Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Gye Ɔsom Nyinaa Tom?

So Onyankopɔn Gye Ɔsom Nyinaa Tom?

So Onyankopɔn Gye Ɔsom Nyinaa Tom?

Mmuae a wɔtaa de ma:

▪ “Ɔsom nyinaa kɔ Onyankopɔn hɔ.”

▪ “Ɛnyɛ nea wugye di ne asɛm no, nea ehia ara ne sɛ wubedi nokware.”

Dɛn na Yesu kae?

▪ “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Ná Yesu nnye ntom sɛ ɔsom nyinaa kɔ Onyankopɔn hɔ.

▪ “Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?’ Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratode.” (Mateo 7:22, 23) Ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wodi Yesu akyi nyinaa na ogye wɔn tom.

NNIPA pii a wɔwɔ ɔsom ahorow mu mfa wɔn gyidi ne wɔn amammerɛ nni agoru. Nanso sɛ gyidi ne amammerɛ ahorow yi ne Onyankopɔn Asɛm Bible no nhyia a, dɛn na ebefi mu aba? Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ nyamesom mu akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ma yehu sɛ asiane wom sɛ yebedi nnipa atetesɛm akyi. Ɔkae sɛ: “Mode mo atetesɛm asɛe Onyankopɔn asɛm.” Afei ɔfaa Onyankopɔn asɛm kae sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.”—Mateo 15:1-9; Yesaia 29:13.

Ɛnyɛ nea yegye di nkutoo na ehia, na mmom abrabɔ pa nso ho hia. Bible ka nnipa bi a wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wɔpae mu ka wɔ baguam sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.” (Tito 1:16) Nokwarem no, Bible ka wɔn a wɔwɔ yɛn bere yi so ho asɛm sɛ: “Wɔbɛdɔ anigyede mmom sen sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn. Ɛwom sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ wɔpɛ nyamesom de, nanso wɔn nyamesom no renyɛ papa. Wone nnipa a wɔte saa no mmɔ.”—2 Timoteo 3:4, 5, Contemporary English Version.

Nokwaredi ho hia de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen saa. Dɛn ntia? Efisɛ obi betumi afi nokwaredi mu asom de, nanso na ɛnyɛ ne kwan so. Ne saa nti, ɛho hia sɛ yenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. (Romafo 10:2, 3) Sɛ yenya saa nokware nimdeɛ no na yɛde nea Bible no ka bɔ yɛn bra a, yebetumi asɔ Onyankopɔn ani. (Mateo 7:21) Ɛnde, sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yenya adwempa, gyidi a ɛyɛ papa, na yɛyɛ nneɛma pa. Na nneɛma pa a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde da biara!—1 Yohane 2:17.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii wɔ nea Bible ka fa Onyankopɔn ho a, hwehwɛ Yehowa Adansefo ma wɔne wo mmɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee.—w09 02/01-E.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yenya adwempa, gyidi a ɛyɛ papa, na yɛyɛ nneɛma pa