Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eye sɛ Yɛbɛbɔ Ahotefo Mpae Anaa?

Eye sɛ Yɛbɛbɔ Ahotefo Mpae Anaa?

WIASE mu a yɛwɔ yi, hena na asɛm ntoo no mmaa ɔnkɔhwehwɛɛ mmoa wɔ obi hɔ da? Nea yɛtaa yɛ ne sɛ, yɛhwɛ asɛm a ato yɛn no ho na yɛahwehwɛ yɛn adamfo bi a ɔte nnipa ase a onim yɛn haw no ani so. Sɛ yɛwɔ yɔnko a ɔwɔ tema na onim yɛn haw ani so a, ɛboa paa.

Sɛ yɛka mpaebɔ ho asɛm a, saa na ebinom te nka. Onyankopɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔkɔ ne nkyɛn. Nanso wɔte nka sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse na ne ho yɛ hu dodo, enti ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔde wɔn abisade bɛfa ahotefo no bi so. Wɔwɔ adwene sɛ ahotefo afa sɔhwɛ ne amanehunu pii mu te sɛ nnipa, enti wɔn na wɔbɛte yɛn ase kɛse. Ɛho nhwɛso ne “Ɔhotefo” Anthony a ofi Padua. Sɛ nkurɔfo nneɛma a ɛsom bo ma wɔn paa yera a, wɔbɔ no mpae, efisɛ wobu no sɛ otumi hu nneɛma a ayerayera ne nneɛma a nkurɔfo awia. Sɛ ɔyare bɔ aboa bi a, ne wura bɔ “Ɔhotefo” Francis a ofi Assisi mpae, na sɛ obi di nkogu wɔ biribi mu na ɔreyɛ apa abaw nso a, ɔbɔ “Ɔhotefo” Jude Thaddeus mpae.

Sɛ yɛbɔ ahotefo mpae a, ɛne Kyerɛwnsɛm hyia anaa? Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛte saa anaa ɛnte saa? Onyankopɔn na yɛbɔ no mpae, enti ntease wom sɛ yebebisa sɛ: Enti otie yɛn mpae? Ɛsɛ sɛ yebisa nso sɛ: Sɛ yɛbɔ ahotefo mpae a, Onyankopɔn te nka sɛn?

MPAE A WƆBƆ AHOTEFO—NEA BIBLE KA WƆ HO

Ahotefo a nkurɔfo bɔ wɔn mpae no, egyina Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ so; wɔkyerɛ sɛ ahotefo betumi aka yɛn asɛm ama yɛn. Nhoma bi kyerɛ sɛ adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ “obi a ɔfata begyina Onyankopɔn anim asrɛ mmɔborɔhunu ama obi a ohia mmoa.” (New Catholic Encyclopedia) Enti wɔn a wɔbɔ ahotefo mpae no wɔ gyidi bi sɛ ahotefo no wɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, enti wobetumi afa wɔn so anya Onyankopɔn anim dom.

Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa wɔ Bible mu anaa? Ɔsomafo Paulo kyerɛw asɛm bi wɔ ne nkrataa no bi mu, na ɛno na nkurɔfo gyina so ka sɛ yebetumi abɔ ahotefo mpae. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ: “Afei anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom no dɔ so tu mo fo sɛ momfa animia nka me ho mmɔ Onyankopɔn mpae mma me.” (Romafo 15:30) Wugye di sɛ na Paulo reka akyerɛ ne nuanom Kristofo no sɛ wɔmfa ɔno n’abisade nto Onyankopɔn anim mma no? Ɛrentumi mma saa. Biribiara ni a, Paulo a ɔyɛ Kristo somafo no, ɛnyɛ ɔno mmom na anka ne mfɛfo no bɛka sɛ ɔnsrɛ mma wɔn? Nea Paulo rekyerɛ ne sɛ mfomso nnim sɛ wobɛka akyerɛ wo yɔnko Kristoni sɛ ɔnkae wo wɔ ne mpaebɔ mu. Nanso sɛ wobɔ mpae kyerɛ obi a ɛyɛ wo sɛ ɔwɔ soro  sɛ ɔmfa w’abisade nto Onyankopɔn anim mma wo a, ɛno de, ɛyɛ asɛm foforo koraa. Adɛn ntia?

Sɛ wokenkan ɔsomafo Yohane Asɛmpa no a, Yesu kae sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɔsan kae sɛ: “Sɛ mubisa Agya no hɔ biribiara me din mu a, ɔde bɛma mo.” (Yohane 15:16) Yesu anka sɛ, sɛ yɛrebɔ mpae a, yɛnka yɛn asɛm nkyerɛ no na waka akyerɛ Onyankopɔn ama yɛn. Mmom no, sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, Yesu na ɛsɛ sɛ yɛde fa no so, na ɛnyɛ obi foforo biara.

Bere a Yesu asuafo no kae sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere biara a mobɛbɔ mpae no, monka sɛ, ‘Agya, ma wo din ho ntew.’” (Luka 11:2) Enti “bere biara” a yɛbɛbɔ mpae no, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn asɛm no kyerɛ Onyankopɔn ankasa, na ɛnyɛ Yesu anaa obi foforo biara. Yesu nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ pefee yi nti, wunhu sɛ yebetumi aka no pen sɛ Yesu Kristo na ɛsɛ sɛ yɛfa ne so bɔ mpae kyerɛ Onyankopɔn, na ɛnyɛ ɔkamafo bi anaa “ɔhotefo” bi?

Mpaebɔ yɛ yɛn som mu ade a ɛho hia paa, enti sɛ yeyi Onyankopɔn akwa kɔsom obi foforo a, ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia koraa. (Yohane 4:23, 24; Adiyisɛm 19:9, 10) Ɛno nti, Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae.

ƐSƐ SƐ YESURO SƐ YƐBƐBƐN ONYANKOPƆN ANAA?

Yesu de abofra bi asɛm yɛɛ mfatoho wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔkae sɛ abofra no ka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma no aduan nni. Wohwɛ a, abo na papa no de bɛma ne ba no anaasɛ paanoo? Anaa wugye di sɛ ɔbɛma no ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre anaasɛ apataa? (Mateo 7:9, 10) Ɔwofo biara a ɔdɔ ne ba remfa abo anaa ɔwɔ mma no da!

Sɛnea ɔbaatan biara pɛ sɛ ne ba bɛn no no, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ no

Fa no sɛ woyɛ ɔwofo, na wo ba pɛ sɛ ɔde n’ahiasɛm bi to w’anim. Wo ne wo ba no ntam yɛ kama paa, na otumi ka n’asɛm biara kyerɛ wo. Ne nyinaa akyi no, onya adwene bi sɛ, asɛm a ɔrebɛka akyerɛ wo yi de, ebia ɛbɛhaw wo, enti ɔde kosi obi so. Anka ɛbɛyɛ wo dɛ? Sɛ wuhu sɛ wayɛ n’adwene sɛ bere biara a ɔbɛka asɛm bi akyerɛ wo no, ɔde besi onii no so ɛ? Anka w’ani begye ho saa? Dabida! Awofo a wɔdɔ wɔn mma no, sɛ biribi hia mmofra no a, wɔpɛ sɛ mmofra no ara tumi ka kyerɛ wɔn.

Abofra ne ne papa ho mfatoho a Yesu yɛe no, ɔkyerɛɛ aba a ɛwom. Ɔka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, hwɛ mpɛn dodow ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa bɛma wɔn a wobisa no no.” (Mateo 7:11) Ɔbaatan de, nea ɔpɛ ne sɛ ɔde nneɛma pa bɛma ne ba. Yɛn soro Agya no mpo de, ɔkyɛn ɔbaatan; yɛn mpae a obetie no hia no paa.

Sɛ yɛn mfomso ama yɛabotow mpo a, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ankasa de yɛn abisade to n’anim. Ɔmfa nhyɛɛ obiara nsa sɛ ontie yɛn mpaebɔ. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to ahotefo anaa obi foforo so sɛ ɔnka yɛn asɛm mma yɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa Nyankopɔn ho adwempa.

Yɛn soro Agya no dwen yɛn mu biara ho. Ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yedi yɛn haw ho dwuma, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. (Yakobo 4:8) Yetumi bɛn “mpaebɔ Tiefo” a ɔyɛ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no; anigye bɛn na ɛkyɛn saa!—Dwom 65:2.