Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Woyɛ a Wommɔ Ka—Anyinam Ahoɔden ne Pɛtro

Nea Woyɛ a Wommɔ Ka—Anyinam Ahoɔden ne Pɛtro

YƐDE anyinam ahoɔden ne pɛtro yɛ nneɛma pii. Yɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma ma yɛn afie yɛ hyew anaa nwini, na yɛde pɛtro nso gu yɛn kar mu. Nanso, wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii rehyia ɔhaw kɛse paa wɔ anyinam ahoɔden ne pɛtro ho.

Gary a ofi South Africa kaa sɛ, “sɛnea daa wɔto pɛtro ne gas mu no,” ɛhaw adwene paa. Jennifer a ofi Philippines nso, ne haw ne sɛ, worentumi mfa wo ho nto anyinam ahoɔden so, efisɛ “ade rekye a ade resa yi, sɛ́ wɔredum nkanea ara ni.” Fernando a ofi El Salvador kaa sɛ, ɛyɛ a “odwen sɛnea ɛka asase ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho.” Wokɔ mmeae pii a, sɛnea wɔyɛ pɛtro, gas ne anyinam ahoɔden no sɛe asase ne ɛso nneɛma.

Ɛnyɛ dɛn ara a wubebisa wo ho sɛ, ‘Anyinam ahoɔden ne pɛtro ho haw yi, me nso dɛn na metumi ayɛ wɔ ho?’

Yɛn nyinaa betumi asi gyinae sɛ yɛde anyinam ahoɔden ne pɛtro bedi dwuma nyansam. Sɛ yɛtew sɛnea yɛde di dwuma no so, na yɛde di dwuma yiye a, ɛde mfaso pii ba. Sɛ yɛtew sɛnea yɛde yɛ adwuma no so a, yɛremmɔ ho ka pii. Afei nso, sɛ dodow a yehia no so tew a, ɛho renhia sɛ nnwumakuw no yɛ pɛtro ne anyinam ahoɔden pii, na wei bɛbɔ asase no ho ban.

Yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so de anyinam ahoɔden ne pɛtro ayɛ adwuma nyansam: yɛn afie mu, kar a yɛbɛfa, ne nneɛma foforo a yɛde yɛ adwuma.

EFIE

Nneɛma a ɛma dan mu yɛ nwini anaa ɛyɛ hyew no, fa di dwuma yiye. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Europe man bi mu kyerɛɛ sɛ, sɛ edu awɔw bere a, afiri a ɛma dan mu yɛ hyew no, sɛ wotew ne hyew no so digrii mmienu pɛ mpo a, ebedu afe no, na woasie sika paa. Derek a ɔte Canada no kaa biribi a ɛfoa asɛm yi so. Ɔkaa sɛ: “Sɛ edu awɔw bere a, sɛ́ anka yɛbɛsɔ biribi ama dan mu ayɛ hyew paa no, yɛhyɛ atade a yɛde ko awɔw. Wei mma yɛn abusua no nsɛe anyinam ahoɔden ne gas pii.”

Sɛ edu ahohuru bere na wopɛ sɛ wo dan mu yɛ nwini nso a, asɛnkoro yi ara betumi aboa wo. Rodolfo a ofi Philippines taa kyim ne air conditioner to baabi a ɛnyɛ nwini pii. Adɛn ntia? Ɔkaa sɛ: “Ɛtew ɛka so, na ɛmma yɛnsɛe anyinam ahoɔden nso.”

Sɛ wosɔ nneɛma a ɛma dan mu yɛ hyew anaa nwini a, toto mpoma ne apon mu. * Sɛ yɛamma ɔhyew anaa enwini a ɛwɔ dan no mu ampue a, yɛrensɛe anyinam ahoɔden anaa gas. Nhwɛso bi ni: Sɛ edu awɔw bere na wubue pon to hɔ a, wubehia anyinam ahoɔden anaa gas bebree na ama dan no mu atumi ayɛ hyew.

Mpoma ne apon a wobɛto mu no da nkyɛn a, ebinom asan afa ɔkwan foforo so atew anyinam ahoɔden ne gas a wɔde di dwuma wɔ fie no so. Wɔde nneɛma bi a ɛmma ɔhyew anaa awɔw mma dan mu ahyehyɛ dan no ho, na wɔn mpoma nso mframa ntumi mfa mu.

Tɔ bɔlb a ɛntwe karɛnt pii. Jennifer a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Ná yɛtɔ bɔlb a ɛtwe karɛnt paa, nanso yegyae tɔɔ nea ɛntwe karɛnt pii.” Ɛwom, mfiase no, sɛ wotɔ bɔlb a ɛntwe karɛnt a, wobɛka sɛ ne bo yɛ den. Nanso, esiane sɛ ɛntwe karɛnt pii nti, akyiri yi wubehu sɛ wommɔɔ ka.

KAR A YƐBƐFA

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a fa pasengya kar anaa keteke. Andrew a ofi Great Britain no kaa sɛ: “Sɛ merekɔ adwuma a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, mefa keteke anaa sakre.” Nhoma bi kaa sɛ: “Sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a kar nketewa tumi fa, na yɛde toto nnipa dodow a bɔs anaa keteke tumi fa no ho a, ɛka a kar nketewa no bɔ wɔ pɛtro ho no, ɛyɛ bɔs anaa keteke deɛ no mmɔho mmiɛnsa.”—Energy: What Everyone Needs to Know.

Di kan susuw mmeae a wopɛ sɛ wokɔ no ho. Sɛ wudi kan susuw mmeae a wopɛ sɛ wokɔ no ho a, wubetumi atew mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wutwa kwan no so. Wei remma wonsɛe sika ne bere.

Bosome biara, Jethro a ofi Philippines twa sika bi to hɔ a ɔde bɛtɔ pɛtro agu ne kar mu. Ɔkaa sɛ: “Wei ma mitumi di kan susuw mmeae a ɛsɛ sɛ mekɔ no ho.”

NNEƐMA FOFORO A YƐDE YƐ ADWUMA

Nsuhyew a wode di dwuma no, tew so. Nhwehwɛmu bi kyerɛɛ sɛ: “Anyinam ahoɔden dodow a wɔde di dwuma wɔ Australia nkurow mu no, wokyɛ mu ɔha a, wɔde emu bɛyɛ 1.3 noa nsuhyew wɔ fie. Anaasɛ anyinam ahoɔden dodow a wɔde yɛ adwuma wɔ fie no, ɛno nso wokyɛ mu ɔha a, wɔde emu 27 noa nsuhyew.”

Sɛ wonoa nsuhyew a, ɛtwe anyinam ahoɔden paa, enti sɛ yɛtew nsuhyew a yɛde di dwuma no so a, ɛmma yɛmmɔ ka wɔ anyinam ahoɔden ho. Wei nti, Victor a ofi South Africa no kaa sɛ: “Sɛ yɛreguare a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa nsuhyew pii nguare.” Nyansahufo bi a wɔfrɛ no Steven Kenway kaa sɛ, “sɛ woamfa nsuhyew pii anni dwuma a, ɛde mfaso mmiɛnsa na ɛba.” Efisɛ “ɛtew nsu ne anyinam ahoɔden dodow a yɛde yɛ adwuma no so, ɛma nnwumakuw a wɔyɛ anyinam ahoɔden ne nsu no adwuma so tew, na ɛmma fiefo . . . mmɔ ka.”

Dum no. Yɛreka nneɛma bi te sɛ kanea, elɛtrɔnik mfiri, TV, kɔmputa, ne mfiri afoforo a yɛde yɛ ade wɔ fie. Saa mfiri ahorow yi bebree wɔ hɔ a, sɛ wudum no mpo na woannum no wɔ ban ho a, etumi twe karɛnt. Abenfo bi kyerɛ sɛ, ɛyɛ papa sɛ wutu plɔg no fi ban no ho, anaasɛ wudum no wɔ extension board so. Wei remma afiri no ntwe karɛnt. Fernando a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de wei yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Kanea anaa afiri biara a memfa nyɛ hwee no, midum no, na mitu plɔg no.”

Ɛyɛ nokware, anyinam ahoɔden ne pɛtro bo reyɛ den, na ɔkwan a wɔfa so yɛ saa nneɛma yi tumi sɛe asase ne ɛso nneɛma. Ebia yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nanso yebetumi asi gyinae sɛ yɛde saa nneɛma yi bedi dwuma nyansam. Wokɔ wiase baabiara a, nkurɔfo refa akwan pii so ayɛ saa. Ɛwom, sɛ obi betumi de anyinam ahoɔden ne pɛtro adi dwuma yiye a, egye animia, afei ehia sɛ yesusuw nneɛma ho. Nanso woyɛ saa a, hwɛ mfaso ara a wubenya. Valeria a ofi Mexico kaa sɛ: “Memmmɔ ka, na mensɛe asase so nneɛma nso.”

^ nky. 10 Nneɛma a ɛma dan mu yɛ hyew anaa nwini no, wɔde akwankyerɛ nhoma bi ka ho. Kenkan na di akyi pɛpɛɛpɛ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nneɛma no bi wɔ hɔ a, ehia sɛ wubue pon no to hɔ ma mframa fa dan no mu.