ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM July 2015

Adesua nsɛm a yɛbɛsua fi August 31 kɔsi September 27, 2015 wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

Boa Ma Honhom Fam Paradise no Nkɔ So Nyɛ Fɛ

Honhom fam paradise ne honhom fam asɔrefie no yɛ ade koro anaa? ‘Paradise’ bɛn na Paulo huu wɔ ‘ɔsoro a ɛto so mmiɛnsa’ no mu?

“Mo Gyeɛ Rebɛn”!

Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, asɛm bɛn na yɛbɛka? Saa bere no, dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔasra wɔn no?

Kɔ So Di Onyankopɔn Ahenni no Nokware

Kristofo bɛyɛ dɛn asua sɛ wobɛdi Yehowa ne n’Ahenni no nokware?

Ɛha na Yɛhyiam Som

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛbu mmeae a yɛhyiam som no? Yɛyɛ dɛn nya sika de sisi Ahenni Asa na yɛsiesie?

ASETENAM NSƐM

Ɔdɔ a Medii Kan Nyae no Aboa Me Ma Makɔ So Asom

Kenkan Anthony Morris III asetenam nsɛm; ɔyɛ Yehowa Adansefo akwankyerɛ Kuw no muni.