Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Ahu Onyankopɔn a Wonhu No No?

Wubetumi Ahu Onyankopɔn a Wonhu No No?

“ONYANKOPƆN yɛ Honhom,” enti yentumi mfa yɛn ani nhu no. (Yohane 4:24) Nanso, Bible ka sɛ ɔkwan bi so no, nnipa bi ahu Onyankopɔn. (Hebrifo 11:27) Wɔyɛɛ dɛn huu no? Yebetumi ahu “Onyankopɔn a wonhu no” no ma ayɛ yiye?Kolosefo 1:15.

Hu a yenhu Onyankopɔn no, ɛte sɛ obi a wɔwoo no onifuraefo. N’ani a afura no kyerɛ sɛ onnim nea ɛrekɔ so wɔ wiase anaa? Ɛnyɛ saa na ɛte. Anifuraefo wɔ akwan a wɔfa so hu nnipa ne nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Onifuraefo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn ani na yɛde hu ade, ɛyɛ adwene no.”

Yɛn nso saa ara, yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn, nanso yebetumi de yɛn “koma ani” ahu no. (Efesofo 1:18) Ma yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so ahu no.

“ADA ADI PEFEE FI WIASE BƆ SO”

Sɛ obi ani fura a, n’aso, ne nsa ne n’akwaa foforo yɛ adwuma yiye paa. Ɛno na ɛboa no ma ohu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Yɛn nso, yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn, nanso yɛhwɛ nneɛma a wabɔ a, ɛma yehu no. “Ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”Romafo 1:20.

Ma yɛmfa asase a yɛte so yi nyɛ nhwɛso. Onyankopɔn ammɔ asase yi sɛ yɛntena so kɛkɛ, na mmom ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ so. Sɛ mframa pa bi fa wo ho, anaa awɔw wom na wunya owia bi to a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Wunya aduaba dɛdɛ bi di, anaa wote nnomaa su dɛdɛɛdɛ nso a, w’ani nnye? Ne nyinaa yɛ akyɛde a efi yɛn Bɔfo no hɔ, na ɛma yehu sɛ odwen yɛn ho na ne yam ye.

Wohwɛ nneɛma a ɛwɔ wim te sɛ owia ne nsoromma a, dɛn na wuhu fa Onyankopɔn ho? Ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Nnansa yi, nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu bi, na ɛkyerɛ sɛ, nsoromma akuwakuw a ɛwɔ soro no, akwan a ɛdeda ntam no reyɛ kɛse, na ɛreyɛ saa ntɛmntɛm. Sɛ ade sa na wohwɛ soro a, bisa wo ho sɛ: Tumi bɛn na ama nsoromma akuwakuw no mu rebae ntɛmntɛm saa? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ ‘ahoɔden dodow.’ (Yesaia 40:26) Nneɛma a Onyankopɔn abɔ a yɛde yɛn ani hu nso ma yehu sɛ ɔyɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ,” nea ne “tumi korɔn.”Hiob 37:23.

‘NEA WAKYERƐ SƐNEA AGYA NO TE’

Ɔbaatan bi a ɔwɔ mma mmienu a wɔn ani nhu ade kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wohu biribi a, ade baako a ehia paa ne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. Biribiara a wubehu anaa wobɛte no, ka kyerɛ wɔn. Mmrɛ, efisɛ w’ani yɛ wɔn ani.” Saa ara na ɛte wɔ yɛn fam. “Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn,” nanso Onyankopɔn Ba Yesu a ‘ɔda Agya no kokom no akyerɛ sɛnea Agya no te.’ (Yohane 1:18) Onyankopɔn abɔde nyinaa, Yesu na odi kan, na ɔno nso ne ne Ba a ɔwoo no koro. Enti Yesu abɛyɛ yɛn “ani” a yɛde hu ɔsoro. Onyankopɔn a aniwa nhu no no, yɛpɛ sɛ yehu biribi fa ne ho a, Yesu ne obi a obetumi aboa yɛn.

Yesu ne Onyankopɔn tenaa mfe huhaa. Ɔkaa nsɛm pii faa n’Agya ho. Ma yɛnhwɛ emu kakraa bi:

  • Onyankopɔn yɛ adwuma paa. “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ.”Yohane 5:17.

  • Onyankopɔn nim nea ehia yɛn. “Mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo koraa ansa na moabisa no.”Mateo 6:8.

  •  Ɔdom yɛn ma yɛn nea yehia. “Mo Agya a ɔwɔ soro no . . . [ma] n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.”Mateo 5:45.

  • Yɛn mu biara som bo ma Onyankopɔn. “Wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso emu biako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee. Na mo ti so nhwi koraa wakan. Enti munnsuro: Mosom bo sen nkasanoma bebree.”Mateo 10:29-31.

ONIPA A NA NE SUBAN TE SƐ ONYANKOPƆN A WONHU NO NO

Ɛsono sɛnea onifuraefo te nneɛma bi ase, ɛnna ɛsono sɛnea wɔn a wohu ade nso te ase. Obi a ohu ade no, woka onwini a, nea ɛba ne tirim ne baabi a owia nni. Nanso onifuraefo de, woka onwini a, ebia ɔbɛte ase sɛ baabi a ɛhɔ dwo. Onifuraefo nnim sum nnim hann. Saa na yɛn nso yɛte. Yɛn ankasa rentumi nhu sɛnea Yehowa te. Enti Yehowa somaa onipa bi baa asase so sɛnea ɛbɛma yɛahu no yiye. Suban a Yehowa wɔ no, ɛno ara bi na na saa nipa no nso kura.

Saa onipa no ne Yesu. (Filipifo 2:7) Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kaa n’Agya ho asɛm, na mmom ɔde ne suban maa nnipa huu sɛnea Onyankopɔn te ankasa. Yesu suani Filipo bisaa no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no.” Yesu buae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:8, 9) Wohwɛ Yesu suban a, dɛn na wubetumi “ahu” afa Agya no ho?

Ná Yesu pɛ nnipa, ɔbrɛ ne ho ase, na obiara tumi bɛn no. (Mateo 11:28-30) Ne suban pa nti, na nnipa pii ka kɔ ne ho. Ná Yesu ne wɔn a wɔresu su, na wɔn a wɔn ani agye nso, na ɔne wɔn ani gye. (Luka 10:17, 21; Yohane 11:32-35) Sɛ worekenkan Yesu ho asɛm wɔ Bible mu anaa woretie ne ho asɛm a, fa no sɛ wowɔ hɔ bi. Wudwinnwen sɛnea Yesu ne nnipa dii ho a, ɛbɛma woahu Onyankopɔn su ahorow a ɛkyɛn so no, na ɛno bɛma wabɛn no.

KEKA NE NYINAA SI ANI

Nhomakyerɛwfo bi kaa ɔkwan a anifuraefo fa so hu nea ɛrekɔ so wɔ wiase. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Akwan a [anifuraefo] fa so hu nea ɛrekɔ so no gu ahorow. Ebi ne nea wɔte, nea wohua, ne nea ɛkeka ho. Wɔkeka ne nyinaa si ani a, ɛma wohu nneɛma ani so yiye.” Wo nso, wohwɛ nea Onyankopɔn abɔ, wokenkan nea Yesu ka faa n’Agya ho, na wususuw sɛnea Yesu daa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ no ho a, wubehu Yehowa yiye na ɛbɛma woabɛn no.

Hiob a ɔtenaa ase tete no huu no saa. Bere bi, ɔkaa nsɛm bi a na ‘ɔnte ase.’ (Hiob 42:3) Nanso akyiri yi a odwinnwen Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa ho no, ɛma ɔkae sɛ: “Wo ho asɛm kɛkɛ na metee, na afei de m’aniwa ahu wo.”Hiob 42:5.

‘Sɛ wohwehwɛ Yehowa a, ɔbɛma woahu no’

Wo nso wubetumi ate nka saa. “Sɛ wohwehwɛ [Yehowa] a, ɔbɛma woahu no.” (1 Beresosɛm 28:9) Onyankopɔn a wonhu no no, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ama woahwehwɛ no na woahu no.