Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ

Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ

Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ

SO ƐNYƐ wo nwonwa sɛ nneɛma a nyansahufo gye di sɛ ehia na ama nkwa atumi atra okyinnsoromma bi so no ho asɛm wɔ Genesis nhoma no ti a edi kan wɔ Bible mu? Dɛn ne saa nneɛma yi?

Nea ɛbɛyɛ a nkwa bɛtra asase so no, ehia nsu pii sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 1:2 no. Ɛsɛ sɛ wim tebea no fata na amma nsu a ɛwɔ okyinnsoromma no so annan asukyenee. Eyi hwehwɛ sɛ ɔkwan a ɛda okyinnsoromma ne owia ntam no yɛ nea ɛsɛ. Genesis kyerɛwtohɔ no twe adwene si owia no ne sɛnea ɛka asase no so mpɛn pii.

Sɛ nnipa betumi atra okyinnsoromma bi so a, ehia sɛ wonya mframa ahorow a adi afra sɛnea ɛsɛ wɔ wim. Wɔka ahiade yi ho asɛm wɔ Genesis 1:6-8. Afifide a ɛbae a Genesis 1:11, 12 ka ho asɛm no na ɛma yenya mframa pa pii a yɛhome no. Sɛ mmoa ahorow betumi atra okyinnsoromma bi so a, ehia sɛ wonya asasebere, sɛnea Genesis 1:9-12 ka no. Awiei koraa no, sɛ yebenya wim tebea a eye a, ɛsɛ sɛ okyinnsoromma bi kyea kakra, na atumi agyina ne nan so. Wɔ asase no fam no, tumi a ɛtwe ade a ɛwɔ ɔsram no mu no ka ho bi na asase tumi gyina ne nan so no. Genesis 1:14, 16 ka ɔsram ne ɛho mfaso horow no bi ho asɛm.

Ɛyɛɛ dɛn na tete kyerɛwfo Mose a na onni nnɛyi nyansahu ho nimdeɛ biara no tumi twee adwene sii nneɛma a yɛaka ho asɛm yi so? So na Mose wɔ nimdeɛ soronko bi a ɛsen ne beresofo de a ɛma otumi de tee sɛnea nneɛma yi hia no ase? Asɛm no ara ne sɛ, ɔsoro ne asase Bɔfo no na ɔma ɔkyerɛwee. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Genesis kyerɛwtohɔ ne nnɛyi nyansahu hyia pɛpɛɛpɛ no a, na ɛfata.

Bible si so dua sɛ ɛwɔ nea enti a wɔbɔɔ nneɛma a yehu wɔ amansan yi mu nyinaa. Dwom 115:16 ka sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Odwontofo foforo ka sɛ: “Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” (Dwom 104:5) Sɛ Ɔbɔadeɛ bi na ɔhyehyɛɛ amansan yi ne yɛn asase fɛfɛ yi a, ɛnde na ɛnyɛ den sɛ yebegye adi sɛ obetumi ahwɛ so nso. Eyi kyerɛ sɛ wubetumi de ahotoso ahwɛ bɔhyɛ nwonwaso yi mmamu kwan: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Nokwasɛm ni, Onyankopɔn ‘ammɔ asase no hunu’ na mmom “ɔnwenee sɛ” nnipa a wɔwɔ ayɛ a wogye ne nnwuma tom no ‘ntra so’ daa.—Yesaia 45:18.

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, Yesu baa asase so bɛkyerɛkyerɛɛ yɛn Onyankopɔn ne N’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde daa nkwa bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo no mu. (Yohane 3:16) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe “wɔn a wɔsɛe asase no,” na wagye nnipa a wofi aman nyinaa mu a wɔpɛ asomdwoe na wogye ne nkwagye ho nhyehyɛe a wayɛ tom no nkwa. (Adiyisɛm 7:9, 14; 11:18) Hwɛ anigye ara a asetra bɛyɛ bere a nnipa kɔ so hu Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa na wonya mu anigye daa no!—Ɔsɛnkafo 3:11; Romafo 8:21.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

NASA photo