Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

“Ne Su Horow a Wonhu no Ada Adi Pefee”

“Ne Su Horow a Wonhu no Ada Adi Pefee”

Wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa? Sɛ wugye di ampa a, dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ? Yɛhwɛ mu paa a, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ nyansa ne tumi, na ɔyɛ ɔdɔ wɔ hɔ. Dɛn ne saa adanse no, na sɛn na ɛka yɛn? Sɛ wopɛ mmuae no a, hwɛ asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no.

Paulo kae sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti wonni anoyi biara.” (Romafo 1:20) Sɛnea Paulo kae no, nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ di ne ho adanse. Ma yɛnto yɛn bo nhwɛ Paulo asɛm no.

Paulo kae sɛ yebetumi ahu Onyankopɔn suban afi “wiase bɔ so.” Asɛm yi mu de, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “wiase” no, ɛnkyerɛ asase a yɛte so yi; mmom ɛkyerɛ nnipa. * Enti Paulo asɛm no kyerɛ sɛ, efi bere a wɔbɔɔ nnipa no, nnipa tumi hu Ɔbɔadeɛ no su horow wɔ nneɛma a wayɛ mu.

Yehu nneɛma a wayɛ no wɔ baabiara, na edi adanse; wɔmfa nhintawee, na mmom ɛda “adi pefee.” Abɔde nketewa ne akɛse nyinaa da no adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, na ɔwɔ su ahorow a ɛyɛ kama paa. Wohwɛ sɛnea wayɛ nneɛma fɛfɛɛfɛ na wahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no a, ɛnkyerɛ wo sɛ Onyankopɔn nim nyansa anaa? Wunhu sɛ ɔsoro nsoromma ne po asorɔkye kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi? Sɛ wohwɛ nnuan ahorow ahorow a yedi, na wohwɛ sɛnea awia pue na ɛkɔtɔ a, wunhu sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa?Dwom 104:24; Yesaia 40:26.

Wohwɛ adanse no a, ɛte sɛn? Adanse no ada adi pefee araa ma sɛ obi ka sɛ onhu adanse no anaa ɔka sɛ onnye Onyankopɔn nni a, ‘onni anoyi biara.’ Nhomanimfo bi de mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu sɛ: Fa no sɛ wɔde ahyɛnsode bi a wɔakyerɛw so sɛ “Fa Benkum” asi kar kwan so, nanso drɔbani bi abu n’ani agu so. Ɛbaa saa no, polisini kyeree no sɛ ɔde no rekɔ kɔɔto, nanso drɔbani no se ɔmpene efisɛ wanhu biribiara. Polisini no antie no, efisɛ ahyɛnsode no si baabi a obiara ani tua, na drɔbani no nso, ɔnyare n’ani. Afei nso, drɔbani de, ɛyɛ w’asɛde sɛ wobɛhwɛ kwan so yiye, na woahu biribiara a esi kwan so. Adanse a ɛwɔ abɔde mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, saa na ɛte. Obiara ani tua saa “ahyɛnsode” no. Yɛyɛ abɔde a yɛwɔ nyansa, enti yebetumi ahu ama ayɛ yiye. Sɛ yɛanhu a, yenni anoyi biara.

Nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ di ne ho adanse

Adebɔ ma yehu Ɔbɔadeɛ no ho nsɛm pii, nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛka ne ho nsɛm bebree kyɛn adebɔ koraa. Ɛno ne Bible. Sɛ yɛkenkan Bible a, yebenya asɛmmisa a ɛho hia paa yi ho mmuae: Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase na ɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntena so? Wiase a yɛte mu yi, Onyankopɔn “su horow a wonhu no ada adi pefee” wom, enti sɛ wuhu saa asɛmmisa no ho mmuae a, ebetumi aboa wo ama woabɛn no.

AUGUST BIBLE AKENKAN

Romafo 1-16

^ nky. 5 Bible ka wɔ baabi foforo sɛ “wiase” ayɛ bɔne na ehia sɛ obi gye no. Eyi kyerɛ pefee sɛ nsɛm bi te sɛ eyi mu de, “wiase” gyina hɔ ma nnipa, na ɛnyɛ asase a yɛte so yi.Yohane 1:29; 4:42; 12:47.