Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Mmɔborɔhunu Ho Asuade

Onyankopɔn Mmɔborɔhunu Ho Asuade

Mmofra Afã

Onyankopɔn Mmɔborɔhunu Ho Asuade

YONA—ƆFÃ 2

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN YONA 3:1–4:11.

Sɛ wohwɛ a, bere a Yona duu Niniwe kurow no mu no, ɔtee nka dɛn?

․․․․․

Sɛ wohwɛ a, ɛnne bɛn na Yona de kaa Yehowa atemmusɛm no?

․․․․․

Bere a Yona te Niniwe kurotia no, abufuw bɛn na ɔfae? (Hwɛ Yona 4:5-8.)

․․․․․

2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Dɛn nti na na Yona pɛ sɛ Yehowa sɛe Niniwe sɛnea ɔkae no?

․․․․․

Yɛ nhwehwɛmu fa hwehwɛ (1) sɛnea kɔntoa dua te, ne (2) sɛnea Niniwe hene no furaa atweaatam na ɔtenaa nsõ mu no.

․․․․․

Ɛwom sɛ mfiase no, Yona ampɛ sɛ ɔkɔ Niniwe de, nanso dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yona yɛ odiyifo nokwafo a ɔwɔ akokoduru? (Mateo 21:28-31)

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO . . .

Sɛnea nnipa tumi sakra fi wɔn akwammɔne ho.

․․․․․

Yehowa mmɔborɔhunu.

․․․․․

Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborɔhunu adi.

․․․․․

4 ASƐM YI FÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

w10-E 03/1.

Sɛ wopɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri a, hwɛ April 1, 2009, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 14-18.

SƐ WUNNI BIBLE A, KENKAN WƆ INTANƐT SO WƆ www.watchtower.org