Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afei na Mahu Onyankopɔn a Mesom No No

Afei na Mahu Onyankopɔn a Mesom No No

Pentekoste sɔfo bi a wɔkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde sa yare bɛsraa yɛn. Bere a ɔde ne nsa kaa me no, mitwa hwee, na manhu hwee bio, kyerɛ sɛ na ‘honhom atɔ me so.’ M’ani so tetew me no, ɛyɛɛ me sɛ manya nea mepɛ, ɛno ne tumi a wɔde sa yare no. Ɛyɛɛ dɛn na asɛm yi too me, na ɛkaa m’asetena dɛn? Ansa na mɛtoa m’asɛm so no, momma menka me ho asɛm kakra.

WƆWOO me December 10, 1968 wɔ Ilocos Norte, Philippines. Me ne me nuanom yɛ du, na me na meto so ason. Wɔtetee yɛn wɔ Katolek asɔre mu te sɛ Philippinesfo dodow no ara. Miwiee ntoaso sukuu afe 1986, na na me botae ne sɛ mɛyɛ nɛɛse adwuma. Nanso mantumi anyɛ saa adwuma no, efisɛ yare bi yɛɛ me maa m’adwene yɛɛ me sɛ mewu mpo. Amanehunu a ɔyare ma mefaa mu nti, meka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me na sɛ ɔboa me ma me ho tɔ me a mɛsom no afebɔɔ.

Ɛkyɛe ansa na me ho retɔ me, nanso me ho tɔɔ me akyi no, mekaee nea meka kyerɛɛ Onyankopɔn no. Enti June 1991 mu no, mekɔkyerɛw me din wɔ Pentekostfo Bible sukuu mu. Wɔkyerɛe sɛ ntetee a ɛwɔ sukuu hɔ no bi ne sɛ wubenya “honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa” no bi. Ná mepɛ sɛ minya tumi a wɔde sa yare. Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sukuu hɔ sɛ, akɔnkyen ne mpaebɔ na ɛbɛma yɛanya saa tumi no bi. Ná mepɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ mewɔ “akyɛde” no bi, enti da bi a na yɛn nyinaa rebɔ mpae no, miwiaa me ho tiee sukuuni bi mpaebɔ. Mihui sɛ ɔreyɛ awie no, meyɛɛ ntɛm san kɔɔ baabi a na merebɔ mpae no. Ɛno akyi no, mekaa nea sukuuni no kae wɔ ne mpaebɔ mu nyinaa kyerɛɛ no, na ɛma ogye dii sɛ afei de manya “akyɛde a wɔde ma kwa” no bi.

Bere a migu m’adesua so wɔ sukuu hɔ no, na nsɛm pii kyere m’adwene. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Mateo 6:9 ka “Agya” no ne ne “din” ho asɛm. Mibisaa nsɛm bi te sɛ, “Agya bɛn na Yesu kaa ne ho asɛm no?” “Hena din na ɛsɛ sɛ wɔtew ho no?” Mpɛn pii no, na mmuae a me kyerɛkyerɛfo de ma no mu nna hɔ, na na ntease nso nnim. Ná wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, na wɔka sɛ ɛyɛ ahintasɛm. Ɛmaa m’adwene tu frae. Ne nyinaa akyi no, metoaa asɔfodi sukuu no so.

Mibehuu Yehowa Adansefo

Bible sukuu mu hɔ no, wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ Yehowa Adansefo som no ne som a ɛnka nokware koraa. Ná wɔsan frɛ wɔn antikristo. Ɛma minyaa wɔn ho tan paa.

Midii mfe abien wɔ sukuu mu hɔ no, mekɔɔ fie kɔsraa m’awofo akwamma bere bi. Me nuabea panyin bi a wɔfrɛ no Carmen tee sɛ maba fie no, ɔno nso bae. Ná ɔyɛ Yehowa Dansefo a wabɔ asu, na na ɔyɛ bere nyinaa somfo. Bere a ɔyɛɛ sɛ ɔreka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ me no, me bo fuwii, na mekae  sɛ: “Minim Onyankopɔn a meresom no no dedaw!” Meteɛteɛɛm guu ne so didii no atɛm, na mantie n’asɛm no. Mamma no kwan amma wanka asɛm no ankyerɛ me bio.

Bere a mesan kɔɔ Bible sukuu mu hɔ no, Carmen de So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? * nhoma no bi brɛɛ me. Memoamoaa no ntɛm de hyɛɛ gya mu. Ná m’abufuw no nkɔe.

Mekɔɔ M’anim Wɔ Asɔfodi Mu

Bere a miwiee sukuu bɛyɛɛ ɔsɔfo

Bere a migu m’adesua so wɔ Bible sukuu hɔ no, mitumi nyaa nkurɔfo ma wɔbaa asɔre no bi. Bere a me maame ne me nuabarima panyin nso bɛyɛɛ Pentekostfo no, m’ani gyei paa.

Miwiee Pentekost Bible sukuu no March 1994. Sɛnea maka dedaw no, na ɔsɔfo bi wɔ dwumadi no ase. Yɛn a yewiee sukuu no, na obiara pɛ sɛ ɔbɛn ɔsɔfo no, efisɛ na yɛwɔ gyidi bi sɛ ɔwɔ ayaresa akyɛde. Yɛkɔkaa ne ho wɔ baabi a na ogyina reto dwom no ne no huruhuruw bɔɔ yɛn nsam de akyene a na wɔrebɔ no sawee. Afei obiara a ɔsɔfo no de ne nsa kaa no no tɔɔ fam, kyerɛ sɛ, ‘honhom tɔɔ no so.’ * Bere a ɔde ne nsa kaa me no, me nso mitwa hwee na manhu hwee bio. M’ani so tetew me no, na misuro, nanso metee nka sɛ afei de, manya ayaresa tumi, enti m’ani gyei.

Ɛno akyi no, ankyɛ na mede saa tumi no saa abofra bi a atiridii atumi no yare. Mebɔɔ mpae wiei no, ɛhɔ ara na mfifiri fii ase tew abofra no, na atiridii no tu yerae. Afei de, metee nka sɛ metumi adi asɛm a meka kyerɛɛ Onyankopɔn no so. Nanso na meda so ara te nka sɛ mihia biribi. Me mu paa de, na migye di sɛ Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ, nanso na minnim onipa ko a ɔyɛ. Asɔre no nkyerɛkyerɛ pii wɔ hɔ a, na ɛnsen me tirim.

Mede saa tumi no saa abofra bi a atiridii atumi no yare

Nneɛma a Ɛsesaa M’adwene

Saa nneɛma yi nyinaa sisii no, ɛmaa ɔtan a na mewɔ ma Yehowa Adansefo no yɛɛ kɛse koraa. Bere biara a meso Adansefo nhoma mu no, na mehyew no. Afei biribi a na menhwɛ kwan sii. Ɛyɛɛ me nwonwa pii bere a mihui sɛ Maame ani nnye yɛn asɔre no ho bio no. Ná Carmen ne no resua Bible! Me bo fuw me nua no paa.

Ɛnna mihuu Nyan! bi wɔ Maame fie. Kan no a, anka mɛhyew no. Nanso esiane sɛ na mepɛ sɛ mihu nea ɔrekenkan no nti, mibuebuee mu hwɛe. M’ani kɔbɔɔ asɛm bi so. Ná ɛfa obi a na ogye n’asɔre nkyerɛkyerɛ di paa ho. Nanso bere a ofii ase kenkan Adansefo no nhoma kaa Bible ho no, ɔbɛtee ase sɛ Baasakoro, hellgya ne ɔkra a enwu nkyerɛkyerɛ no nni Bible mu. Ɛkaa me koma. Saa nsɛm yi ara nso na na mepɛ sɛ mete ase. Efi bere a mekenkan saa asɛm no, me ho peree me sɛ me nso mehu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa.

Mesan kenkan asɛm bi wɔ Nyan! no mu; ná ɛfa kɔwensani bi a ɔnom nnubɔne ho.  Bible a osuae no ma ɔyɛɛ nsakrae kɛse paa wɔ n’asetenam. Nea mekenkanee no ma mifii ase kenkan Adansefo no nhoma pii. Minyaa nhoma bi a wɔato din The Divine Name That Will Endure Forever, * na mekenkanee no, mihui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Nokware Nyankopɔn koro pɛ no ho nokwasɛm a misuae no maa m’ani gyei paa.—Deuteronomium 4:39; Yeremia 10:10.

Nokware Nyankopɔn koro pɛ no ho nokwasɛm a misuae no maa m’ani gyei paa

Mekɔɔ so wiaa me ho kenkan nhoma ahorow no suaa Bible mu nokwasɛm bebree. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na wɔakyerɛkyerɛ me wɔ Pentekoste sukuu mu hɔ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Nanso na mabehu wɔ Bible mu sɛ Yesu yɛ “Onyankopɔn teasefo no Ba.”—Mateo 16:15, 16.

Minyaa Koma Foforo

Bere a mihyiaa Carmen bio no, mekae sɛ mepɛ The Divine Name That Will Endure Forever no biako ne nhoma afoforo, na ɛyɛɛ no nwonwa. Ná matena Bible sukuu mu hɔ mfe pii, nanso wɔankyerɛkyerɛ me nokware no. Ná wɔafura m’ani. Bible mu nokware a na misua nti, afei de na m’ani agye paa. Metee Yesu asɛm no ase paa. Ɔkae sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32) Nokware yi a misuae no sesaa m’abrabɔ nkakrankakra.

Nokware yi a misuae no sesaa m’abrabɔ nkakrankakra

Minyaa adwene sɛ, metumi awia me ho asom Yehowa Nyankopɔn na bere koro no ara makɔ so ayɛ ɔsɔfo. Ankyɛ na mihui sɛ mintumi nkyerɛkyerɛ asɔre no gyidi bio. Nanso na misuro; sɛ migyae asɔfodi no a, mɛyɛ dɛn anya sika? Sɛ migyae asɔfodi no bɛyɛ Yehowa Dansefo a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ animguase ama asɔre no! Enti mekɔɔ so yɛɛ asɔfodi adwuma no, nanso na mekyerɛkyerɛ biribi foforo.

Precious ne me suaa Bible

Mihyiaa me nuabea Carmen bio, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam no bi. Ná metaa kɔ Laoag City, baabi a yɛn asɔre no ti wɔ, ɛno nti miwiaa me ho kɔhwehwɛɛ Ahenni Asa a Adansefo no hyia hɔ yɛ wɔn nhyiam no. Ɛhɔ no, wɔde me kyiaa bere nyinaa somfo bi a ɔwɔ saa asafo no mu; ná ne din de Alma Preciosa Villarin, na din a na wɔtaa de frɛ no ne “Precious.” Ɛwom, na meda so ara wɔ Adansefo no ho adwemmɔne, nanso mepenee so maa Precious ne me suaa Bible.

Ná me nuabea no nya me ho abotare kyerɛkyerɛ me Bible mu nokware. Mihui sɛ Precious nso wɔ saa suban no bi. Ná me bo tumi fuw ma me ne no gye akyinnye, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na meteɛteɛ no ka kyerɛ no sɛ  nea wɔakyerɛ me no de, biribiara ntumi nsesa m’adwene wɔ ho. Nanso ɔboaa me paa ma metee Bible no ase. Sɛnea Precious ne Adansefo foforo nyaa me ho adagyew na wɔdaa ahobrɛase ne odwo adi no, ɛkaa me koma paa. Eyi ma meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsom Yehowa.

July 1995 mu no, mihui sɛ nea ɛbɛma matumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ megyae asɔfodi no. Adɛn ntia? Adiyisɛm 18:4 ka atorosom ho asɛm sɛ: “Mumfi ne mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.” Sɛ migyae a, mɛyɛ dɛn anya sika? Hebrifo 13:5 boaa me. Ɛma mihui sɛ, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ yɛyɛ n’apɛde a, ‘Ɔrennyaw yɛn na ɔrempa yɛn nso da.’

Bere a wɔbɔɔ me ne me maame asu

Afei de na me papa ne me nuabarima no retan m’ani paa, nanso aka nnawɔtwe abien ama mabɔ asu abɛyɛ Ɔdansefo no, minyaa akokoduru kɔɔ fie kɔhyew nneɛma a na mede yɛ asɔfodwuma no nyinaa. Mehyew nneɛma no wiei no, mihui sɛ tumi a na mede yɛ anwonwade no nyinaa kɔ. Kan no sɛ meda a, mete nka sɛ biribi bɛhyɛ me so, nanso afei na ɛno nso agyae. Sunsuma a na ɛbɛnenam me mpomma akyi no, amma bio. Bible adesua no ma mihui sɛ akyɛde a wɔka sɛ ɛma wotumi sa yare no, emfi Onyankopɔn na mmom efi adaemone. Sɛnea abeawa a Paulo tuu “akɔm honhom” fii no mu no ani gyei no, me nso m’ani agye paa sɛ matumi atetew me ho afi adaemone nhyɛso ase.—Asomafo Nnwuma 16:16-18.

Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo

Hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ me ne Maame nyinaa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo da koro; na ɛyɛ September 1996! Mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo akyi no, mifii ase yɛɛ bere nyinaa som adwuma no bi, na m’ani gye sɛ mede mfe pii resom saa kwan no so.

Seesei maware ɔbarima bi a wɔfrɛ no Silver, na yɛrebɔ mmɔden de Bible mu nsɛm a ɛyɛ nokware no akyerɛkyerɛ yɛn babea. Me nuanom bi nso abɛka yɛn ho wɔ Yehowa som mu. Ɛyɛ me yaw sɛ mfe pii a atwam no, na minnim Onyankopɔn, nanso m’ani agye yiye efisɛ afei na mahu Onyankopɔn a meresom no no.

Me ne me kunu, yɛn babea, ne m’abusuafo pii a wɔabɛka yɛn ho wɔ nokware som mu

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.

^ nky. 13 Sɛ wɔka sɛ “honhom atɔ obi so” a, nea asɔrefo bi gye di ne sɛ “honhom” de ahoɔden bi aba gyidifo so ama wɔatwa ahwe.

^ nky. 18 Yehowa Adansefo na wotintimii.