Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na tɔ a Hesekiel ‘tɔɔ mum’ bere a wɔtow hyɛɛ Yerusalem so sɛee no no kyerɛ?

Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ na ɔrentumi nka asɛm foforo biara nka Yehowa nkɔmhyɛ asɛm a na wadi kan de ama no no ho bio.

Odiyifo Hesekiel fii ne som adwuma sɛ ɔwɛmfo nokwafo ma Israel atukɔfo a na wɔwɔ Babilon no ase wɔ “ɔsram no da a ɛto so anum, ɔhene Yoiakin tukɔ afe a ɛto so anum mu,” kyerɛ sɛ wɔ afe 613 A.Y.B. mu. (Hesekiel 1:2, 3) Afe 609 A.Y.B. ɔsram a ɛto so du no mu da a ɛto so du no, Onyankopɔn kyerɛɛ no bere a Babilonfo befi ase atow ahyɛ Yerusalem so. (Hesekiel 24:1, 2) Dɛn na na ebefi ntua no mu aba? So na nnipa a wonni nokware a wɔte Yerusalem no beguan? Sɛ́ ɔwɛmfo no, na Hesekiel adi kan aka Yehowa sɛe ho nkrasɛm no akyerɛ wɔn, na na enhia bio sɛ Hesekiel bɛka asɛm foforo biara aka ho, te sɛ nea na ɔbɛma wɔate n’asɛm no ase yiye. Hesekiel tɔɔ mum wɔ asɛm foforo biara a ɛfa ntua a na ɛbɛba Yerusalem so no ho.—Hesekiel 24:25-27.

Wɔsɛee Yerusalem bɛyɛ asram asia akyi wɔ afe 607 A.Y.B. no, oguanfo bi de kurow kronkron no sɛe ho amanneɛ bɛbɔɔ Hesekiel wɔ Babilon. Anwummere a ade rebɛkye ma oguanfo no aba no, Yehowa ‘buee Hesekiel ano, na wantɔ mum bio.’ (Hesekiel 33:22) Saa bere no Hesekiel kasae bio.

So ɛyɛ mum ankasa na Hesekiel tɔe saa bere no? Ɛda adi sɛ ɛnte saa efisɛ bere a ‘ɔtɔɔ mum’ akyi no, ɔhyɛɛ nkɔm tiaa aman a na wɔatwa Yerusalem ho ahyia a na wɔredi n’ahweaseɛ ho ahurusi no. (Hesekiel, ti 25-32) Bere a Hesekiel fii ne som adwuma ase sɛ odiyifo ne ɔwɛmfo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi. Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano.” (Hesekiel 3:26, 27) Sɛ na Yehowa nni asɛm biara ka kyerɛ Israel a, na ɛsɛ sɛ Hesekiel mua n’ano wɔ saa man no ho. Sɛ edu bere a na Yehowa pɛ sɛ Hesekiel kasa kyerɛ wɔn a, na na ɔbɛkasa. Mum a Hesekiel tɔe no kyerɛ sɛ na onni nkɔmhyɛ biara ma Israelfo no.

Ɛnnɛyi ɔwɛmfo kuw, Kristofo a wɔasra wɔn no de ɔsɛe a ɛbɛba Yerusalem nsusuwso, Kristoman, so no ho kɔkɔbɔ rema. Sɛ “ahohiahia kɛse” no pae gu na ɛsɛe “Babilon Kɛse,” wiase atoro som ahemman no a, ɛho renhia sɛ Hesekiel kuw a wɔasra wɔn no ka biribiara fa Kristoman, a ɛyɛ n’ahemman no fã titiriw no, awiei ho bio.—Mateo 24:21; Adiyisɛm 17:1, 2, 5.

Yiw, bere bi bɛba a nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no bɛtɔ mum, a wɔnka biribiara nkyerɛ Kristoman bio. Ɛno bɛyɛ bere a “mmɛn du” no ne “aboa no” bɛsɛe Babilon Kɛse no pasaa na wada adagyaw no. (Adiyisɛm 17:16) Nokwarem no, eyi nkyerɛ mum ankasa a Kristofo bɛtɔ. Mmom no, sɛnea wɔreyɛ mprempren no, wobeyi Yehowa ayɛ na wɔabɔ ne din daa daa “awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Dwom 45:17; 145:2.