Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

DƐN na ɛkaa ɔsraani bi a na ɔyɛ otuatewfo ne ɔkorɔmfo ma ɔsesaa n’akwan? Ɛyɛɛ dɛn na ababaa bi a na wadi nkonim wɔ karatebɔ mu sesaa ne botae wɔ asetena mu? Ɔkwan bɛn so na ahotoso a na agya bi wɔ wɔ ne babarima mu no sow aba pa? Kenkan kyerɛwtohɔ yi fa hwehwɛ ho mmuae.

“Mebɔɔ Brabɔne Kan no De, Nanso Ɛnnɛ Mewɔ Anigye.”—GARRY P. AMBROCIO

MFE: 47

ƆMAN A OFI MU: PHILIPPINES

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆYƐ ƆSRAANI TUATEWFO

ME KAN ASETENA: Wɔtetee me wɔ kurow ketewaa bi mu wɔ Vintar. Ná mmepɔw a kwae wɔ so, nsuten a emu tew, ne mframa pa atwa yɛn ho ahyia wɔ baabi a yɛte no. Ɛwom sɛ na ɛhɔ dwo de, nanso na ɛhɔ asetena yɛ den. Nkurɔfo bewiaa yɛn nyɛmmoa ne nneɛma a yɛwɔ nyinaa.

Bere a miduu me mpanyin afe so no, ná me ne me nnamfo nom nsa ne sigaret, na na miwia sika na m’atumi de atotɔ saa nneɛma yi. Miwiaa m’ankasa me nanabea agude mpo. Ná asraafo no te nka sɛ meka atuatewfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn New People’s Army (NPA) ho, enti na wɔtaa hwe me yiye. Ɛno nti mekɔdɔm saa atuatewfo kuw no. Me ne NPA asraafo no kɔtenaa mmepɔw so mfe anum. Ná asetena nyɛ mmerɛw koraa. Bere biara ná yɛreguan afi aban asraafo no anim. Eduu baabi no na mabrɛ ne aguanguan, enti mede me ho kɔmaa Ilocos Norte amrado no. Ɔne me dii no yiye, na mpo ɔboaa me ma minyaa adwuma pa bi yɛe. Nanso, na meda so ara kura me subammɔne no mu, na miwiawia ade wɔ afie mu, na na mihunahuna nkurɔfo.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Ná ɔbea bi a ɔwɔ m’adwumam a wɔfrɛ no Loida yɛ Yehowa Dansefo. Ɛnam ɔbea yi so ma mibehuu Jovencio, na ɔne me fii ase suaa Bible no. Nanso na ɛyɛ den ma me sɛ megyae brabɔne no. Ansa na Jovencio bɛba ma yɛasua Bible no, na manom sigaret, na ná meda so ara di nsɛmmɔne. Awiei koraa no polisifo kyeree me sɛ merebu mmara so, na wɔde me kɔtoo afiase asram 11. Saa bere no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Mesrɛɛ ne hɔ bɔne fafiri ne ne honhom kronkron no sɛ ɛnkyerɛ me kwan na ɛnhyɛ me den.

Bere bi akyi no, Yehowa Dansefo bi bɛsraa me wɔ afiase hɔ na ɔde Bible brɛɛ me. Mekenkan Bible no na mibehui sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, na ɔde bɔne kyɛ. Mibehui sɛ Yehowa ahu me mmɔbɔ, na wama me hokwan sɛ minsua n’akwan. Mesrɛɛ no sɛ ɔmma me ahoɔden na memfa nko ntia me subammɔne no. Asɛm a mekenkanee wɔ Mmebusɛm 27:11 no boaa me paa. Mefaa saa asɛm no sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrekasa akyerɛ me tẽẽ. Saa kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”

Bere a mifii afiase bae no, me ne Adansefo no toaa Bible adesua no so, me ne wɔn fii ase kɔɔ wɔn nhyiam ahorow, na mifii ase de Bible nnyinasosɛm bɔɔ me bra. Nkakrankakra, Yehowa boaa me ma mitumi gyaee me subammɔne no. Afei mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn.

SƐNEA ABOA ME: Ɛmfa ho sɛ ná mewɔ subammɔne no, afei de mewɔ anigye. Ɛwom sɛ na brabɔne de me ayɛ akoa de, nanso seesei mayɛ onipa foforo. (Kolosefo 3:9, 10) Ɛnnɛ, wɔadi me ni sɛ me ne Yehowa nkurɔfo a wɔn ho tew no mmɔ na memmoa afoforo mma wonsua yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa no ho ade.

“Ná Mepɛ sɛ Misi Akan ma Brazil.”—JULIANA APARECIDA SANTANA ESCUDEIRO

MFE: 31

ƆMAN A OFI MU: BRAZIL

SƐNEA NA ƆTE: NÁ WABEN WƆ KARATEBƆ MU

ME KAN ASETENA: Wɔtetee me wɔ Londrina. Ɛwom sɛ ná nnipa a wɔwɔ hɔ no pii yɛ ahiafo de, nanso na ɔmantam no mu tew na na asomdwoe nso wɔ hɔ. Bere a midii mfe du no, me nuabarima panyin hyɛɛ me nkuran sɛ memma yenkosua karatebɔ. Nea karatebɔ kyerɛ ne sɛ “wode wo nsa ne wo nan bɛko ntɔkwaw.” Ná me papa ani nnye ho sɛ mesua saa agodi yi, nanso akyiri yi wantumi ansiw me kwan.

Meyeree me ho suaa karate yiye, na midii mu nkonim pii wɔ Parana mantam no mu. Akyiri yi, midii nkonim wɔ ɔman akansi no mu, na wɔ 1993 mu no, wɔbɔɔ m’aba so sɛ nea onim karatebɔ wɔ Brazil sen biara. Na mepɛ sɛ midi nkonim wɔ amanaman ntam akansi no mu. Nanso na m’abusuafo nni bi, enti na wonni sika a wɔde bɛboa me ma matu kwan akɔ amannɔne.

Ná mehwɛ kwan sɛ wɔde karatebɔ bɛka Olympics akansi ho, na saa ara na ɛbae. Ná mepɛ sɛ misi akan ma Brazil wɔ Olympic Games no mu, enti meyeree me ho suae na me san nso nyaa sika fam mmoa a ebetumi ama makɔ akansi no bi wɔ France, Vietnam, South Korea, Japan, ne Agumadi a na ɛbɛkɔ so wɔ Amerika Anafo fam no. Botae a edi hɔ a ná esi m’ani so ne sɛ mɛkɔ Pan American Games no bi, na mebɔɔ mmɔden paa ma wɔpaw me kaa nnipa baasa a na wɔbɛkɔ akosi akan wɔ afe 2003 mu wɔ Santo Domingo, a ɛwɔ Dominican Republic mu no ho.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Wɔ afe 2001 mu no, me ne me mpena hyiaa Yehowa Adansefo, na wofii ase ne yɛn suaa Bible. Mfiase no na m’ani nnye ho papa. Bere nyinaa esiane ɔbrɛ nti, ná ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene besi adesua no so, enti na metaa tɔ nko. Nanso nea na meresua no kaa me koma—eyi daa adi wɔ akansi kɛse a edi hɔ a na meka ho no mu.

Esiane sɛ wɔpaw me sɛ mɛkɔ akosi Pan American Games akan no bi nti, wɔn a wɔkyerɛ karate no ma mikosii akan a na agumadifo no de resiesie wɔn ho ama akansi kɛse no bi. Bere a eduu me so sɛ mɛbɔ karate no, migyinaa hɔ dinn a na menkeka me ho—ná hwee nka me sɛ menkõ. Prɛko pɛ na mekaee sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni ko wɔ agumadi mu mpo! Bible ahyɛde a ɛne sɛ, “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no baa m’adwenem. (Mateo 19:19) Medan me ho fii prama no so a anhaw m’adwene koraa. Nea meyɛe no yɛɛ nkurɔfo nwonwa paa ma enti wɔtaa wɔn anom hwɛɛ me.

Bere a miduu fie no, metenaa ase susuw nea mede m’asetena bɛyɛ ho. Mefaa nhomawa bi a Adansefo no atintim a ɛka nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ ho asɛm no. Mihuu asɛm bi a ɛtwe adwene si Dwom 11:5 so a ɛka fa Yehowa ho sɛ: “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyi no koraa.” Odwontofo no nsɛm no kaa me koma paa, enti misii gyinae sɛ megyae karatebɔ.

Me mpanyimfo a na wɔkyerɛ me karate no ani annye. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa m’adwene, na wɔkae sɛ, minim karatebɔ sen obiara wɔ ɔman no mu, na ɛrenkyɛ mɛkɔ akosi akan wɔ Olympic Games no mu. Nanso na merensesa m’adwene.

Saa bere yi na me ne me mpena no aware. Na ná ɔne Adansefo no afi ase kɔ asɛnka dedaw. Sɛ ofi asɛnka ba fie a, mitumi hu sɛ n’ani agye, na ɔka nkɔmmɔ a ɔne afoforo bɔe no nyinaa kyerɛ me. Mihui sɛ, sɛ metumi akɔ asɛnka no bi a, gye sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’asetena mu. Migyaee asɔre a na mekɔ no, na awiei koraa no mebɛfatae sɛ Ɔdansefo a ɔmmɔɔ asu.

SƐNEA ABOA ME: Me ne me kunu wɔ anigye paa, na biakoyɛ nso wɔ yɛn ntam efisɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ yɛn aware mu. M’ani gye sɛ mɛboa no ma wadi n’asɛyɛde ahorow a ɔwɔ wɔ asafo no mu no ho dwuma. Ná anka metumi apere anya sika kɔkɔɔ abasobɔde, na magye din. Nanso metee nka sɛ biribiara nni wiase bɔne yi mu a wobetumi de atoto hokwan a obi wɔ sɛ ɔsom Yehowa Nyankopɔn no ho.

“Me Papa Ampa Abaw wɔ Me Ho Da.”—INGO ZIMMERMANN

MFE: 44

ƆMAN A OFI MU: GERMANY

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆWƐN ASANOMBEA PON ANO

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me too abusua bi a na ɛsono obiara som mu wɔ Gelsenkirchen, kurow a wotu biriw wom no mu. Ná me papa yɛ Yehowa Dansefo. Nanso me Maame sɔre tiaa mmɔden a na me papa bɔ sɛ ɔde ne som mu gyidi bɛtete me ne me nuanom mpanyimfo baasa a obiako yɛ ɔbarima na baanu no yɛ mmea no. Ná da biara da, me papa de nnɔnhwerew du anaa nea ɛboro saa ka lɔre akɛse. Mpɛn pii no, na ofi adwuma ase anɔpa nnɔn abien anaa nnɔn abiɛsa. Nanso bere nyinaa na ɔhwɛ sɛ ɔde Onyankopɔn Asɛm bɛtete yɛn. Nanso, mankyerɛ mmɔden a na ɔbɔ no ho anisɔ.

Bere a midii mfe 15 no, na m’ani nnye Yehowa Adansefo nhyiam a na ɔde me kɔ no ho, enti metew atua. Afe akyi no, mekɔdɔm akuturukubɔ kuw bi. Mfe abien bi akyi no, meyɛɛ ade ma ɛhaw me papa yiye. Bere a midii mfe 18 no, mitu fii fie.

Ná m’ani gye agumadi ho paa, enti na dapɛn biara mikogye ho ntetee mpɛn asia—akuturukubɔ na na edi kan, na sɛ miwie a, na mekɔmoma nnade so. Sɛ edu dapɛn awiei a, na me ne me nnamfo taa kɔ asanombea kɔsaw. Bere bi, me ne obi a ɔno nso aba hɔ rebɛsaw a n’anim yɛ hu nyaa akasakasa na yɛkoe, nanso mehwee no. Asanombea wura no huu nea ɛkɔɔ so no, na ɔfaa me adwuma sɛ menwɛn asanombea no pon ano. Ná akatua no ye, enti mepenee so yɛe.

Edu dapɛn awiei biara a, na migyina asanombea pon no ano, na na mekyerɛ nea ɛsɛ sɛ owura mu ne nea onni hokwan sɛ owura mu. Ná nnipa bɛyɛ 1,000 tumi hyɛ ɔdan no mu mã, enti na minni adagyew koraa. Ná wɔtaa ko ntɔkwaw wɔ hɔ. Na na wɔtaa de atuo ne ntumpan a abɔ hunahuna me. Nnipa a na memma wɔn kwan mma wɔnkɔ mu anaa wɔn a na mepam wɔn fi asanombea dan no mu no taa kogyina abɔnten twɛn me sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne me bɛko. Saa bere no na madi mfe 20, na na misusuw sɛ obiara ntumi me. Nokwasɛm ne sɛ, na nea mepɛ biara na meyɛ—m’ani yɛ den, meyɛ ahantan ne anuonyampɛ, na na meyɛ mpi nso.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Me papa ampa abaw wɔ me ho da. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma na wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma * brɛ me wɔ baabi a mete no. Ebesum me dan mu hɔ—mankenkan. Afei da koro bi, meyɛe sɛ mɛhwɛ emu bi mu. Nsɛm a mekenkanee a ɛfa sɛnea mprempren amammui, sikasɛm, ne wiase nyinaa nyamesom nhyehyɛe bɛba awiei no kaa me ma mefrɛɛ me nuabea. Ná ɔne ne kunu yɛ Yehowa Adansefo. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔne me besua Bible, na mepenee so.

Nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:7 no hyɛɛ me nkuran ma meyɛɛ nsakrae wɔ m’asetena mu. Ná minim dedaw sɛ, nea mɛyɛ, nea mɛka anaa gyinae biara a mesi nnɛ no, bɛka me daakye. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 1:18 no nso hyɛɛ me nkuran paa. Ɛkenkan sɛ: “‘Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye. Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma.’” Saa kyerɛwsɛm no boaa me wɔ m’adesua no mfiase na amma mante nka sɛ memfata anaasɛ wɔyɛ me hwee a ɛrenyɛ yiye.

Wɔ asram asia ntam no, ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw koraa de, nanso meyɛɛ nsakrae kɛse wɔ m’asetena mu. Ná ehia sɛ mitu fi baabi a mete no na metwe me ho fi fekubɔne a na mede me ho akohyem no mu. Enti meka kyerɛɛ me nnamfonom sɛ meresua Bible no, na mekaa nea na meresua no bi kyerɛɛ wɔn. Wofii ase twee wɔn ho fii me ho na wɔtoo me din, ɔsɔfo. Me nuabea no boaa me ma minyaa adwuma foforo a ɛfata.

Afei mifii ase kɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa a me nuabea no ne ne kunu kɔ no, ɛwom sɛ na kwan no yɛ kilomita 30 de. Ná Ahenni Asa bi bɛn me fie, nanso na mefɛre sɛ mehu nkurɔfo a wonim me fi me mmofraase no. Ná misuro nso sɛ mɛkɔ afie afie asɛnka wɔ faako a mete no. Efisɛ sɛ mikohyia obi a mepam no fii asanombea hɔ anaa obi a mama no nnubɔne pɛn a, m’ani bewu. Nanso misuaa biribi fii apɔwmuteɛteɛ ho ntetee a na wɔde ma me no mu—ebi ne sɛ, apɔwmuteɛteɛ a ɛyɛ den paa no na mfaso wɔ so kɛse. Enti bere a wɔpenee so sɛ menkɔ asɛnka no, mantwentwɛn me nan ase koraa.

Ná mewɔ asɛnnennen foforo a ɛsɛ sɛ meyɛ ho adwuma—ná akenkan anaa adesua yɛ me den. Nanso na minim sɛ sɛ menya gyidi a emu yɛ den a, gye sɛ meteɛ me ho so na misua Bible mu nokware a mahu no ho ade kɔ akyi. Mibehui sɛ, ɛte sɛ nnade a wɔmoma so no ara, sɛ wopɛ sɛ wunya ahoɔden a, gye sɛ woyere wo ho.

SƐNEA ABOA ME: Meda so ara te ase! Ɛsɛ sɛ mekɔ so ara tintim na mansan ankɔ me kan abrabɔ no mu bio. Seesei me ne me yere a ɔda Kristofo su pa adi no wɔ abusuabɔ a ɛyɛ anigye. Mewɔ nnamfo pa a metumi de me ho ato wɔn so wɔ Yehowa Adansefo mu. Mfe anum a atwam ni na me papa wui, nanso ansa na ɔrewu no, n’ani gyei sɛ ne nsa kaa ne babarima no bio.—w10-E 11/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 34 Yehowa Adansefo na wotintimii.