ wɔn.

Yɛka sɛ Aduan ne Obi Ho Nnye a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Wubisa animdefo a, ɛsono nea obiara bɛka. Ɔbenfo bi a ɔde Jennifer J. Schneider Chafen ne nyansahufo bi yɛɛ nhwehwɛmu, na wɔkaa sɛ, ‘yenni asɛmmisa yi ho mmuae pɔtee.’ (The Journal of the American Medical Association) Nanso nnipa pii gye tom sɛ nnuan bi wɔ hɔ a nipadua no ara na ɛmpɛ.

Ɛnde, dɛn na ɛwɔ nnuan bi mu a ɛne nipadua no di asi? Yɛfrɛ no protein. Ebinom wɔ hɔ a wɔn nipadua ne protein yi te ‘adowa nhoma so’; wɔn ani nhyia koraa. Adɛn nti na ɛba saa? Nipadua no bu protein no bi sɛ ne tamfo, enti sɛ aduan tɔ obi yam na ebi wom a, na nipadua no apɛ “asogyafoɔ” (antibodies) a yɛfrɛ wɔn IgE a ɛbɛko ama no. Wei na ɛde ɔhaw no ba. Sɛ aduan nya tɔ obi yam a, na asogyafoɔ yi ama wɔn homene so; wɔyɛ aduru bi a yɛfrɛ no histamine.

Wohwɛ mu a anka histamine nyɛ ade bɔne biara, nanso histamine a IgE asogyafoɔ yɛ no nko ara deɛ, bere a anka ɛsɛ sɛ ɛbɔ nipadua no ho ban no, ɛma ebinom ho yeraw wɔn. Nea enti a ɛte saa deɛ, nyansahufo mpo nnim. Nea yenim ara ne sɛ, sɛ obi di aduan bi na ɛne histamine yi hyia a, na asɛm aba fie.

Wei nti, wudi aduan bi da a edi kan a, ebia ɛrenhaw wo, nanso sɛ wopɛ wo ho asɛm kodi bio a, na asɛm aba.

Yɛka sɛ Wo Yafunu Mpɛ Aduan Bi a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Yɛahu sɛ nnuan bi ne ebinom ho nnye koraa. Nanso ebinom deɛ, yɛrentumi nka sɛ aduan no ne wɔn ho nnye, na mmom wɔn yafunu na ɛmpɛ. Nsonsonoe kakra a ɛwom ne sɛ, nea ɛne obi ho nnye no deɛ nipadua no mpɛ koraa. Nanso nea yafunu no mpɛ no deɛ, ebia na yafunu no brɛ ansa na ayɛ ho adwuma. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom di biribi a milk wom a, wɔn yafunu ntumi nyɛ ho adwuma yiye, enti ɛyɛ a wohu amane.

Sɛ obi yafunu mpɛ biribi a, ɛnde ne yafunu ara na ɛmpɛ. Wei deɛ ɛnyɛ antibodies asɛm koraa. Enti sɛ wudi aduan bi da a edi kan a, ebetumi ahaw wo. Sɛ obi yafunu mpɛ biribi a, ne papa mu ne sɛ obedi ketewaa bi. Ebia odi kakra a, ɛrenhaw no. Nanso sɛ ɛkɔba sɛ aduan bi ne obi ho nnye a, ketekete koraa tɔ ne yam a, asɛm aba.

Dɛn na Ɛbɛkyerɛ?

Sɛ obi di aduan a ɛne ne ho nnye koraa a, dɛn na ebetumi aba? Ebia ne ho bɛkeka no, ɛpɔ begu no, ne menem bɛhon, n’ani bɛsoasoa, ne tɛkrɛma bɛyɛ kuro anaa ɛbɛtwe, ne bo bɛfono no, ɔbɛfe, anaa ne yam betu. Edu baabi mpo a, na ayɛ nkwa ne owu asɛm; ebia n’ani so bebiri no ama no atwa ahwe. Ebinom wɔ hɔ a, nea ehia ara ne sɛ aduan no bɛka wɔn ano, na nea edi so di so.

Yɛreka paa a, ɛnyɛ aduan baako na ɛkɔfa ba, nanso nea ɛtaa haw nkurɔfo paa ne nufusu (milk), kosua, apataa, mmɔnkɔ, nkate, adua, nnuaba, ne awi. Aduan a yɛreka yi nnim panyin nnim akwadaa; sɛ ɛbɛhaw wo a, ɛbɛhaw wo. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, ɔhaw no bi fi abusua mu. Sɛ abofra bi awofo wɔ bi a, ebia ɔno nso benya bi. Nanso nkwadaa bi wɔ hɔ a, wonyin a etumi gyae.

Ɛnde sɛ ne yafunu na ɛmpɛ aduan no nso ɛ? Yɛbɛka a, ɛno deɛ, ɛntaa nni awu. Ebia ne yam bɛyɛ no yaw anaa n’afu bɛhyɛ, ne ti bɛpae no, nsaa begu no, ɔbɛyɛ mmerɛw, anaa ne ho bɛyɛ no basaa. Nnuan a ɛtaa de ba no bi ne milk, esiam, nsã, ne yeast.

Ano Aduru

Sɛ ɛyɛ wo sɛ aduan bi nyɛ mma wo a, ne papa mu ne sɛ wubehu dɔkota. Ɛntena fie nyɛ wo ho dɔkota ntuatua wo ho nnuan. Wobɛhwɛ mpo ebia na ɛno na eye ma wo.

Nanso ɛbɛda adi sɛ aduan pɔtee bi ne wo ho nnye koraa a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wugyae di. Yɛreka yi, adɔkotafo adwene nsi pi sɛ aduru wei anaa wei na ebetumi agye obiara. * Sɛ wo yafunu ara na ɛmpɛ nso ɛ? Ɛnde nni ntoatoa so, na wubedi nso a, nni no pii. Ɛtɔ da a ebehia sɛ wugyae tom kakra anaa wugyae di koraa.

Sɛ biribi ne wo ho nnye anaa wo yafunu mpɛ a, mma w’abam mmu. Nnipa pii wɔ saa haw no, nanso nnuan ahorow ahorow pii wɔ hɔ a wotumi di ma wɔn ho bae wɔn. Wowɔ saa haw no a, ɛno ara ne sɛ wobɛhwɛ wo ho yiye.

^ nky. 19 Adɔkotafo kyerɛ sɛ sɛ biribi nyɛ mma obi koraa na ebetumi de ne nkwa ato asian mu a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ onya paneɛ bi a adrenaline (epinephrine) wom hyɛ ne ho. Ɛto nea ɛyɛ den a, na ɔno ara de awɔ ne ho. Ebinom nso ka sɛ, mmofra wɔ saa haw no a, ɛsɛ sɛ wonya biribi wɔ wɔn ho a ɛbɛma wɔn atikyafo ne nkurɔfo ahu.