Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehia Ogye!

Yehia Ogye!

Yehia Ogye!

BERE a obiara ani nna ne ho so no, nsu galɔn ɔpepem pii kɔtaee baabi a wotu biriw a ɛbɛn Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Mmarima baakron a wotu biriw kaa amena no fã ketewaa bi a ne tenten yɛ anammɔn 240 mu. Nnansa akyi no, woyii wɔn bae a na wɔn ho baabiara ntɔɔ kyima. Wɔyɛɛ dɛn gyee wɔn?

Nnipa a wogyee wɔn no hwɛɛ baabi a wotu biriw no ho asase mfonini so na wɔnam afiri a etumi hu nea ɛkɔ so wɔ baabi so tuu amena ketewaa bi wɔ asase no mu. Wɔyɛɛ biribi a ɛte sɛ adaka teateaa de ahama sɔɔ so gyaa mu kɔɔ fam wɔ baabi a na mmarima no akyere so wɔ hɔ no. Wɔde adaka no yii wɔn mmaako mmaako fii amena a anka wobetumi awu wom no mu. Wɔn nyinaa ani gyei, wɔn koma tɔɔ wɔn yam, na wɔn ani sɔe sɛ wogyee wɔn.

Yɛn mu dodow no ara renka asase ase te sɛ mmarima baakron a wotu biriw no anaasɛ atoyerɛnkyɛm bi remfa yɛn nkwa nto asiane mu da. Nanso, yɛn nyinaa hia ogye, efisɛ yɛrentumi nkwati ɔhaw a ɔyare, mpanyinyɛ ne owu de ba no. Ɔnokwafo Hiob a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.” (Hiob 14:1, 2) Bɛyɛ mfe 3,500 wɔ asɛm yi akyi no, nsɛm yi da so ara yɛ nokware, efisɛ yɛn mu hena na obetumi aguan owu a ɛda amansan kɔn mu no? Ɛmfa ho baabi a yɛte anaa sɛnea yɛhwɛ yɛn ho so yiye no, ehia sɛ wogye yɛn fi amanehunu, mpanyinyɛ, ne owu mu.

Nyansahufo ne afoforo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi ama nnipa atra ase akyɛ asen nea ɛnnɛ wobu no sɛ ɛyɛ nnipa nkwa nna no. Ahyehyɛde bi kyerɛ sɛ wɔn adwuma ne sɛ “wobedi owu a obiara ntumi nkwati no so nkonim,” na “wɔboa wɔn kuw no mufo ma wɔhwɛ sɛ wobetumi ayɛ biribi a ɛbɛma wɔatra ase a wonwu da.” Nanso, besi nnɛ no, nyansahu a anya nkɔanim ne ɔpɛ a wɔwɔ no ntumi mma wɔntoo nnipa nkwa nna mu ma ɛmmoroo mfe 70 anaa 80 a Mose kaa ho asɛm mfe 3,500 ni no.—Dwom 90:10.

Sɛ́ wo ne Hiob yɛ adwene wɔ sɛnea na ɔte nka wɔ nkwa ne owu ho anaasɛ wo ne no nyɛ adwene no, bere rekɔ so no, ɛyɛ dɛn ara a wo nso ‘wubeguan sɛ sunsuma’ afi wo nnamfo, w’abusua, wo fie ne nea woatumi ayɛ nyinaa ho akɔ akyirikyiri—kyerɛ sɛ wubewu. Ɔhene Salomo nyansafo a ɔtraa ase tete Israel no kyerɛwee sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.”—Ɔsɛnkafo 9:5.

Awerɛhosɛm ne sɛ, Bible ka sɛ owu ‘adi hene’ wɔ adesamma so sɛ sodifo otirimɔdenfo. Nokwarem no, ɔtamfo a otwa to a ɛsɛ sɛ wogye adesamma fi ne nsam ne owu. (Romafo 5:14; 1 Korintofo 15:26) Adwumayɛfo a wɔatete wɔn yiye na wɔwɔ nnwinnade papa a wɔde yɛ adwuma wɔ wiase no mu mpo ntumi mma wunnya daa nkwa. Nanso, Yehowa Nyankopɔn, a ɔbɔɔ nnipa no ayɛ nhyehyɛe a ɔde begye wo.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Photo by Gene J. Puskar-Pool/Getty Images