Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aguanfo Atrae Asetra

Aguanfo Atrae Asetra

Aguanfo Atrae Asetra

SƐ WOTE asɛm “aguanfo atrae” a, dɛn na ɛba w’adwene mu? So woakɔ baabi a ebi wɔ pɛn? Na ɛhɔ te dɛn ankasa?

Bere a yɛrekyerɛw asɛm yi no, na wɔahyehyɛ aguanfo atrae 13 wɔ Tanzania atɔe fam. Tanzania aban no ne Amanaman Nkabom no Asoɛe a Ɛhwɛ Aguanfo Ho Nsɛm So (UNHCR) no ayɛ biako reboa aguanfo bɛyɛ 500,000 a wofi Afrika aman horow a ɔmanko ama wɔatu afi wɔn kurom no. Atrae hɔ asetra te dɛn?

Atrae Hɔ a Wodu

Abeawa bi a wadu mpanyin afe so a wɔfrɛ no Kandida kyerɛkyerɛ nea esii bere a ɔne n’abusuafo duu hɔ mfe kakra a atwam ni no mu sɛ: “Wɔmaa yɛn kratasin bi a yɛn nɔma wɔ so a yɛde begye aduan, na wɔde yɛn abusua no kɔɔ Nyarugusu aguanfo atrae hɔ. Yeduu hɔ no, wɔmaa yɛn nɔma a ɛkyerɛ faako a yɛn asasesin wɔ ne ɔkwan a ɛkɔ hɔ. Wɔkyerɛɛ yɛn baabi a yebetwa nnua ne sare a yɛde besi yɛn ankasa fie korokorowa. Yɛde dɔte twaa ntayaa. UNHCR adwumayɛfo no maa yɛn rɔba a yɛde bekuruw dan no so. Na ɛyɛ adwumaden, nanso bere a yesii yɛn fie korokorowa no wiei no, yɛn ani gyei.”

Wukuda biara na yɛde kratasin a wɔde gye aduan no di dwuma. Kandida toa so sɛ: “Yiw, na yɛto santen wɔ baabi a yegye aduan no kogye nnuan a UNHCR adwumayɛfo kyekyɛ ma yɛn no.”

Aduan ahe na obiara nya da biara?

“Wɔma yɛn mu biara aburow a wɔayam bɛyɛ konko 3, nkate konko biako, adua a wɔayam gram 20, ngo atere kɛse ma 2, ne nkyene gram 10. Ɛtɔ mmere bi a, wɔsan ma yɛn samina poma biako a ɛsɛ sɛ edi ɔsram biako.”

Na nsu a wɔnom nso ɛ? So ebi wɔ hɔ? Ababaa bi a wɔfrɛ no Riziki ka sɛ: “Yiw, wɔde dorobɛn twe nsu fi asubɔnten bi a ɛbɛn yɛn mu begu ade kɛse a wɔkora nsu wom mu. Wɔde nnuru gu nsu no mu ansa na wɔatwe akɔ mmeae a yebu nsu wɔ atrae biara no. Ne nyinaa akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛnoa nsu no ansa na yɛanom na yare ammɔ yɛn. Mpɛn pii no, nsu a yɛkɔsaw ne yɛn ntade a yɛkɔhoro wɔ baabi a wobu nsu yi mma yennya adagyew koraa fi anɔpa kosi anwummere. Nsu bokiti biako ne fã pɛ na daa wɔde ma yɛn.”

Sɛ wode kar fa atrae horow hɔ a, wubehu mmotafowa sukuu, mfiase sukuu, ne ntoaso sukuu ahorow. Wotumi yɛ sukuu a wɔde kyerɛ mpanyimfo ade mpo wɔ atrae hɔ. Polisifo ne aban adwumayɛbea a ɛwɔ atrae no akyi pɛɛ no hwɛ ma asomdwoe tra atrae hɔ na ɛbɔ wɔn ho ban. Wubetumi ahu gua kɛse a sotɔɔ nketenkete wom a aguanfo no betumi anya mfunne, nnuaba, mpataa, nkokɔ ne nnuan afoforo. Nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no binom ba gua no so bedi gua. Nanso ɛhe na aguanfo no nya sika de tɔ ade? Wɔn mu binom yɛ mfuw nketenkete tɔn mu nnɔbae wɔ gua no so. Ebia na ebinom bɛtɔn esiam ne nkate a wɔanya no bi, na wɔde atɔ nnam anaa nnuaba. Yiw, atrae no betumi ayɛ sɛ akuraa kɛse bi asen atrae ara kwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ nkurɔfo serew na wogye wɔn ani wɔ gua no so sɛnea anka wɔbɛyɛ wɔ wɔn ankasa kurom no.

Sɛ wudu ayaresabea hɔ a, nnuruyɛfo no mu biako betumi akyerɛ wo sɛ wɔwɔ ayarehwɛbea nketewa a wɔhwɛ nyarewa ahorow wɔ atrae hɔ, nanso wɔde nyarewa a ne hwɛ gye ntɛmpɛ ne nea emu yɛ den no kɔ ayaresabea kɛse no mu. Sɛ wususuw aguanfo 48,000 a wɔwɔ atrae hɔ a wobetumi awo mmofra 250 ɔsram biara no ho a, wubehu nea enti a baabi a wɔhwɛ apemfo, na wogye awo wɔ ayaresabea hɔ no yɛ beae titiriw saa no.

Wodidi Yiye Wɔ Honhom Fam

Ebia Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛpɛ sɛ wɔte wɔn honhom fam anuanom a wɔte atrae horow wɔ Tanzania no ho asɛm. Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, wɔyɛ bɛyɛ 1,200, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ asafo ahorow 14, ne akuw 3. Wɔn mmɔdenbɔ te dɛn?

Nneɛma a edi kan a Kristofo a wɔwɔ ahofama yi bisae bere a wɔbaa atrae hɔ ne asase a wobesi Ahenni Asa wɔ so. Eyi bɛma aguanfo dodow a wɔwɔ hɔ no ahu baabi a wobehu Adansefo no, ne baabi a wɔbɛkɔ wɔn dapɛn dapɛn nhyiam ahorow no. Asafo horow 7 na ɛwɔ Lugufu atrae hɔ, na wɔwɔ Kristofo adawurubɔfo 659. Sɛ wohyiam Kwasida na wɔka nnipa dodow a wɔba asafo horow 7 no nyinaa nhyiam ase bom a, wɔtaa nya bɛyɛ 1,700.

Adansefo a wɔwɔ atrae hɔ nyinaa no nso nya Kristofo nhyiam akɛse mu kyɛfa. Bere a wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ Lugufu atrae hɔ no, nnipa 2,363 na wɔbae. Ná Adansefo no atu abura a wɔbɛbɔ asu wom wɔ nhyiambea no akyi pɛɛ. Na nea wɔbɛbɔ mu asu no yɛ amoa kɛse a wɔatu wɔ fam a wɔde rɔba asɛw mu sɛnea ɛbɛyɛ na nsu no nyow. Anuanom mmarima no de sakre twaa kwan bɛyɛ kilomita abien, na wɔkɔsaw nsu fii asubɔnten bi mu beguu mu. Esiane sɛ wɔkɔ biako biara a, wɔde nsu lita 20 na ɛba nti, ɛma wɔkɔɔ nsu no pii. Asubɔhwehwɛfo a wɔhyɛ ntade a ɛsɛ no too santen kɔbɔɔ asu. Wɔn a wɔde wɔn hyɛɛ nsu mu bɔɔ wɔn asu no nyinaa dodow si 56. Bere nyinaa somfo bi a wobisabisaa no nsɛm wɔ nhyiam no ase no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔne nnipa ankorankoro 40 na ayɛ Bible adesua. Wɔbɔɔ ne Bible asuafo no mu baanan asu wɔ nhyiam no ase.

Yehowa Adansefo baa dwumadibea no ayɛ nhyehyɛe ama ahwɛfo akwantufo kɔsra wɔn daa. Wɔn mu biako ka sɛ: “Yɛn nuanom no yɛ nsi wɔ asɛnka mu. Wɔwɔ asasesin kɛse a wɔkɔ mu asɛnka, na wɔ asafo biako mu no, Ɔdansefo biara de nnɔnhwerew bɛyɛ 34 na ɛkɔ asɛnka. Wɔn mu pii ne anigyefo baanum anaa nea ɛboro saa yɛ Bible adesua. Ɔbea bi a ɔyɛ ɔkwampaefo [bere nyinaa somfo] kae sɛ onnim baabi a obetumi anya asasesin bi a eye sen hɔnom. Nnipa a wɔte atrae horow no kyerɛ yɛn nhoma horow no ho anigye kɛse.”

Ɔkwan bɛn so na Bible ho nhoma fa du atrae horow no? Baa dwumadibea no de fa keteke kɔ Kigoma, kurow bi a ɛda Ɔtare Tanganyika ano wɔ apuei fam. Sɛ edu hɔ a anuanom no gye nhoma no na wɔyɛ nhyehyɛe de fa kar kɔ asafo horow no mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔpɛ lɔre tua ho ka na wɔn ankasa de nhoma horow no akɔ atrae hɔ nyinaa. Eyi tumi gye wɔn nnansa anaa nnanan wɔ karkwan a ɛso nye koraa so ansa na wɔawie.

Honam Fam Mmoa

Yehowa Adansefo a wɔwɔ France, Belgium, ne Switzerland titiriw aboa ma wɔde mmoa ama aguanfo a wɔtete atrae horow yi no. Aban Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔman Mu Nsɛm So ne UNHCR adwumayɛfo no apene so ma ebinom akɔsra atrae horow a ɛwɔ Tanzania no. Adansefo a wɔwɔ Europa no agyigye adua mu nsu, ntade, mpaboa, sukuu nhoma horow, ne samina pii. Wɔde nneɛma yi akɔma aguanfo no nyinaa ma ɛne Bible nnyinasosɛm yi ahyia: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Galatifo 6:10.

Mfaso pa afi mmoa a wɔde ma nnipa yi mu aba, ma wɔaboa aguanfo pii. Aguanfo Atrae Boayikuw a ɛwɔ atrae no biako kyerɛɛ anisɔ saa kwan yi so sɛ: “Yegyina yɛn nkurɔfo nyinaa ananmu da mo ase wɔ mmoa a mo ahyehyɛde no de ama yɛn mprɛnsa no ho . . . Mmarima, mmea, ne mmofra, ne afei mmotafowa 12,654 a na ade ahia wɔn na wonyaa ntade no bi . . . Aguanfo a mprempren wɔwɔ Muyovozi aguanfo atrae no dodow yɛ 37,000. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, nnipa 12,654 anaa nnipa dodow no mu ɔha nkyem 34.2 na wonyaa mmoa.”

Wɔ atrae foforo no, wɔmaa aguanfo 12,382 no mu biara ntade abiɛsa, na wɔn a wɔwɔ atrae foforo nsa kaa sukuu nhoma mpempem pii a wɔde besua ade wɔ ntoaso sukuu ne mfiase sukuu, ne mmotafowa sukuu ahorow mu. UNHCR adwumayɛfo no mu panyin a ɔhwɛ nneɛma so wɔ amantam no biako mu kae sɛ: “Yɛn ani asɔ nneɛma a mode brɛɛ yɛn [a ebedi] nnipa a wɔwɔ aguanfo atrae horow no ahiade kɛse ho dwuma no. Nneɛma a yɛn nsa kae nnansa yi ne nhoma a wɔahyehyɛ no nnaka akɛse 5 mu a yɛn adwumayɛfo no akyekyɛ ama aguanfo a wɔte ha no. . . . Yɛda mo ase pii.”

Ɔman no mu atesɛm nkrataa mpo aka mmoa a wɔde ama no ho asɛm. Asɛmti bi a epuei wɔ Sunday News a ɛbaa May 20, 2001 no, kae sɛ: “Ntade a Wɔde Rekɔma Aguanfo Wɔ Tanzania Nam Kwan So.” Nea ɛbae February 10, 2002 no kae sɛ: “Aguanfo a wɔte ha no ani sɔ nneɛma a wɔde bɛkyɛ wɔn no efisɛ mmofra no binom a na esiane ntade a wonni nti wɔagyae sukuu no kɔ sukuu daa seesei.”

Wɔn Ho Akyere Wɔn Nanso Wɔn Ani Ntanee Ɛ

Wɔ aguanfo no dodow ara fam no, egye wɔn bɛyɛ afe ansa na wɔn ho agye atrae hɔ asetra mu. Wɔmma wɔn asetra nkyere so. Yehowa Adansefo a wɔwɔ atrae yi de wɔn bere pii reka asɛmpa a ɛma awerɛkyekye a efi Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no kyerɛ wɔn mfɛfo aguanfo no. Wɔka wiase foforo a nnipa nyinaa ‘de wɔn mfoa bɛbɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, a ɔman bi remmã afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio’ no ho asɛm kyerɛ wɔn. Saa bere no na “wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] na aka.” Ɛda adi pefee sɛ, ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wiase yi bɛyɛ baabi a aguanfo atrae nni.—Mika 4:3, 4; Dwom 46:9.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Afie a ɛwɔ Nduta atrae

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Lukole Ahenni Asa (nifa) Asu a wɔbɔ wɔ Lugufu (ase hɔ)

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔmantam Nhyiam wɔ Lugufu atrae