Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Wudi Bere So?

Wudi Bere So?

Nnipa pii a wɔtaa ka akyi no mpo gye tom sɛ sɛ yedi bere so a, eye. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yebenya asɛm yi ho afotusɛm pii.

Sɛ obi di bere so a, mfaso bɛn na onya?

NEA ENTI A ƐHO HIA

Ebinom abehu sɛ sɛ wodi bere so a, ɛma wɔn ho tɔ wɔn. Afei nso ɛboa ma wonya din pa. Ɔkwan bɛn so?

Wudi bere so a, ɛkyerɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden. Obi a odi bere so mma nneɛma nhyɛ no so na mmom otumi yɛ nneɛma a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa.

Wudi bere so a, ɛma nkurɔfo tumi de wɔn ho to wo so. Yɛte wiase bi a, nnipa bebree ntumi nni wɔn bɔhyɛ so, na sɛ wo ne wɔn yɛ nhyehyɛe biara a na agye agu. Ɛno nti, nkurɔfo ani gye wɔn a wodi wɔn bɔhyɛ so no ho.

Sɛ woyɛ obi a nkurɔfo tumi de wɔn ho to wo so a, w’abusuafo ne wo nnamfo bu wo paa. Adwumawuranom ani gye adwumayɛfo a wɔba adwuma ntɛm na wɔn adwuma nka akyi ho. Wotumi to wɔn akatua mu mpo na wonya wɔn mu ahotoso kɛse.

NEA BIBLE KA

Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ emu nsɛm no bi fa sɛnea yebedi bere so ho. Ɛho nhwɛso ni. Bible ka sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Korintofo 14:40) Sɛ nnipa mmienu gye tom sɛ wobehyia mu wɔ beae ne bere pɔtee bi a, ɛsɛ sɛ obiara di ne bɔhyɛ so. Bible san ka sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, na ade biara wɔ ne bere ɔsoro ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Saa Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ “ogu wɔ ne bere, na nea wɔagu no tutu nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:2) Akuafo gu wɔn aba wɔ bere pa mu na ama wɔatumi atwa nnɔbae pii. Enti sɛ okuafo di bere so a, onya so mfaso bebree.

Bible no ma yehu biribi titiriw a enti ɛsɛ sɛ yedi yɛn bere so: Sɛ wudi bere so a, ɛkyerɛ sɛ wubu afoforo na womfa wɔn bere nni agorɔ. (Filipifo 2:3, 4) Nanso wɔn a wonni wɔn bere so a daa nkurɔfo twɛn wɔn no deɛ, yebetumi aka sɛ wɔsɛe ebinom bere.

“Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”Filipifo 2:4.

Wobɛyɛ dɛn adi wo bere so?

NEA BIBLE KA

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni kan nyɛ nneɛma ho nhyehyɛe. (Mmebusɛm 21:5) Sɛ woyɛ obi a wotaa ka akyi a, ebia nea ɛma ɛba saa ne sɛ wode nneɛma pii akyekyere wo ho. Adɛn nti na wuntwitwa nneɛma a ɛho nhia pii no ngu? Sɛ worekɔ baabi a, hwɛ sɛ wobɛma wo ho bere pii, na fa yɛ wo botae sɛ wubedu hɔ ntɛm. Sɛ woyɛ saa na sɛ trafik kye wo anaasɛ nsu tɔ mpo a, worenka akyi.

Afei Bible hyɛ ahobrɛase ho nkuran. (Mmebusɛm 11:2) Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu nneɛma a wubetumi ayɛ ne nea worentumi nyɛ. Ansa na wubegye adwuma bi no, di kan hwɛ sɛ wo bere bɛma wo kwan ma woayɛ awie anaa. Sɛ wugye nnwuma bebree bobɔ so a, ɛma wo ho kyere wo na woteetee. Saa ara nso na wohaw nnipa afoforo!

Bio nso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn bere nni dwuma yiye. (Efesofo 5:15, 16) Di kan yɛ nneɛma a ɛho hia paa no. (Filipifo 1:10) Afei nso, sɛ wote kar mu retu kwan anaa wote baabi retwɛn obi a, wubetumi de saa bere no akenkan ade anaa woasusuw nneɛma a wobɛyɛ saa da no ho.

“Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.”Mmebusɛm 21:5.