Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: ENTI ONYANKOPƆN TIRIM YƐ DEN?

Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?

Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?

ASƐMMISA a ɛda nhoma yi so no ama wo ho adwiriw wo anaa? Sɛ ebinom te a, ɛma wɔn ho dwiriw wɔn, nanso nnipa bebree wɔ hɔ a, nneɛma bi nti, etumi ba wɔn adwenem sɛ Onyankopɔn tirim bɛyɛ den na ebinom mpo de, wɔka no pen sɛ ne tirim yɛ den. Adɛn ntia?

Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, wɔn a wonya wɔn ti didi mu no bi bisa sɛ: “Adɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma saa nneɛma no sisi? Ɛmfa ne ho anaa? Anaasɛ ne tirim na ɛyɛ den?”

Ebinom nso de, sɛ wɔrekenkan Bible a na saa asɛm no ba wɔn tirim. Sɛ wɔkenkan nsɛm bi te sɛ Noa Nsuyiri no ho asɛm a, ɛma wobisa sɛ, ‘Adɛn nti na Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no tumi kunkum nnipa pii saa? Ne tirim yɛ den anaa?’

Ɛtɔ da bi a, nsɛm bi saa tumi ba wo tirim? Wuhyia obi a n’adwene yɛ no sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den a, ɛyɛ wo den sɛ wobɛma no mmuae anaa? Wo de, ma yɛnhwɛ asɛmmisa bi a ebetumi ayɛ asɛm no safoa.

ADƐN NTI NA NNIPA MPƐ ATIRIMƆDENSƐM?

Sɛ yebetwa no tia a, nea enti a yɛmpɛ atirimɔdensɛm ne sɛ, biribi nkɔ yiye a, yetumi hu. Ɛno ne ade biako a yɛde kyɛn mmoa; yɛn de, Ɔbɔadeɛ no bɔɔ yɛn “wɔ ne suban so.” (Genesis 1:27) Ɛno kyerɛ sɛn? Onyankopɔn bɔɔ yɛn ɔkwan bi so a yɛn nso yebetumi ada ne suban pa no bi adi na yɛakyi bɔne. Wo de, dwen ho hwɛ, Onyankopɔn na abɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a biribi nkɔ yiye a, yetumi hu; ɛno nti sɛ yɛmpɛ atirimɔdensɛm a, wunnye nni sɛ ɔno nso kyi atirimɔdensɛm?

Bible si so dua ma yehu sɛ ntease wɔ asɛm no mu. Onyankopɔn ma yenya awerɛhyem sɛ: “M’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene korɔn sen mo adwene.” (Yesaia 55:9) Yɛka sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛ yɛn akwan korɔn sen n’akwan. Ntease nnim sɛ yebenya saa adwene no bere a yɛnhwehwɛɛ nneɛma mu nkɔɔ akyiri. Sɛ́ anka yɛde atirimɔdensɛm besusuw Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, adɛn nti na ɔyɛ nneɛma bi a, anhwɛ a obi bɛka sɛ ne tirim yɛ den? Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate ase no, ɛsɛ sɛ yehu nea “atirimɔdensɛm” kyerɛ ankasa.

Sɛ yɛka sɛ obi tirim yɛ den a, ɛkyerɛ sɛ yedwen bɔne ma onii no. Obi a ne tirim yɛ den no, sɛ ohu sɛ nkurɔfo rehu amane a, ɛnyɛ no asɛm koraa, na obi wɔ hɔ nso a ɛma n’ani gye mpo. Enti sɛ agya bi twe ne ba aso de hyɛ no aniɛyaa a, ɛkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den. Na sɛ ɔtwe ne ba no aso de kyerɛ no akyerɛ pa anaa ɔde bɔ ne ho ban a, ɛnde na ɔyɛ agya pa. Nnipa de, ɛnkyɛ na yɛadwen bɔne ama obi; ebia yɛreka yi, obi de bi adi wo da.

Ma yɛnhwɛ nneɛma abien a ɛma ebinom dwen sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Ɛno ne atoyerɛnkyɛm a esisi ne Onyankopɔn atemmu a ɛho asɛm wɔ Bible mu no. Wugye di sɛ nhwehwɛmu no bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den anaa?