Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Yɛte Ase?

Dɛn Nti na Yɛte Ase?

Dɛn Nti na Yɛte Ase?

DƐN NTI NA MMUAE NO HO HIA? Nneɛma a ɛhaw nnipa adwene paa no mu biako ne sɛ wonnim nea enti a wɔte ase. Nanso onipa a onim nea enti a ɔte ase no tumi gyina ɔhaw ano. Viktor E. Frankl a ɔyɛ oduruyɛfo a onyaa ne ti didii mu bere a Nasifo kunkum Yudafo pii wɔ Wiase Ko II mu no kyerɛwee sɛ: “Metumi aka no pen sɛ, biribiara nni wiase a ebetumi aboa obi ma wagyina tebea a enye koraa ano yiye sen sɛ obehu nea enti a ɔte ase.”

Nanso ɛsono adwene a nnipa pii wɔ wɔ asɛm yi ho. Nnipa pii te nka sɛ ɛyɛ obiara asɛyɛde sɛ ohu nea enti a ɔte ase. Nanso, ebinom a wogye adannandi di no kyerɛkyerɛ sɛ asetra yi ara ni.

Nokwarem no, ɔkwan pa a yebetumi afa so ahu nea enti a yɛte ase ne sɛ yɛbɛhwehwɛ afi Yehowa Nyankopɔn, yɛn Nkwamafo no nkyɛn. Susuw nea n’Asɛm ka wɔ asɛm yi ho hwɛ.

Nea Bible Ka

Bible kyerɛkyerɛ sɛ biribi pɔtee bi nti na Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. Yehowa de ahyɛde a edi so yi maa yɛn awofo a wodi kan no.

Genesis 1:28. “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”

Ná nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ Adam ne Hawa ne wɔn mma bɛyɛ asase no nyinaa paradise. Ná ɛnyɛ n’adwene ne sɛ nnipa benyinyin na wɔawuwu; saa ara nso na na ɔmpɛ sɛ adesamma bɛsɛe asase no. Nanso esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan no ansi gyinae pa nti, wɔde bɔne ne owu woo yɛn. (Genesis 3:2-6; Romafo 5:12) Ɛno mpo no, nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa no nsesae. Ɛrenkyɛ asase bɛyɛ paradise.—Yesaia 55:10, 11.

Yehowa de ahoɔden ne nyansa bɔɔ yɛn a ebetumi ama yɛayɛ nea ɔpɛ. Wammɔ yɛn sɛ yenni yɛn ho so. Hyɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no nsow wɔ Bible mu nsɛm a edidi so yi mu.

Ɔsɛnkafo 12:13. “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”

Mika 6:8. “Nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”

Mateo 22:37-39. “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen biara ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”

Sɛnea Mmuae a Bible De Ma ma Yenya Asomdwoe Ankasa

Sɛ afiri bi betumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ wɔde yɛ nea enti a wɔyɛe, na wɔfa ɔkwan a nea ɔyɛe no kyerɛe so. Saa ara na sɛ yɛmpɛ sɛ yedi yɛn ho awu wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu, adwenem, nkate fam, anaa honam fam a, ehia sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛn Yɛfo no pɛe sɛ yɛyɛ. Susuw sɛnea sɛ yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn a, ebetumi ama yɛanya asomdwoe wɔ asetram nsɛm a edidi so yi mu ho.

Sɛ nnipa pii resusuw nneɛma a ehia wɔn paa wɔ asetram ho a, wɔde wɔn adwene nyinaa si sika a wobenya so. Nanso, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Nanso wɔn a wosua sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn sen sɛ wɔbɛpɛ sika no hu sɛ sɛ wɔma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ a, ɛma wonya akomatɔyam. (1 Timoteo 6:7, 8) Wonim mfaso a ɛwɔ adwumaden so na wonim nso sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhwɛ wɔn ho. (Efesofo 4:28) Nanso wɔfa Yesu asɛm yi nso aniberesɛm: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”—Mateo 6:24.

Enti, sɛ́ anka wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn bɛma adwuma a wɔyɛ anaa ahonyade a wɔbɛhwehwɛ ho ahia wɔn asen biribiara no, nea ehia wɔn paa ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde mmom. Wonim sɛ sɛ wobu Onyankopɔn apɛde sɛ ɛno ne ade a ɛho hia sen biara wɔ wɔn asetram a, Yehowa Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn. Nokwarem no, Yehowa gye to no ho so sɛ ɔbɛyɛ saa.—Mateo 6:25-33.

Sɛ nnipa pii ne afoforo redi nsɛm a, wodi kan dwen wɔn ankasa ho. Ɛnnɛ, ade titiriw a enti asomdwoe nni wiase ne sɛ, nnipa pii abɛyɛ ‘ahopɛ na wonni tema.’ (2 Timoteo 3:2, 3) Sɛ obi di wɔn huammɔ anaa ɔne wɔn nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho a, wɔda “bobɔne ne abufuw” adi na ‘wɔkekaw mu kasa tia’ wɔn. (Efesofo 4:31) Sɛ obi anhyɛ ne ho so wɔ saa kwan yi so a, ‘ehwanyan atutuw mu’ mmom sen sɛ ɛde asomdwoe bɛba.—Mmebusɛm 15:18.

Nanso, wɔn a wodi Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko sɛ wɔn ho so no ‘ne wɔn ho di no ayamye ne ayamhyehye so, na wofi wɔn pɛ mu de bɔne firifiri wɔn ho.’ (Efesofo 4:32; Kolosefo 3:13) Sɛ nkurɔfo ne wɔn anni no yiye mpo a, wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu a bere a “wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka” no. (1 Petro 2:23) Wonim sɛ sɛ wɔsom afoforo na sɛ wɔankyerɛ nea wɔayɛ ama wɔn no ho anisɔ mpo a, ɛma wonya akomatɔyam te sɛ Yesu. (Mateo 20:25-28; Yohane 13:14, 15; Asomafo Nnwuma 20:35) Yehowa Nyankopɔn de ne honhom ma wɔn a wosuasua ne Ba no, na honhom yi ma wonya asomdwoe ankasa wɔ wɔn asetram.—Galatifo 5:22.

Nanso, so nea wususuw sɛ ɛbɛba daakye no betumi ama woanya asomdwoe?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ehia sɛ obi hu nea enti a ɔte ase no yiye

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu kyerɛ yɛn sɛnea yebenya asomdwoe