Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ENTI WO HO HIA ONYANKOPƆN?

Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So

Onyankopɔn Ani Wɔ Wo So

“[Onyankopɔn ani] tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu.”HIOB 34:21.

Ɔbaatan pa biara ani ku ne mma nketewa ho, titiriw bere a wosusua paa no

NEA ENTI A EBINOM NNYE NNI: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ara kyerɛ sɛ, asase a yɛte so yi, nsoromma akuwakuw a atwa ho ahyia bɛboro ɔpepepem 100. Sɛnea ɔsoro sõ bae trɛw nti, ɛma nnipa pii bisa sɛ, ‘Nnipa a yɛnsɛ hwee a yɛte asase ketekete so de, Onyankopɔn de yɛn reyɛ dɛn?’

NEA ONYANKOPƆN ASƐM KA: Onyankopɔn amfa Bible no amma yɛn kɛkɛ ankɔpɛ baabi antena. Mmom, wama yɛn awerɛhyem sɛ: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”Dwom 32:8.

Susuw Hagar ho hwɛ. Ɔyɛ Egyptni bea a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 1,900 ansa na Yesu reba. Ná ɔte Sarai nkyɛn. Bere bi, Hagar yɛɛ aniammɔho. Enti Sarai teetee no, na oguan kɔɔ sare so. Mfomso a Hagar dii nti, na ne ho nhia Onyankopɔn bio anaa? Bible ka sɛ: “Yehowa bɔfo huu no.” Ɔbɔfo no kaa Hagar koma too ne yam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa ate w’amanehunu.” Ɛno maa Hagar ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wuhu ade.”Genesis 16:4-13.

‘Onyankopɔn a ohu ade no,’ wo nso, n’ani wɔ wo so. Ɛho mfatoho bi ni: Ɔbaatan pa biara ani ku ne mma nketewa ho, titiriw bere a wosusua paa no. Onyankopɔn nso, wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ paa no, wɔn koraa na n’ani ku wɔn ho kɛse. Yehowa ka sɛ: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron; me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte, sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.”Yesaia 57:15.

Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Onyankopɔn ani wɔ me so a, dɛn pɔtee na ɔhwɛ wɔ me ho? Ɔhwɛ me tenten anaa me kɛse? Anaasɛ ɔhwehwɛ me komam hu sɛnea mete ankasa?’